Check out the new design

የቅዱስ ቁርዓን ይዘት ትርጉም - የአካንኛ ትርጉም - የአሻንቲኛ - ሀሩን ኢስማዒል * - የትርጉሞች ማዉጫ

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

የይዘት ትርጉም ምዕራፍ: ጣሃ   አንቀጽ:
فَتَعَٰلَى ٱللَّهُ ٱلۡمَلِكُ ٱلۡحَقُّۗ وَلَا تَعۡجَلۡ بِٱلۡقُرۡءَانِ مِن قَبۡلِ أَن يُقۡضَىٰٓ إِلَيۡكَ وَحۡيُهُۥۖ وَقُل رَّبِّ زِدۡنِي عِلۡمٗا
Enti Nea Ͻyε Okokroko kyεn adeε nyinaa ara no Ɔne Nyankopͻn, Ɔhene Nokwafoͻ ne no. (Nkͻmhyεni), ansa na Qur’aan a yεresiane ama woͻ no bεhyε mma no, enni kan mmpere ho, na kasε: “Me Wura Nyankopͻn, fa nimdeε (no bi) ka me ho “.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَلَقَدۡ عَهِدۡنَآ إِلَىٰٓ ءَادَمَ مِن قَبۡلُ فَنَسِيَ وَلَمۡ نَجِدۡ لَهُۥ عَزۡمٗا
Ampa sε Yɛdii kan ne Adam yεε apam na ne werε frii, Yɛanhunu sε na εyε no anidaaho (na εmaa no yεε asoᴐden).
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَإِذۡ قُلۡنَا لِلۡمَلَٰٓئِكَةِ ٱسۡجُدُواْ لِأٓدَمَ فَسَجَدُوٓاْ إِلَّآ إِبۡلِيسَ أَبَىٰ
(Kae) εberε a Yεka kyεrεε Soro abͻfoͻ no sε: “Mommrε mo ho ase mfa mo anim mmutu fͻm mma Adam, wɔde wͻn anim butuu fͻm (maa Adam), gyesε Iblis, wannyε.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
فَقُلۡنَا يَٰٓـَٔادَمُ إِنَّ هَٰذَا عَدُوّٞ لَّكَ وَلِزَوۡجِكَ فَلَا يُخۡرِجَنَّكُمَا مِنَ ٱلۡجَنَّةِ فَتَشۡقَىٰٓ
Yεkaa sε : “Adam, woi yε ͻtamfo ma wo ne woyere, enti (monhwε yie na) wanntu mo amfri Turo no mu amma moanyε mmͻbͻ.”
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
إِنَّ لَكَ أَلَّا تَجُوعَ فِيهَا وَلَا تَعۡرَىٰ
Nokorε sε (Turo yi mu deε) εkͻm nne wo, na wonna adagya nso.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَأَنَّكَ لَا تَظۡمَؤُاْ فِيهَا وَلَا تَضۡحَىٰ
Sukͻm nne wo, na awia nso nnhye wo.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
فَوَسۡوَسَ إِلَيۡهِ ٱلشَّيۡطَٰنُ قَالَ يَٰٓـَٔادَمُ هَلۡ أَدُلُّكَ عَلَىٰ شَجَرَةِ ٱلۡخُلۡدِ وَمُلۡكٖ لَّا يَبۡلَىٰ
Nanso ͻbonsam bεdaadaa no, ͻkaa sε: “Adam menkyerε wo daa nkwa dua ne ahennie a εnsεe da no?”
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
فَأَكَلَا مِنۡهَا فَبَدَتۡ لَهُمَا سَوۡءَٰتُهُمَا وَطَفِقَا يَخۡصِفَانِ عَلَيۡهِمَا مِن وَرَقِ ٱلۡجَنَّةِۚ وَعَصَىٰٓ ءَادَمُ رَبَّهُۥ فَغَوَىٰ
Enti wͻn mmuienu dii (aduaba no) bi, na wͻn adagya daa adi, enti wͻfitii aseε de Turo no mu nhahan no bi kataa wͻn ho so. Adam yεε ne Wura Nyankopͻn (asεm ho) asoͻden, na ͻyerae.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
ثُمَّ ٱجۡتَبَٰهُ رَبُّهُۥ فَتَابَ عَلَيۡهِ وَهَدَىٰ
Afei ne Wura Nyankopͻn yii no (sε nkͻmhyεni), de ne bͻne kyεε no, kyerεε (no) kwan.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
قَالَ ٱهۡبِطَا مِنۡهَا جَمِيعَۢاۖ بَعۡضُكُمۡ لِبَعۡضٍ عَدُوّٞۖ فَإِمَّا يَأۡتِيَنَّكُم مِّنِّي هُدٗى فَمَنِ ٱتَّبَعَ هُدَايَ فَلَا يَضِلُّ وَلَا يَشۡقَىٰ
Nyankopͻn kaa sε: “Mo mmienu monsiane (nkͻ asaase so), moyε mo ho-mo ho atamfoͻ. Enti sε kwankyerε fri Me hͻ ba mo hͻ na obia ͻbɛdi Me kwankerε no akyire no, ͻnyera na ͻnyε mmͻbͻ nso.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَمَنۡ أَعۡرَضَ عَن ذِكۡرِي فَإِنَّ لَهُۥ مَعِيشَةٗ ضَنكٗا وَنَحۡشُرُهُۥ يَوۡمَ ٱلۡقِيَٰمَةِ أَعۡمَىٰ
Na obi a ͻbɛtwe ne ho afri M’afutusεm no ho no, obenya ahokyerɛ asetena, na Wusͻreε da no Yεbenyane no onifirani.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
قَالَ رَبِّ لِمَ حَشَرۡتَنِيٓ أَعۡمَىٰ وَقَدۡ كُنتُ بَصِيرٗا
Ɔbεka sε: “Me Wura Nyankopͻn adεn na Wanyane me onifirani wͻ aberε a na anka mehunu adeε?”
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
 
የይዘት ትርጉም ምዕራፍ: ጣሃ
የምዕራፎች ማውጫ የገፅ ቁጥር
 
የቅዱስ ቁርዓን ይዘት ትርጉም - የአካንኛ ትርጉም - የአሻንቲኛ - ሀሩን ኢስማዒል - የትርጉሞች ማዉጫ

ተርጓሚ ሸይኽ ሀሩን ኢስማዒል

መዝጋት