Check out the new design

የቅዱስ ቁርዓን ይዘት ትርጉም - የአካንኛ ትርጉም - የአሻንቲኛ - ሀሩን ኢስማዒል * - የትርጉሞች ማዉጫ

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

የይዘት ትርጉም ምዕራፍ: ጣሃ   አንቀጽ:
قَالُواْ يَٰمُوسَىٰٓ إِمَّآ أَن تُلۡقِيَ وَإِمَّآ أَن نَّكُونَ أَوَّلَ مَنۡ أَلۡقَىٰ
Wͻkaa sε: “Mose, wona (wobɛdi kan) atoͻ anaasε yεn na yɛni kan ntoͻ?”
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
قَالَ بَلۡ أَلۡقُواْۖ فَإِذَا حِبَالُهُمۡ وَعِصِيُّهُمۡ يُخَيَّلُ إِلَيۡهِ مِن سِحۡرِهِمۡ أَنَّهَا تَسۡعَىٰ
Mose kaa sε: “Daabi, (moni kan) nto. Na hwε (εberε a wͻtoeε no) wͻn ntafowa no maa wͻn nhoma ne wͻn mmaa no daa adi maa no yεε sεdeε εrekͻ ntεntεm no.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
فَأَوۡجَسَ فِي نَفۡسِهِۦ خِيفَةٗ مُّوسَىٰ
Enti Mose nyaa hu bͻ bi wͻ ne mu.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
قُلۡنَا لَا تَخَفۡ إِنَّكَ أَنتَ ٱلۡأَعۡلَىٰ
Yεkaa sε: “Ensuro, nokorε sε wo na wadi nkonim anaasε wo na wo wͻ soͻ”.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَأَلۡقِ مَا فِي يَمِينِكَ تَلۡقَفۡ مَا صَنَعُوٓاْۖ إِنَّمَا صَنَعُواْ كَيۡدُ سَٰحِرٖۖ وَلَا يُفۡلِحُ ٱلسَّاحِرُ حَيۡثُ أَتَىٰ
Fa deε εwͻ wonsa nifa mu no to fͻm na εbεmemene deε wͻn ayε no. Deε wͻn ayε no yε ntafowayifoͻ naadaa akwan. Babiara a ntafowayini bi befri aba biara no onni nkonim.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
فَأُلۡقِيَ ٱلسَّحَرَةُ سُجَّدٗا قَالُوٓاْ ءَامَنَّا بِرَبِّ هَٰرُونَ وَمُوسَىٰ
Enti ntafowayifoͻ no de wͻn ho kͻͻ fͻm de wͻn anim butuu fͻm kaa sε. “Yɛagye Aaron ne Mose Wura Nyankopͻn no adi “.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
قَالَ ءَامَنتُمۡ لَهُۥ قَبۡلَ أَنۡ ءَاذَنَ لَكُمۡۖ إِنَّهُۥ لَكَبِيرُكُمُ ٱلَّذِي عَلَّمَكُمُ ٱلسِّحۡرَۖ فَلَأُقَطِّعَنَّ أَيۡدِيَكُمۡ وَأَرۡجُلَكُم مِّنۡ خِلَٰفٖ وَلَأُصَلِّبَنَّكُمۡ فِي جُذُوعِ ٱلنَّخۡلِ وَلَتَعۡلَمُنَّ أَيُّنَآ أَشَدُّ عَذَابٗا وَأَبۡقَىٰ
Farao kaa sε: “Moagye no adi wͻ aberε a me mmaa mo kwan? Nokorε sε, ͻne mo panin a ͻkyerεε mo ntafowa yie. Enti mɛtwitwa mo nsa ne mo nan abͻ no abira na mabͻ mo asennua mu wͻ akyeresua dua ho, ama moahu nokorε sε, yεn mu nea ͻwͻ asotwee a, ano yε den, na εkyε“.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
قَالُواْ لَن نُّؤۡثِرَكَ عَلَىٰ مَا جَآءَنَا مِنَ ٱلۡبَيِّنَٰتِ وَٱلَّذِي فَطَرَنَاۖ فَٱقۡضِ مَآ أَنتَ قَاضٍۖ إِنَّمَا تَقۡضِي هَٰذِهِ ٱلۡحَيَوٰةَ ٱلدُّنۡيَآ
Wͻkaa sε: “Yɛntumi nnyi wo (Farao) na yɛnnyae nsεnkyerεnee pefee a aba yεn hͻ, ne (Nyankopͻn) no a Ɔbͻͻ yεn no, enti atemmuo (biara) a wowͻ bu (tia yεn no) bu (tia yεn). Wiase asetena yi mu atemmuo na wobɛtumi abuo”.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
إِنَّآ ءَامَنَّا بِرَبِّنَا لِيَغۡفِرَ لَنَا خَطَٰيَٰنَا وَمَآ أَكۡرَهۡتَنَا عَلَيۡهِ مِنَ ٱلسِّحۡرِۗ وَٱللَّهُ خَيۡرٞ وَأَبۡقَىٰٓ
Nokorε sε, yɛagye yɛ Wura Nyankopͻn no adi sεdeε Ɔde yεn mfomsoͻ bεkyε yεn, ne ntafowa yie a wohyεε yεn wͻ ho no. Nyankopͻn na ͻyε (kyεn wo Farao wͻ akatua pa mu) na (N’asotwee nso na) εwͻ hͻ daa”.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
إِنَّهُۥ مَن يَأۡتِ رَبَّهُۥ مُجۡرِمٗا فَإِنَّ لَهُۥ جَهَنَّمَ لَا يَمُوتُ فِيهَا وَلَا يَحۡيَىٰ
Nokorε sε, obia ͻbεba ne Wura Nyankopͻn hͻ na ͻyε bͻneεni no, nokorε sε Amane hunu gya no wͻ hͻ ma no. Onnwu wᴐ egya no mu, na onya nkwa nso.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَمَن يَأۡتِهِۦ مُؤۡمِنٗا قَدۡ عَمِلَ ٱلصَّٰلِحَٰتِ فَأُوْلَٰٓئِكَ لَهُمُ ٱلدَّرَجَٰتُ ٱلۡعُلَىٰ
Na obia ͻde gyedie bεba Ne hͻ na wadi dwumapa no, saa nkorͻfoͻ no na gyinaberε a εkorͻn no wͻ wͻn.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
جَنَّٰتُ عَدۡنٖ تَجۡرِي مِن تَحۡتِهَا ٱلۡأَنۡهَٰرُ خَٰلِدِينَ فِيهَاۚ وَذَٰلِكَ جَزَآءُ مَن تَزَكَّىٰ
Aheman a εwͻ hͻ daa a nsubͻnten nenam aseε no, emu na wͻbεtena afe bͻͻ. Ɛno ne wͻn a wͻyεε kronkron no akatua.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
 
የይዘት ትርጉም ምዕራፍ: ጣሃ
የምዕራፎች ማውጫ የገፅ ቁጥር
 
የቅዱስ ቁርዓን ይዘት ትርጉም - የአካንኛ ትርጉም - የአሻንቲኛ - ሀሩን ኢስማዒል - የትርጉሞች ማዉጫ

ተርጓሚ ሸይኽ ሀሩን ኢስማዒል

መዝጋት