የቅዱስ ቁርዓን ይዘት ትርጉም - አሻንቲኛ ትርጉም * - የትርጉሞች ማዉጫ

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

የይዘት ትርጉም ምዕራፍ: ሱረቱ አጥ ጡር   አንቀጽ:

At-Tuur

وَٱلطُّورِ
Mede Bepͻ Tuur (a Mene Mose kasaa wͻ soͻ),
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَكِتَٰبٖ مَّسۡطُورٖ
Ne Nwoma a yatwerε-
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
فِي رَقّٖ مَّنشُورٖ
Wͻ nwoma a yatrε mu soͻ,
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَٱلۡبَيۡتِ ٱلۡمَعۡمُورِ
Ne Efie no a ( Soro abͻfoͻ) twa ho hyia,
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَٱلسَّقۡفِ ٱلۡمَرۡفُوعِ
Ne (ͻsoro) nkurusoͻ a yapagya,
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَٱلۡبَحۡرِ ٱلۡمَسۡجُورِ
Ne ͻpo a nsuo ayiri ayε mma (anaasε ͻpo a egya bεtͻ mu wͻ Atemmuda) no di nse sε:
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
إِنَّ عَذَابَ رَبِّكَ لَوَٰقِعٞ
“Nokorε, wo Wura Nyankopͻn asotwee no besi ampa.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
مَّا لَهُۥ مِن دَافِعٖ
Na enni obia obetumi asi ano kwan.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
يَوۡمَ تَمُورُ ٱلسَّمَآءُ مَوۡرٗا
Ɛda a ͻsoro bεwoso nwosoeε paa no,
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَتَسِيرُ ٱلۡجِبَالُ سَيۡرٗا
Na mmepͻ betutu afri hͻ tutu paa no,
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
فَوَيۡلٞ يَوۡمَئِذٖ لِّلۡمُكَذِّبِينَ
Saa Da no due nka wͻn a wͻfaa nokorε no atorᴐsԑm no,
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
ٱلَّذِينَ هُمۡ فِي خَوۡضٖ يَلۡعَبُونَ
Wͻn a wͻde ahuhudeε na εgye wͻn ani no.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
يَوۡمَ يُدَعُّونَ إِلَىٰ نَارِ جَهَنَّمَ دَعًّا
Ɛda no a yεbepia wͻn wͻ ͻhyε so akͻ Amanehunu gya no mu no,
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
هَٰذِهِ ٱلنَّارُ ٱلَّتِي كُنتُم بِهَا تُكَذِّبُونَ
(Yεbεka akyerε wͻn sε): “Ogya no a na moka sε εyε nkontompo no nie.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
أَفَسِحۡرٌ هَٰذَآ أَمۡ أَنتُمۡ لَا تُبۡصِرُونَ
Woi yε nkonyaa anaa naadaasεm, anaasε monhunu?”
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
ٱصۡلَوۡهَا فَٱصۡبِرُوٓاْ أَوۡ لَا تَصۡبِرُواْ سَوَآءٌ عَلَيۡكُمۡۖ إِنَّمَا تُجۡزَوۡنَ مَا كُنتُمۡ تَعۡمَلُونَ
Monhye wͻ mu; sε mosi aboterε o, sε monsi aboterε o, εyε asεm korͻ mamo. Dwuma a modiiε no ara ho akatua na yεde tua moka.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
إِنَّ ٱلۡمُتَّقِينَ فِي جَنَّٰتٖ وَنَعِيمٖ
Nokorε sε Nyamesurofoͻ no benya Aheman ne anigyeε.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
فَٰكِهِينَ بِمَآ ءَاتَىٰهُمۡ رَبُّهُمۡ وَوَقَىٰهُمۡ رَبُّهُمۡ عَذَابَ ٱلۡجَحِيمِ
Wͻbεgye wͻn ani wͻ deε wͻn Wura Nyankopͻn de ama wͻn no ho; (efrisε) wͻn Wura ayi wͻn afri Amane hunu gya asotwee no mu.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
كُلُواْ وَٱشۡرَبُواْ هَنِيٓـَٔۢا بِمَا كُنتُمۡ تَعۡمَلُونَ
“Monfa anigyeε nnidi na monom wͻ dwuma (pa) a modiiε no ho”.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
مُتَّكِـِٔينَ عَلَىٰ سُرُرٖ مَّصۡفُوفَةٖۖ وَزَوَّجۡنَٰهُم بِحُورٍ عِينٖ
Wͻbεgyegye adamu wᴐ ahennwa a yahyehyε no santen so; na yεde ‘Huur’ (ͻsoro aheman mu mmaa no a) wͻn ani mma akεse-akεse fεfεεfε bεka wͻn ho.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ وَٱتَّبَعَتۡهُمۡ ذُرِّيَّتُهُم بِإِيمَٰنٍ أَلۡحَقۡنَا بِهِمۡ ذُرِّيَّتَهُمۡ وَمَآ أَلَتۡنَٰهُم مِّنۡ عَمَلِهِم مِّن شَيۡءٖۚ كُلُّ ٱمۡرِيِٕۭ بِمَا كَسَبَ رَهِينٞ
Wͻn a wagye adie na wͻn mma dii wͻn akyi wͻ gyidie mu no, Yεde wͻn mma no bεka wͻn ho; na Yεnte hwee mfri wͻn dwumadie akatua no so. Yεde onipa biara kraa asi awowa ama dwuma a nensa diiε.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَأَمۡدَدۡنَٰهُم بِفَٰكِهَةٖ وَلَحۡمٖ مِّمَّا يَشۡتَهُونَ
Yεbεma nnuaba ne εnam, emu deε εyε wͻn akͻnnͻ biara abu wͻn so.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
يَتَنَٰزَعُونَ فِيهَا كَأۡسٗا لَّا لَغۡوٞ فِيهَا وَلَا تَأۡثِيمٞ
Nkuruwa (a nsa pa) a εmma ahuhusεm anaa εmfa bͻne mma befri woi hͻ akͻ woi hͻ.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
۞ وَيَطُوفُ عَلَيۡهِمۡ غِلۡمَانٞ لَّهُمۡ كَأَنَّهُمۡ لُؤۡلُؤٞ مَّكۡنُونٞ
Mmeranteε asomfoͻ a wͻ’yε wͻn dea, wͻ’te sε nhwene pa a yεde asie, betwa wͻn ho ahyia (asom wͻn).
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَأَقۡبَلَ بَعۡضُهُمۡ عَلَىٰ بَعۡضٖ يَتَسَآءَلُونَ
Wͻbεdane wͻn ho de wͻn anim ahwε wͻn ho anim abisa.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
قَالُوٓاْ إِنَّا كُنَّا قَبۡلُ فِيٓ أَهۡلِنَا مُشۡفِقِينَ
Wͻbεka sε: “Kane a na yεwͻ y’abusuafoͻ mu no (nyinaa) na yesuro (Nyankopͻn abufuo ne N’asotwee no).
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
فَمَنَّ ٱللَّهُ عَلَيۡنَا وَوَقَىٰنَا عَذَابَ ٱلسَّمُومِ
Enti Nyankopͻn adom yεn, εna Wayi yεn afri (Amanehunu gya) mframa hyehyeε no mu.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
إِنَّا كُنَّا مِن قَبۡلُ نَدۡعُوهُۖ إِنَّهُۥ هُوَ ٱلۡبَرُّ ٱلرَّحِيمُ
Nokorε sε, kanee no yesu frεε no. Nokorε sε Ͻyε Otumfoͻ a Ɔwͻ ayεmyε, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene no.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
فَذَكِّرۡ فَمَآ أَنتَ بِنِعۡمَتِ رَبِّكَ بِكَاهِنٖ وَلَا مَجۡنُونٍ
Enti (Nkͻmhyεni), wodeε tu (amanfoͻ no) fo; na wo Wura Nyankopͻn adom ho nti no wonnyε pε-adeε-hununi anaa ͻbͻdamfoͻ.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
أَمۡ يَقُولُونَ شَاعِرٞ نَّتَرَبَّصُ بِهِۦ رَيۡبَ ٱلۡمَنُونِ
Anaasε wͻ’ka sε (Nkͻmhyεni) yε ͻdwomtoni, enti montwεn no wͻ mmusuo berε bi mu?
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
قُلۡ تَرَبَّصُواْ فَإِنِّي مَعَكُم مِّنَ ٱلۡمُتَرَبِّصِينَ
(Nkͻmhyεni), ka sε: “Montwεn, na menso meka mo ne wͻn a wͻretwεn no ho“.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
أَمۡ تَأۡمُرُهُمۡ أَحۡلَٰمُهُم بِهَٰذَآۚ أَمۡ هُمۡ قَوۡمٞ طَاغُونَ
Anaasε wͻn adwen na εhyε wͻn saa, anaasε wͻyε nnipa a wͻ’te atua?
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
أَمۡ يَقُولُونَ تَقَوَّلَهُۥۚ بَل لَّا يُؤۡمِنُونَ
Anaasε wͻ’ka sε, (Nkͻmhyεni) no ara na abͻ netrim (atwerε Qur’aan no)? Daabi, gye na wͻnnye nnie.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
فَلۡيَأۡتُواْ بِحَدِيثٖ مِّثۡلِهِۦٓ إِن كَانُواْ صَٰدِقِينَ
Ɛneε wͻn mfa asεm bi a εte saa mmra sε wͻyε nokwafoͻ ampa a.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
أَمۡ خُلِقُواْ مِنۡ غَيۡرِ شَيۡءٍ أَمۡ هُمُ ٱلۡخَٰلِقُونَ
Anaasε εnyε biribi mu na yεbͻͻ wͻn fire? Anaasε wͻn ara ne Ɔbͻͻ adeε no?
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
أَمۡ خَلَقُواْ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضَۚ بَل لَّا يُوقِنُونَ
Anaasε wͻn na wͻ’bͻͻ soro ne asaase? Daabi, gye na wͻ’nnye nnie.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
أَمۡ عِندَهُمۡ خَزَآئِنُ رَبِّكَ أَمۡ هُمُ ٱلۡمُصَۜيۡطِرُونَ
Anaasε wo Wura Nyankopͻn akoradeε no wͻ wͻn hͻ? Anaasε wͻn wͻ so tumi?
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
أَمۡ لَهُمۡ سُلَّمٞ يَسۡتَمِعُونَ فِيهِۖ فَلۡيَأۡتِ مُسۡتَمِعُهُم بِسُلۡطَٰنٖ مُّبِينٍ
Anaasε wͻn wͻ atwedeε (a wͻde foro kͻ soro) kotie (Soro abͻfoͻ no, ne deε εrekͻso wͻhͻ)? Ɛneε wͻn atiefoͻ no mfa wͻn nyinasoͻ pefee mmra.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
أَمۡ لَهُ ٱلۡبَنَٰتُ وَلَكُمُ ٱلۡبَنُونَ
Anaasε (Nyankopͻn) wͻ mma mmaa εna monso mowͻ mma mmarima?
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
أَمۡ تَسۡـَٔلُهُمۡ أَجۡرٗا فَهُم مِّن مَّغۡرَمٖ مُّثۡقَلُونَ
Anaasε (Nkͻmhyεni) wobisa wͻn akatua εna εka no mu ayε duduudu ama wͻn?
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
أَمۡ عِندَهُمُ ٱلۡغَيۡبُ فَهُمۡ يَكۡتُبُونَ
Anaasε Asumade (anaasε) Ahuntasεm no wͻ wͻn hͻ na wͻ’twerε to hͻ?
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
أَمۡ يُرِيدُونَ كَيۡدٗاۖ فَٱلَّذِينَ كَفَرُواْ هُمُ ٱلۡمَكِيدُونَ
Anaasε wͻ’pε sε wͻbͻ pͻ (bͻne) bi (tia Nkͻmhyεni)? Ɛneε wͻn a wͻ’nnye nnie no ara na wͻbεtͻ fidie no mu.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
أَمۡ لَهُمۡ إِلَٰهٌ غَيۡرُ ٱللَّهِۚ سُبۡحَٰنَ ٱللَّهِ عَمَّا يُشۡرِكُونَ
Anaasε wͻn wͻ awurade foforͻ bi ka Nyankopͻn ho? Kronkron Hene ne Nyankopͻn, Ɔkorͻn kyεn deε wͻde bata Neho no.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَإِن يَرَوۡاْ كِسۡفٗا مِّنَ ٱلسَّمَآءِ سَاقِطٗا يَقُولُواْ سَحَابٞ مَّرۡكُومٞ
Sε wͻrehunu ͻsoro no fa bi sε εrete ahweε a, anka wͻ’bεka sε: “Mununkum a ano aboa’’.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
فَذَرۡهُمۡ حَتَّىٰ يُلَٰقُواْ يَوۡمَهُمُ ٱلَّذِي فِيهِ يُصۡعَقُونَ
Enti (Nkͻmhyεni), wodeε gyae wͻn kosi sε wͻbehyia wͻn Da no a (ehu ne suro) bεma wͻn atwitwa ahwe ama adeε atͻ wͻn soͻ no.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
يَوۡمَ لَا يُغۡنِي عَنۡهُمۡ كَيۡدُهُمۡ شَيۡـٔٗا وَلَا هُمۡ يُنصَرُونَ
Ɛda no a wͻn pͻ a wͻbͻeε no ho mma mfasoͻ biara mma wͻn, na obiara mmoa wͻn no.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَإِنَّ لِلَّذِينَ ظَلَمُواْ عَذَابٗا دُونَ ذَٰلِكَ وَلَٰكِنَّ أَكۡثَرَهُمۡ لَا يَعۡلَمُونَ
Nokorε sε wͻn a wͻdi bͻne no san wͻ asotwee foforͻ (wͻ wiase ha); nanso nnipa pii nnim.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَٱصۡبِرۡ لِحُكۡمِ رَبِّكَ فَإِنَّكَ بِأَعۡيُنِنَاۖ وَسَبِّحۡ بِحَمۡدِ رَبِّكَ حِينَ تَقُومُ
Enti (Nkͻmhyεni), wodeε si aboterε fama wo Wura Nyankopͻn atemmuo no, na nokorε sε wo wͻ Y’ani so (anaasε Yehu wo anaa Yεbͻ woho ban); na bͻ wo Wura Nyankopͻn abodin wͻ εberε a wobεsͻre (afri nna mu),
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَمِنَ ٱلَّيۡلِ فَسَبِّحۡهُ وَإِدۡبَٰرَ ٱلنُّجُومِ
Na fa anadwo no mu bi nso bͻ no abodin, na εberε a nsoromma bεkͻ akͻtͻ no nso (bͻ no abodin).
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
 
የይዘት ትርጉም ምዕራፍ: ሱረቱ አጥ ጡር
የምዕራፎች ማውጫ የገፅ ቁጥር
 
የቅዱስ ቁርዓን ይዘት ትርጉም - አሻንቲኛ ትርጉም - የትርጉሞች ማዉጫ

የተከበረው ቁርአን አሻንቲኛ መልዕክተ ትርጉም - በሸይኽ ሀሩን ኢስማዒል

መዝጋት