Check out the new design

Traduction des sens du Noble Coran - La traduction akan - asante - Hârûn Ismâ'îl * - Lexique des traductions

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

Traduction des sens Sourate: Al A'raf   Verset:
۞ قَالَ ٱلۡمَلَأُ ٱلَّذِينَ ٱسۡتَكۡبَرُواْ مِن قَوۡمِهِۦ لَنُخۡرِجَنَّكَ يَٰشُعَيۡبُ وَٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ مَعَكَ مِن قَرۡيَتِنَآ أَوۡ لَتَعُودُنَّ فِي مِلَّتِنَاۚ قَالَ أَوَلَوۡ كُنَّا كَٰرِهِينَ
Nhemfo (anaa mpanimfoͻ) ahomasoͻ foͻ a εwͻ ne nkorͻfoͻ no mu no kaa sε: “Sε εteε biara yɛbɛtu wo Shu’aibu ne wͻn a wɔagye adi aka wo ho no afiri ye’kuro yi mu, gyesε mosan ba yε’som yi mu bio. Shu’aib kaa sε: “Sε yεmpε mpo a?”
Les exégèses en arabe:
قَدِ ٱفۡتَرَيۡنَا عَلَى ٱللَّهِ كَذِبًا إِنۡ عُدۡنَا فِي مِلَّتِكُم بَعۡدَ إِذۡ نَجَّىٰنَا ٱللَّهُ مِنۡهَاۚ وَمَا يَكُونُ لَنَآ أَن نَّعُودَ فِيهَآ إِلَّآ أَن يَشَآءَ ٱللَّهُ رَبُّنَاۚ وَسِعَ رَبُّنَا كُلَّ شَيۡءٍ عِلۡمًاۚ عَلَى ٱللَّهِ تَوَكَّلۡنَاۚ رَبَّنَا ٱفۡتَحۡ بَيۡنَنَا وَبَيۡنَ قَوۡمِنَا بِٱلۡحَقِّ وَأَنتَ خَيۡرُ ٱلۡفَٰتِحِينَ
“Nokorε sε, sε yεsan ba mosom no mu wͻ akyire yi a Nyankopͻn agye yεn nkwa afiri mu yi a, εnneε na anka yɛabͻ yɛtirim atwa nkontompo ato Nyankopͻn so. Ɛnyε mma yεn sε yεbεsan akͻ mu bio, gyesε εyε yɛn Wura Nyankopͻn pε. Yɛn Wura Nyankopͻn nimdeε trε duru biribiara so. Onyankopͻn so na yεde yεn ho toͻ. Yɛn Wura Nyankopͻn, fa nokorε bu yεne yεn nkorͻfoͻ yi ntam atεn, na Wone Otemmufoɔ mu Otemmufoɔ pa no”.
Les exégèses en arabe:
وَقَالَ ٱلۡمَلَأُ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ مِن قَوۡمِهِۦ لَئِنِ ٱتَّبَعۡتُمۡ شُعَيۡبًا إِنَّكُمۡ إِذٗا لَّخَٰسِرُونَ
Ne nkorͻfoͻ no mu nhemfo (Kaafirfoͻ) boniayεfoͻ no kaa sε: “Sε modi Shu’aib akyi a nokorε sε na moabrε agu.
Les exégèses en arabe:
فَأَخَذَتۡهُمُ ٱلرَّجۡفَةُ فَأَصۡبَحُواْ فِي دَارِهِمۡ جَٰثِمِينَ
Enti asaase wosoͻ sͻͻ wͻn mu, na wͻyεε dinn wͻ wͻn afie mu.
Les exégèses en arabe:
ٱلَّذِينَ كَذَّبُواْ شُعَيۡبٗا كَأَن لَّمۡ يَغۡنَوۡاْ فِيهَاۚ ٱلَّذِينَ كَذَّبُواْ شُعَيۡبٗا كَانُواْ هُمُ ٱلۡخَٰسِرِينَ
Wͻn a wͻbuu Shu’aib nkontomponi no, wͻyεε sεdeε wͻntenaa (wͻn afie) mu da; wͻn a wͻbuu Shu’aib nkontomponi no wͻnom ne brεguofoͻ no.
Les exégèses en arabe:
فَتَوَلَّىٰ عَنۡهُمۡ وَقَالَ يَٰقَوۡمِ لَقَدۡ أَبۡلَغۡتُكُمۡ رِسَٰلَٰتِ رَبِّي وَنَصَحۡتُ لَكُمۡۖ فَكَيۡفَ ءَاسَىٰ عَلَىٰ قَوۡمٖ كَٰفِرِينَ
Enti Shuaib danee ne ho firii wͻn ho kaa sε: “Menkorͻfoͻ, ampa sε mebͻͻ me Wura Nyankopͻn Asεm no ho dawuro kyerεε mo, san tuu mo afutu pa. Na εbεyε dεn na madi amanfoͻ a wͻpo (Nyankopͻn asεm no) ho awerεhoͻ ?
Les exégèses en arabe:
وَمَآ أَرۡسَلۡنَا فِي قَرۡيَةٖ مِّن نَّبِيٍّ إِلَّآ أَخَذۡنَآ أَهۡلَهَا بِٱلۡبَأۡسَآءِ وَٱلضَّرَّآءِ لَعَلَّهُمۡ يَضَّرَّعُونَ
Kuro biara a Yεsomaa nkͻmhyεni bi kͻͻ soͻ (na wͻyεε asoͻden) no, Yεde mmusuo ne ͻhaw bi (tesε ohia ne yadeε) too wͻn so sεdeε wͻbεbrε wͻn ho aseε.
Les exégèses en arabe:
ثُمَّ بَدَّلۡنَا مَكَانَ ٱلسَّيِّئَةِ ٱلۡحَسَنَةَ حَتَّىٰ عَفَواْ وَّقَالُواْ قَدۡ مَسَّ ءَابَآءَنَا ٱلضَّرَّآءُ وَٱلسَّرَّآءُ فَأَخَذۡنَٰهُم بَغۡتَةٗ وَهُمۡ لَا يَشۡعُرُونَ
Afei na Yɛasesa bͻne no, de papa ahyε anan mu, kosi sε wͻbεdͻͻso anya nkͻsoͻ, na wͻn aka sε: “Ampa ͻhaw ne anigyeε too yɛn agyanom, (saa berε no) na Yɛasͻ wͻn mu mpofirem a wͻnnim ho hwee.
Les exégèses en arabe:
 
Traduction des sens Sourate: Al A'raf
Lexique des sourates Numéro de la page
 
Traduction des sens du Noble Coran - La traduction akan - asante - Hârûn Ismâ'îl - Lexique des traductions

Traduit par Cheikh Hârûn Ismâ'îl.

Fermeture