Check out the new design

Traduction des sens du Noble Coran - La traduction akan - asante - Hârûn Ismâ'îl * - Lexique des traductions

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

Traduction des sens Sourate: Al A'raf   Verset:
قَالُوٓاْ ءَامَنَّا بِرَبِّ ٱلۡعَٰلَمِينَ
WɔKaa sε: “Yɛagye Abͻdeε nyinaa Wura Nyankopͻn no adi,
Les exégèses en arabe:
رَبِّ مُوسَىٰ وَهَٰرُونَ
Mose ne Aaron Wura Nyankopͻn no.
Les exégèses en arabe:
قَالَ فِرۡعَوۡنُ ءَامَنتُم بِهِۦ قَبۡلَ أَنۡ ءَاذَنَ لَكُمۡۖ إِنَّ هَٰذَا لَمَكۡرٞ مَّكَرۡتُمُوهُ فِي ٱلۡمَدِينَةِ لِتُخۡرِجُواْ مِنۡهَآ أَهۡلَهَاۖ فَسَوۡفَ تَعۡلَمُونَ
Farao kaa sε: “Moagye no adi wͻ aberε a mennya mmaa mo ho kwan? Wei yε εpͻ a moabͻ no wͻ kuro yi ho sε, mobɛtu emu foͻ no. Mobɛhunu seesei ara.
Les exégèses en arabe:
لَأُقَطِّعَنَّ أَيۡدِيَكُمۡ وَأَرۡجُلَكُم مِّنۡ خِلَٰفٖ ثُمَّ لَأُصَلِّبَنَّكُمۡ أَجۡمَعِينَ
Sԑ ԑteԑ biara mɛtwitwa mo nsa ne mo nan abͻ no abira, na masan abͻ mo nyinaa asennua mu.”
Les exégèses en arabe:
قَالُوٓاْ إِنَّآ إِلَىٰ رَبِّنَا مُنقَلِبُونَ
(Farao nkonyaayifoͻ a wͻagye Mose adie no) kaa sε: “Nokorε sε, yɛ Wura Nyankopͻn hͻ na yεbεsan akͻ.
Les exégèses en arabe:
وَمَا تَنقِمُ مِنَّآ إِلَّآ أَنۡ ءَامَنَّا بِـَٔايَٰتِ رَبِّنَا لَمَّا جَآءَتۡنَاۚ رَبَّنَآ أَفۡرِغۡ عَلَيۡنَا صَبۡرٗا وَتَوَفَّنَا مُسۡلِمِينَ
Deε enti a wode bɔne retua yɛn ka ara ne sε, εberε a yɛ Wura Nyankopͻn nsεnkyerεnee baa yεn hͻ no yɛagye adi nti. “Yɛ Wura Nyankopͻn (yεsrε Wo sε), hwie aboterε gu yεn so na ma yεn nwu sε Muslimifoͻ”.
Les exégèses en arabe:
وَقَالَ ٱلۡمَلَأُ مِن قَوۡمِ فِرۡعَوۡنَ أَتَذَرُ مُوسَىٰ وَقَوۡمَهُۥ لِيُفۡسِدُواْ فِي ٱلۡأَرۡضِ وَيَذَرَكَ وَءَالِهَتَكَۚ قَالَ سَنُقَتِّلُ أَبۡنَآءَهُمۡ وَنَسۡتَحۡيِۦ نِسَآءَهُمۡ وَإِنَّا فَوۡقَهُمۡ قَٰهِرُونَ
Nhemfo a wͻn wͻ Farao nkorͻfoͻ no mu no kakyerεε Farao sε: “Wobɛgyae Mose ne ne nkorͻfoͻ ama wͻn ayε basabasa wͻ asaase yi so na wͻapa wo ne w’anyame akyi? (Farao) kaa sε: “Yεbɛkunkum wͻn mma mmarima na yɛama wͻn mmaa no atena ase; na nokorε sε yεn na yεwͻ wͻn so tumi“.
Les exégèses en arabe:
قَالَ مُوسَىٰ لِقَوۡمِهِ ٱسۡتَعِينُواْ بِٱللَّهِ وَٱصۡبِرُوٓاْۖ إِنَّ ٱلۡأَرۡضَ لِلَّهِ يُورِثُهَا مَن يَشَآءُ مِنۡ عِبَادِهِۦۖ وَٱلۡعَٰقِبَةُ لِلۡمُتَّقِينَ
Mose ka kyerεε ne nkorͻfoͻ no sε: “Monsrε Nyankopͻn hͻ mmoa, na monsi aboterε, efirisε, asaase no yε Nyankopͻn dea, na Nenkoa mu nea Ɔpε na Ɔde no di so adeε; na awieeε pa no deε εwͻ Nyame-surofoͻ no “.
Les exégèses en arabe:
قَالُوٓاْ أُوذِينَا مِن قَبۡلِ أَن تَأۡتِيَنَا وَمِنۢ بَعۡدِ مَا جِئۡتَنَاۚ قَالَ عَسَىٰ رَبُّكُمۡ أَن يُهۡلِكَ عَدُوَّكُمۡ وَيَسۡتَخۡلِفَكُمۡ فِي ٱلۡأَرۡضِ فَيَنظُرَ كَيۡفَ تَعۡمَلُونَ
Wͻkaa sε: “(Farao ne ne nkorͻfoͻ) atane y’ani ansa na woreba yεn hͻ, na akyire yi a wobaa yεn hͻ yi nso saa ara. (Mose) kaa sε: “Ebia mo Wura Nyankopͻn bεsεe motamfoͻ no na Wayε mo ananmusifoͻ wͻ asaase no so, na Wahwε sεdeε (monso) mobεyε”.
Les exégèses en arabe:
وَلَقَدۡ أَخَذۡنَآ ءَالَ فِرۡعَوۡنَ بِٱلسِّنِينَ وَنَقۡصٖ مِّنَ ٱلثَّمَرَٰتِ لَعَلَّهُمۡ يَذَّكَّرُونَ
Ampa sε, Yεde sukͻm anaa ͻpε, ne nnuaba sεeε twee Farao nkorͻfoͻ no aso sεdeε wͻde bɛtu wͻn ho foͻ.
Les exégèses en arabe:
 
Traduction des sens Sourate: Al A'raf
Lexique des sourates Numéro de la page
 
Traduction des sens du Noble Coran - La traduction akan - asante - Hârûn Ismâ'îl - Lexique des traductions

Traduit par Cheikh Hârûn Ismâ'îl.

Fermeture