Check out the new design

Traduction des sens du Noble Coran - La traduction akan - asante - Hârûn Ismâ'îl * - Lexique des traductions

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

Traduction des sens Sourate: At Tawbah   Verset:
وَعَلَى ٱلثَّلَٰثَةِ ٱلَّذِينَ خُلِّفُواْ حَتَّىٰٓ إِذَا ضَاقَتۡ عَلَيۡهِمُ ٱلۡأَرۡضُ بِمَا رَحُبَتۡ وَضَاقَتۡ عَلَيۡهِمۡ أَنفُسُهُمۡ وَظَنُّوٓاْ أَن لَّا مَلۡجَأَ مِنَ ٱللَّهِ إِلَّآ إِلَيۡهِ ثُمَّ تَابَ عَلَيۡهِمۡ لِيَتُوبُوٓاْۚ إِنَّ ٱللَّهَ هُوَ ٱلتَّوَّابُ ٱلرَّحِيمُ
(Nnipa) mmiεnsa no a wͻkaa akyire no a (wankͻ ͻkoo no bie) kͻpem sε, sεdeε asaase kεseε teε yi εka moaa wͻn, na wͻn ho kyeree wͻn, na wͻdwenee sε wͻntumi nnwane Nyankopͻn na mmom gyesε wͻkͻ Ne hͻ no, afei Ɔde wͻn bͻne kyεε wͻn sεdeε wͻbεsakra wͻn adwen. Nokorε sε, Onyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene no, Ɔne Ahummͻborͻ Hene no.
Les exégèses en arabe:
يَٰٓأَيُّهَا ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ ٱتَّقُواْ ٱللَّهَ وَكُونُواْ مَعَ ٱلصَّٰدِقِينَ
Mo a moagye adie, Monsuro Nyankopͻn na monka nokwafoͻ no ho.
Les exégèses en arabe:
مَا كَانَ لِأَهۡلِ ٱلۡمَدِينَةِ وَمَنۡ حَوۡلَهُم مِّنَ ٱلۡأَعۡرَابِ أَن يَتَخَلَّفُواْ عَن رَّسُولِ ٱللَّهِ وَلَا يَرۡغَبُواْ بِأَنفُسِهِمۡ عَن نَّفۡسِهِۦۚ ذَٰلِكَ بِأَنَّهُمۡ لَا يُصِيبُهُمۡ ظَمَأٞ وَلَا نَصَبٞ وَلَا مَخۡمَصَةٞ فِي سَبِيلِ ٱللَّهِ وَلَا يَطَـُٔونَ مَوۡطِئٗا يَغِيظُ ٱلۡكُفَّارَ وَلَا يَنَالُونَ مِنۡ عَدُوّٖ نَّيۡلًا إِلَّا كُتِبَ لَهُم بِهِۦ عَمَلٞ صَٰلِحٌۚ إِنَّ ٱللَّهَ لَا يُضِيعُ أَجۡرَ ٱلۡمُحۡسِنِينَ
Ɛnyε mma Madinafoͻ no ne Ԑserԑso Arabfoͻ no a wͻatwa wͻn ho ahyia no sε wͻte wͻn ho firi Nyankopͻn Somafoͻ no ho ka akyire, anaa wͻpε wͻn kraa (yie die) sen ne kraa. Efirisε sukͻm a εbεde wͻn, anaa ͻberε anaa εkͻm a εbεde wͻn wͻ Nyankopͻn kwan so, anaa anamͻn bi a wͻbɛtu a εbεhyε boniayεfoͻ no abufuo, anaa wͻbɛnya biribi afiri atamfoͻ no hͻ no, (Nyankopͻn) twerε dwuma pa (ho akatua) ma wͻn. Nokorε sε, Nyankopͻn mma apapafoͻ no akatua nyε kwa.
Les exégèses en arabe:
وَلَا يُنفِقُونَ نَفَقَةٗ صَغِيرَةٗ وَلَا كَبِيرَةٗ وَلَا يَقۡطَعُونَ وَادِيًا إِلَّا كُتِبَ لَهُمۡ لِيَجۡزِيَهُمُ ٱللَّهُ أَحۡسَنَ مَا كَانُواْ يَعۡمَلُونَ
Ade ketewaa bi, anaasε keseε biara a wͻbɛyie no, anaa ekuu biara a wͻbεtra no yεtwerε (papa) ma wͻn, sεdeε Nyankopͻn bɛtua wͻn dwumadi pa a wͻdiiε no so ka.
Les exégèses en arabe:
۞ وَمَا كَانَ ٱلۡمُؤۡمِنُونَ لِيَنفِرُواْ كَآفَّةٗۚ فَلَوۡلَا نَفَرَ مِن كُلِّ فِرۡقَةٖ مِّنۡهُمۡ طَآئِفَةٞ لِّيَتَفَقَّهُواْ فِي ٱلدِّينِ وَلِيُنذِرُواْ قَوۡمَهُمۡ إِذَا رَجَعُوٓاْ إِلَيۡهِمۡ لَعَلَّهُمۡ يَحۡذَرُونَ
Ԑnsεsε agyidiefoͻ no nyinaa bεpue prεko (akͻ Jihaad). Adεn na ebi mfiri wͻn mu fekuo biara mu, sεdeε (wͻn a wͻbεka akyire no) bɛnya (kwan asua adeε anya) ͻsom no ho nteaseε anaasε ͻsom no mu nkyerεkyerε na wͻabͻ wͻn nkorͻfoͻ no kͻkͻ aberε a wͻbεsan aba wͻn nkyεn, sεdeε wͻbεyε ahwεyie.
Les exégèses en arabe:
 
Traduction des sens Sourate: At Tawbah
Lexique des sourates Numéro de la page
 
Traduction des sens du Noble Coran - La traduction akan - asante - Hârûn Ismâ'îl - Lexique des traductions

Traduit par Cheikh Hârûn Ismâ'îl.

Fermeture