Check out the new design

Fassarar Ma'anonin Alqura'ni - Fassarar Akananci - Ashantiyanci - Haruna Isma'il * - Teburin Bayani kan wasu Fassarori

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

Fassarar Ma'anoni Sura: Al'bakara   Aya:
وَإِذۡ أَخَذۡنَا مِيثَٰقَكُمۡ لَا تَسۡفِكُونَ دِمَآءَكُمۡ وَلَا تُخۡرِجُونَ أَنفُسَكُم مِّن دِيَٰرِكُمۡ ثُمَّ أَقۡرَرۡتُمۡ وَأَنتُمۡ تَشۡهَدُونَ
Na monkae sε Yε’gyee Apam frii mohͻ sε: “Monhwε na moanhwie mo (ho moho) mogya anngu, na monhwε na moantu moho-moho anfri moafie mu”. Mofoaa so gyee (saa nsεm no) too mu aberε a na modi ho adanseε.
Tafsiran larabci:
ثُمَّ أَنتُمۡ هَٰٓؤُلَآءِ تَقۡتُلُونَ أَنفُسَكُمۡ وَتُخۡرِجُونَ فَرِيقٗا مِّنكُم مِّن دِيَٰرِهِمۡ تَظَٰهَرُونَ عَلَيۡهِم بِٱلۡإِثۡمِ وَٱلۡعُدۡوَٰنِ وَإِن يَأۡتُوكُمۡ أُسَٰرَىٰ تُفَٰدُوهُمۡ وَهُوَ مُحَرَّمٌ عَلَيۡكُمۡ إِخۡرَاجُهُمۡۚ أَفَتُؤۡمِنُونَ بِبَعۡضِ ٱلۡكِتَٰبِ وَتَكۡفُرُونَ بِبَعۡضٖۚ فَمَا جَزَآءُ مَن يَفۡعَلُ ذَٰلِكَ مِنكُمۡ إِلَّا خِزۡيٞ فِي ٱلۡحَيَوٰةِ ٱلدُّنۡيَاۖ وَيَوۡمَ ٱلۡقِيَٰمَةِ يُرَدُّونَ إِلَىٰٓ أَشَدِّ ٱلۡعَذَابِۗ وَمَا ٱللَّهُ بِغَٰفِلٍ عَمَّا تَعۡمَلُونَ
Afei mone amanfoͻ a morekunkum mo ho, na motu momu fekuo bi fri wͻn afie mu, (san) boa (wͻn atamfo) wͻ bͻne ne ͻtan so ma wͻ’ko tia wͻn. Nasε wͻ’bedi mohͻ sε nneduafoͻ a mogye wͻn mpata-deε, abrε a monni ho kwan sε anka motu wͻn. Anaasε mogye Nwoma no mu fa baabi di, εna monnye emu fa baabi nnie? Enti akatua bεn na εfata ma mo mu (nnipa a) wͻ’yε saa? (Deε εfata wͻn ne) wiase asetena yi mu animguaseε, na Owusͻreε da no Y’asan de wͻn akͻ asotwee a ano yε den paa no mu. Nyankopͻn deε Ommuu n’ani nguu dwuma a modie no (mu biara) so.
Tafsiran larabci:
أُوْلَٰٓئِكَ ٱلَّذِينَ ٱشۡتَرَوُاْ ٱلۡحَيَوٰةَ ٱلدُّنۡيَا بِٱلۡأٓخِرَةِۖ فَلَا يُخَفَّفُ عَنۡهُمُ ٱلۡعَذَابُ وَلَا هُمۡ يُنصَرُونَ
Saa nkorͻfoͻ no na w’atͻ wiase asetena yi de akͻsesa Daakye deε no no, na (saa Da no) yεnngo asotwee no mu mma wͻn koraa na yεmmoa wͻn nso.
Tafsiran larabci:
وَلَقَدۡ ءَاتَيۡنَا مُوسَى ٱلۡكِتَٰبَ وَقَفَّيۡنَا مِنۢ بَعۡدِهِۦ بِٱلرُّسُلِۖ وَءَاتَيۡنَا عِيسَى ٱبۡنَ مَرۡيَمَ ٱلۡبَيِّنَٰتِ وَأَيَّدۡنَٰهُ بِرُوحِ ٱلۡقُدُسِۗ أَفَكُلَّمَا جَآءَكُمۡ رَسُولُۢ بِمَا لَا تَهۡوَىٰٓ أَنفُسُكُمُ ٱسۡتَكۡبَرۡتُمۡ فَفَرِيقٗا كَذَّبۡتُمۡ وَفَرِيقٗا تَقۡتُلُونَ
Ampa sε, Yε’de Nwoma no maa Mose, na Yε’somaa asomafoͻ toa toaa so wͻ n’akyi. Mar’yam ba Yesu nso Yε’maa no nsεnkyerεnee pefee, εna Yε’de Honhom Kronkron hyεε no den. Na εberε biara a Ɔsomafoͻ bi de adeε a εnyε deε moakoma pε bεberε mo no, moyε ahomasoͻ; mobuu (asomafoͻ no bi) atorofoͻ, ebinom nso mokum wͻn.
Tafsiran larabci:
وَقَالُواْ قُلُوبُنَا غُلۡفُۢۚ بَل لَّعَنَهُمُ ٱللَّهُ بِكُفۡرِهِمۡ فَقَلِيلٗا مَّا يُؤۡمِنُونَ
Deε wͻ’ka nesε: “Yakata y’akoma ho (enti yenhia asεm foforͻ biara bio). ”Daabi, wͻn boniayε ho nti Nyankopͻn adome wͻn, enti (wͻn mu) kakraa bi (anaasε asεm no mu kakraa bi) na wͻ’gye die.
Tafsiran larabci:
 
Fassarar Ma'anoni Sura: Al'bakara
Teburin Jerin Sunayen Surori Lambar shafi
 
Fassarar Ma'anonin Alqura'ni - Fassarar Akananci - Ashantiyanci - Haruna Isma'il - Teburin Bayani kan wasu Fassarori

wanda Sheikh Harun Isma'il ya fassarasu.

Rufewa