Check out the new design

Fassarar Ma'anonin Alqura'ni - Fassarar Akananci - Ashantiyanci - Haruna Isma'il * - Teburin Bayani kan wasu Fassarori

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

Fassarar Ma'anoni Sura: Al'bakara   Aya:
وَإِذَا قِيلَ لَهُمُ ٱتَّبِعُواْ مَآ أَنزَلَ ٱللَّهُ قَالُواْ بَلۡ نَتَّبِعُ مَآ أَلۡفَيۡنَا عَلَيۡهِ ءَابَآءَنَآۚ أَوَلَوۡ كَانَ ءَابَآؤُهُمۡ لَا يَعۡقِلُونَ شَيۡـٔٗا وَلَا يَهۡتَدُونَ
Sε yεka kyerε wͻn sε: “Moni deε Nyankopͻn asiane aba no akyi a, deε wͻ’ka ne sε: “Daabi, yedi deε yε’bεtoo sε y’agyanom reyε no akyi”. Sε na wͻn agyanom nni hwee ho nteaseε, na sε wͻ’nyε ateneneefoͻ mpo a?
Tafsiran larabci:
وَمَثَلُ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ كَمَثَلِ ٱلَّذِي يَنۡعِقُ بِمَا لَا يَسۡمَعُ إِلَّا دُعَآءٗ وَنِدَآءٗۚ صُمُّۢ بُكۡمٌ عُمۡيٞ فَهُمۡ لَا يَعۡقِلُونَ
Wͻn a wͻ’po (nokorε) no mfatoho tesε obi a ͻretea mu frε adeε a εnte hwee, gyesε εnee ne nteamu (kεkε na ͻteε). Asosifoͻ, emum ne anifirafoͻ, enti wͻ’nni adwen.
Tafsiran larabci:
يَٰٓأَيُّهَا ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ كُلُواْ مِن طَيِّبَٰتِ مَا رَزَقۡنَٰكُمۡ وَٱشۡكُرُواْ لِلَّهِ إِن كُنتُمۡ إِيَّاهُ تَعۡبُدُونَ
Mo a moagye adie, monidi mfiri nnepa a yεde abͻ mo akͻnhoma no mu, na monfa aseda ma Nyankopͻn, sε Ɔno mmom na moresom no ampa a.
Tafsiran larabci:
إِنَّمَا حَرَّمَ عَلَيۡكُمُ ٱلۡمَيۡتَةَ وَٱلدَّمَ وَلَحۡمَ ٱلۡخِنزِيرِ وَمَآ أُهِلَّ بِهِۦ لِغَيۡرِ ٱللَّهِۖ فَمَنِ ٱضۡطُرَّ غَيۡرَ بَاغٖ وَلَا عَادٖ فَلَآ إِثۡمَ عَلَيۡهِۚ إِنَّ ٱللَّهَ غَفُورٞ رَّحِيمٌ
Adeε a yabra mo (ne die) ne aboa funu anaa aboa a wawu wͻ nemogyaa mu, εne mogya, ne prako-nam ne (aboa a) edin foforͻ bi a εnyε Nyankopͻn din mu na y’abͻ (de aku no). Na mmom obi a ahokyerε nti (εbεma no akͻwe nnam ahodoͻ a yabra yi bie) na εnyε anidaaho anaasε asoͻden no, bͻne biara nni no so. Nokorε sε, Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene.
Tafsiran larabci:
إِنَّ ٱلَّذِينَ يَكۡتُمُونَ مَآ أَنزَلَ ٱللَّهُ مِنَ ٱلۡكِتَٰبِ وَيَشۡتَرُونَ بِهِۦ ثَمَنٗا قَلِيلًا أُوْلَٰٓئِكَ مَا يَأۡكُلُونَ فِي بُطُونِهِمۡ إِلَّا ٱلنَّارَ وَلَا يُكَلِّمُهُمُ ٱللَّهُ يَوۡمَ ٱلۡقِيَٰمَةِ وَلَا يُزَكِّيهِمۡ وَلَهُمۡ عَذَابٌ أَلِيمٌ
Nokorε sε, wͻn a wͻ’de Adiyisεm a Nyankopͻn asiane no wͻ Nwoma no mu no sie, na sika kakra bi ho nti wͻ’tͻn no, deε saa nkorͻfoͻ no di gu wͻn yafunu mu yε ogya. Wusͻreε Da no Nyankopͻn nnkasa wͻn ho na Ɔnnte wͻn ho nso, na wͻ’benya asotwee a εyε ya paa.
Tafsiran larabci:
أُوْلَٰٓئِكَ ٱلَّذِينَ ٱشۡتَرَوُاْ ٱلضَّلَٰلَةَ بِٱلۡهُدَىٰ وَٱلۡعَذَابَ بِٱلۡمَغۡفِرَةِۚ فَمَآ أَصۡبَرَهُمۡ عَلَى ٱلنَّارِ
Saa nkorͻfoͻ no na wͻ’de tenenee no akͻtͻ ͻyera, εna wͻ’de (Nyankopͻn) bͻnefakyε akͻtͻ asotwee. Ei, Akokoͻduro (anaasε aboterε) a wͻ’benya no wͻ Amane hunu gya no mu.
Tafsiran larabci:
ذَٰلِكَ بِأَنَّ ٱللَّهَ نَزَّلَ ٱلۡكِتَٰبَ بِٱلۡحَقِّۗ وَإِنَّ ٱلَّذِينَ ٱخۡتَلَفُواْ فِي ٱلۡكِتَٰبِ لَفِي شِقَاقِۭ بَعِيدٖ
Ԑnesε, Nyankopͻn de nokorε na asiane Nwoma no, nanso nokorε sε, wͻn a wͻn adwen nnsi wͻn pi wͻ Nwoma no ho no ko tia paa kͻ akyirikyiri.
Tafsiran larabci:
 
Fassarar Ma'anoni Sura: Al'bakara
Teburin Jerin Sunayen Surori Lambar shafi
 
Fassarar Ma'anonin Alqura'ni - Fassarar Akananci - Ashantiyanci - Haruna Isma'il - Teburin Bayani kan wasu Fassarori

wanda Sheikh Harun Isma'il ya fassarasu.

Rufewa