Check out the new design

Fassarar Ma'anonin Alqura'ni - Fassarar Akananci - Ashantiyanci - Haruna Isma'il * - Teburin Bayani kan wasu Fassarori

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

Fassarar Ma'anoni Sura: Al'bakara   Aya:
۞ تِلۡكَ ٱلرُّسُلُ فَضَّلۡنَا بَعۡضَهُمۡ عَلَىٰ بَعۡضٖۘ مِّنۡهُم مَّن كَلَّمَ ٱللَّهُۖ وَرَفَعَ بَعۡضَهُمۡ دَرَجَٰتٖۚ وَءَاتَيۡنَا عِيسَى ٱبۡنَ مَرۡيَمَ ٱلۡبَيِّنَٰتِ وَأَيَّدۡنَٰهُ بِرُوحِ ٱلۡقُدُسِۗ وَلَوۡ شَآءَ ٱللَّهُ مَا ٱقۡتَتَلَ ٱلَّذِينَ مِنۢ بَعۡدِهِم مِّنۢ بَعۡدِ مَا جَآءَتۡهُمُ ٱلۡبَيِّنَٰتُ وَلَٰكِنِ ٱخۡتَلَفُواْ فَمِنۡهُم مَّنۡ ءَامَنَ وَمِنۡهُم مَّن كَفَرَۚ وَلَوۡ شَآءَ ٱللَّهُ مَا ٱقۡتَتَلُواْ وَلَٰكِنَّ ٱللَّهَ يَفۡعَلُ مَا يُرِيدُ
Saa Asomafoͻ no Yε’maa ebinom so kyεn bi. Wͻn mu bi wͻ hͻ a Nyankopͻn ne wͻn kasae, na Ɔpagyaa ebinom de wͻn gyinaa gyinaberε a εkorͻn so. Mar’yam ba Yesu nso Yε’maa no nyinasoͻ pefee san de Honhom Kronkron hyεε no den. Sε εyε Nyankopͻn pε a, anka wͻn a wͻ’baa (asomafoͻ) no akyi no annko wͻ berε a nkyerεkyerεmu pefee baa wͻn hͻ no, nanso wͻ’ante wͻn ho ase, enti ebinom gye dii, na ebinom nso poo (nokorε no). Sε Nyankopͻn pε a, anka wͻn annko, na mmom Nyankopͻn deε Ɔyε deε Ɔpε.
Tafsiran larabci:
يَٰٓأَيُّهَا ٱلَّذِينَ ءَامَنُوٓاْ أَنفِقُواْ مِمَّا رَزَقۡنَٰكُم مِّن قَبۡلِ أَن يَأۡتِيَ يَوۡمٞ لَّا بَيۡعٞ فِيهِ وَلَا خُلَّةٞ وَلَا شَفَٰعَةٞۗ وَٱلۡكَٰفِرُونَ هُمُ ٱلظَّٰلِمُونَ
Mo a moagye adie, monyi deε Yε’de akyε mo no mu bi ma ansa na εda bi a adwadie ne ayͻnkofa ne ntwitwagyeε (anaa dwaatoa) nni mu no aba. (Kafirfoɔ) aboniayεfoͻ no deε wͻ’ne abͻneεfoͻ no.
Tafsiran larabci:
ٱللَّهُ لَآ إِلَٰهَ إِلَّا هُوَ ٱلۡحَيُّ ٱلۡقَيُّومُۚ لَا تَأۡخُذُهُۥ سِنَةٞ وَلَا نَوۡمٞۚ لَّهُۥ مَا فِي ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَمَا فِي ٱلۡأَرۡضِۗ مَن ذَا ٱلَّذِي يَشۡفَعُ عِندَهُۥٓ إِلَّا بِإِذۡنِهِۦۚ يَعۡلَمُ مَا بَيۡنَ أَيۡدِيهِمۡ وَمَا خَلۡفَهُمۡۖ وَلَا يُحِيطُونَ بِشَيۡءٖ مِّنۡ عِلۡمِهِۦٓ إِلَّا بِمَا شَآءَۚ وَسِعَ كُرۡسِيُّهُ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضَۖ وَلَا يَـُٔودُهُۥ حِفۡظُهُمَاۚ وَهُوَ ٱلۡعَلِيُّ ٱلۡعَظِيمُ
(Otumfoͻ) Nyankopͻn, awurade foforͻ biara nni hͻ gyesε Ɔno (nko ara); (Ɔne) Otumfoͻ a Ɔde Ne ho te Neho ase daa, kuta abͻdeε nyinaa mu, san bͻ wͻn ho ban. Ɔnto nko na kampεsε Wada. Deε εwͻ soro ne deε εwͻ asaase so nyinaa yε Ne dea. Hwan ne obi a obetwitwa agye obi wͻ Nehͻ? Gyesε Ɔma kwan. Onim deε εwͻ wͻn anim ne deε εwͻ wͻn akyi. (Adasamma) nnim Ne nimdeε ho hwee gyesε deε Ɔpε (sε wͻ’hunu). N’ahennie so wͻ ͻsoro ne asaase so; (na ͻsoro ne asaase no) mmienu so hwε no nnyε ͻberε (anaasε εnyε den) mma no. Ɔne Okokroko no, na Ɔne Ɔkεseε no.
Tafsiran larabci:
لَآ إِكۡرَاهَ فِي ٱلدِّينِۖ قَد تَّبَيَّنَ ٱلرُّشۡدُ مِنَ ٱلۡغَيِّۚ فَمَن يَكۡفُرۡ بِٱلطَّٰغُوتِ وَيُؤۡمِنۢ بِٱللَّهِ فَقَدِ ٱسۡتَمۡسَكَ بِٱلۡعُرۡوَةِ ٱلۡوُثۡقَىٰ لَا ٱنفِصَامَ لَهَاۗ وَٱللَّهُ سَمِيعٌ عَلِيمٌ
Nhyε nni Nyamesom mu. Ampa sε, tenenee no ada adi pefee afiri nkontompo ho. Enti obi a ͻbεpo ͻbonsam (ne abosomsom) na w’agye Nyankopͻn adie no, nokorε sε, w’asͻ gyidie homa a εnte da no mu. Onyankopͻn ne Otumfoͻ a Ɔte biribiara, Ɔne Onimdefoͻ.
Tafsiran larabci:
 
Fassarar Ma'anoni Sura: Al'bakara
Teburin Jerin Sunayen Surori Lambar shafi
 
Fassarar Ma'anonin Alqura'ni - Fassarar Akananci - Ashantiyanci - Haruna Isma'il - Teburin Bayani kan wasu Fassarori

wanda Sheikh Harun Isma'il ya fassarasu.

Rufewa