Check out the new design

क़ुरआन के अर्थों का अनुवाद - अकानी अनुवाद - अशांति - हारून इसमाईल * - अनुवादों की सूची

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

अर्थों का अनुवाद सूरा: साद   आयत:
وَمَا خَلَقۡنَا ٱلسَّمَآءَ وَٱلۡأَرۡضَ وَمَا بَيۡنَهُمَا بَٰطِلٗاۚ ذَٰلِكَ ظَنُّ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْۚ فَوَيۡلٞ لِّلَّذِينَ كَفَرُواْ مِنَ ٱلنَّارِ
Yɛammͻ ͻsoro ne asaase ne deε εwͻ ntεm no kwa. Saa na boniayεfoͻ no adwen yԑ wᴐn. Enti due nka wͻn a wͻyi boniayε no wͻ Ogya no ho.
अरबी तफ़सीरें:
أَمۡ نَجۡعَلُ ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ وَعَمِلُواْ ٱلصَّٰلِحَٰتِ كَٱلۡمُفۡسِدِينَ فِي ٱلۡأَرۡضِ أَمۡ نَجۡعَلُ ٱلۡمُتَّقِينَ كَٱلۡفُجَّارِ
Anaasε Yεbεyε wͻn a wͻagye adie na wͻdi dwuma pa no tesε wͻn a wͻdi nsεmͻnee wͻ asaase soͻ no? Anaasε Yεbεyε Nyame-surofoͻ no tesε abͻneεfoͻ no?
अरबी तफ़सीरें:
كِتَٰبٌ أَنزَلۡنَٰهُ إِلَيۡكَ مُبَٰرَكٞ لِّيَدَّبَّرُوٓاْ ءَايَٰتِهِۦ وَلِيَتَذَكَّرَ أُوْلُواْ ٱلۡأَلۡبَٰبِ
(Nkͻmhyεni), Yɛasiane Nhyira Nwoma no ama wo, sεdeε wͻbεdwen emu nsεm no ho, na afei nnipa mu mmadwemmafoͻ no de bɛtu wͻn ho foͻ.
अरबी तफ़सीरें:
وَوَهَبۡنَا لِدَاوُۥدَ سُلَيۡمَٰنَۚ نِعۡمَ ٱلۡعَبۡدُ إِنَّهُۥٓ أَوَّابٌ
Yεde Solomon kyεε Dawud. Akoa pa paa ne no. Nokorε sε, ͻdanee ne ho nyinaa maa (Nyankopͻn).
अरबी तफ़सीरें:
إِذۡ عُرِضَ عَلَيۡهِ بِٱلۡعَشِيِّ ٱلصَّٰفِنَٰتُ ٱلۡجِيَادُ
Ɛberε a yεde apͻnkͻ a yɛayεn wͻn yie na wͻn ho yε hare brεε no (dabi) anwummerε no,
अरबी तफ़सीरें:
فَقَالَ إِنِّيٓ أَحۡبَبۡتُ حُبَّ ٱلۡخَيۡرِ عَن ذِكۡرِ رَبِّي حَتَّىٰ تَوَارَتۡ بِٱلۡحِجَابِ
Ɔkaa sε: “Nokorε sε madͻ nnepa ama abroso akyεn me Wura Nyankopͻn ho adwendwen akosi sε (awia) akͻ wura (anadwo} ntware mu akyi {anaasε awia akͻtͻ).
अरबी तफ़सीरें:
رُدُّوهَا عَلَيَّۖ فَطَفِقَ مَسۡحَۢا بِٱلسُّوقِ وَٱلۡأَعۡنَاقِ
Monfa wͻn nsan merε me; na ͻhyεε aseε de ne nsa fefaa wͻn nnan ho ne wͻn kͻn ho.
अरबी तफ़सीरें:
وَلَقَدۡ فَتَنَّا سُلَيۡمَٰنَ وَأَلۡقَيۡنَا عَلَىٰ كُرۡسِيِّهِۦ جَسَدٗا ثُمَّ أَنَابَ
Nokorε sε Yεsͻͻ Solomon hwεe na Yεde honam (hunu) tenaa n’akonnwa so, enti ͻdanee ne ho maa Nyankopͻn.
अरबी तफ़सीरें:
قَالَ رَبِّ ٱغۡفِرۡ لِي وَهَبۡ لِي مُلۡكٗا لَّا يَنۢبَغِي لِأَحَدٖ مِّنۢ بَعۡدِيٓۖ إِنَّكَ أَنتَ ٱلۡوَهَّابُ
Ɔkaa sε: ”Me Wura Nyankopͻn, fa me bͻne kyε me, na ma me ahennie a εmfata mma obiara wͻ m’akyi; nokorε sε Wo ne Ɔkyε adeε Hene no.
अरबी तफ़सीरें:
فَسَخَّرۡنَا لَهُ ٱلرِّيحَ تَجۡرِي بِأَمۡرِهِۦ رُخَآءً حَيۡثُ أَصَابَ
Enti Yεbrεε mframa ase maa no; εbͻͻ bͻkͻͻ wͻ ne nhyε mu wͻ faako a ͻpε (sε mframa no mͻ nkͻ) biara,
अरबी तफ़सीरें:
وَٱلشَّيَٰطِينَ كُلَّ بَنَّآءٖ وَغَوَّاصٖ
(Yεsan) nso (brεε) abonsamfoͻ no ne adansifoͻ ne asukͻdͻfoͻ nyinaa-,
अरबी तफ़सीरें:
وَءَاخَرِينَ مُقَرَّنِينَ فِي ٱلۡأَصۡفَادِ
Ne (abonsamfoͻ) a aka a na yɛagu wͻn mpokyerε no (nyinaa ase maa no).
अरबी तफ़सीरें:
هَٰذَا عَطَآؤُنَا فَٱمۡنُنۡ أَوۡ أَمۡسِكۡ بِغَيۡرِ حِسَابٖ
(Onyankopͻn ka kyerεε Solomon sε): “Woi yε Y’akyεdeε, fakyε anaasε mfankyε, (wo) mmu ho akonta (biara).
अरबी तफ़सीरें:
وَإِنَّ لَهُۥ عِندَنَا لَزُلۡفَىٰ وَحُسۡنَ مَـَٔابٖ
Nokorε sε Yεnkyεn no ͻbεn, na (εhͻ) yε nkyi pa (ma no).
अरबी तफ़सीरें:
وَٱذۡكُرۡ عَبۡدَنَآ أَيُّوبَ إِذۡ نَادَىٰ رَبَّهُۥٓ أَنِّي مَسَّنِيَ ٱلشَّيۡطَٰنُ بِنُصۡبٖ وَعَذَابٍ
Na kae Y’akoa Hiob, εberε a osu frεε ne Wura Nyankopͻn sε: “(Me Wura), ͻbonsam de ͻbrε ne ͻhaw ato me so “.
अरबी तफ़सीरें:
ٱرۡكُضۡ بِرِجۡلِكَۖ هَٰذَا مُغۡتَسَلُۢ بَارِدٞ وَشَرَابٞ
(Nyankopͻn kakyerεε no sε): ”Fa wonan pem fͻm, Woi yε nsuo nyunyuuyunu a yεde dwareε na yεnom.
अरबी तफ़सीरें:
 
अर्थों का अनुवाद सूरा: साद
सूरों की सूची पृष्ठ संख्या
 
क़ुरआन के अर्थों का अनुवाद - अकानी अनुवाद - अशांति - हारून इसमाईल - अनुवादों की सूची

अनुवादक : शैख़ हारून इस्माईल

बंद करें