Check out the new design

क़ुरआन के अर्थों का अनुवाद - अकानी अनुवाद - अशांति - हारून इसमाईल * - अनुवादों की सूची

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

अर्थों का अनुवाद सूरा: साद   आयत:
وَوَهَبۡنَا لَهُۥٓ أَهۡلَهُۥ وَمِثۡلَهُم مَّعَهُمۡ رَحۡمَةٗ مِّنَّا وَذِكۡرَىٰ لِأُوْلِي ٱلۡأَلۡبَٰبِ
Na Yεde n’abusuafoͻ no maa no, san de ne sεso kaa wͻn ho, (woi yε) ahummͻborͻ a efiri Yεn hͻ, na εsan nso yε afutusεm de ma mmadwemmafoᴐ no .
अरबी तफ़सीरें:
وَخُذۡ بِيَدِكَ ضِغۡثٗا فَٱضۡرِب بِّهِۦ وَلَا تَحۡنَثۡۗ إِنَّا وَجَدۡنَٰهُ صَابِرٗاۚ نِّعۡمَ ٱلۡعَبۡدُ إِنَّهُۥٓ أَوَّابٞ
(Yεka kyerεε Ayuub sε): “Fa berε (anaa εserε wira) wo nsa mma na fa bͻ (wo yere no) na hwε na wanyε bͻne anaa wammu bͻhyε so; na Yɛhunuu (Ayuub) sε (ͻyε onipa a) ͻwͻ aboterε. Nokorε sε akoa pa paa ne no. Nokorε sε ͻde ne ho nyinaa maa Onyankopͻn.
अरबी तफ़सीरें:
وَٱذۡكُرۡ عِبَٰدَنَآ إِبۡرَٰهِيمَ وَإِسۡحَٰقَ وَيَعۡقُوبَ أُوْلِي ٱلۡأَيۡدِي وَٱلۡأَبۡصَٰرِ
Na kae Yε nkoa Abraham ne Is’haaq ne Ya’aquub. Nokorε sε na wͻyε nnipa a wͻn wͻ ahoͻden (wͻ Nyamesom mu) na wͻn wͻ anisoade-hunu nso.
अरबी तफ़सीरें:
إِنَّآ أَخۡلَصۡنَٰهُم بِخَالِصَةٖ ذِكۡرَى ٱلدَّارِ
Nokorε sε Yɛyii wͻn yεε wͻn sononko maa wͻde Daakye asetena no ho adwen sii wͻn ani so.
अरबी तफ़सीरें:
وَإِنَّهُمۡ عِندَنَا لَمِنَ ٱلۡمُصۡطَفَيۡنَ ٱلۡأَخۡيَارِ
Nokorε sε Yεn hͻ deε wͻka apapafoͻ no a yɛayi wͻn no ho.
अरबी तफ़सीरें:
وَٱذۡكُرۡ إِسۡمَٰعِيلَ وَٱلۡيَسَعَ وَذَا ٱلۡكِفۡلِۖ وَكُلّٞ مِّنَ ٱلۡأَخۡيَارِ
Na kae Ismail ne Elyasa’a ne Zulkifl, wͻn nyinaa ka apapafoͻ no ho.
अरबी तफ़सीरें:
هَٰذَا ذِكۡرٞۚ وَإِنَّ لِلۡمُتَّقِينَ لَحُسۡنَ مَـَٔابٖ
Woi yε Afutusεm. Nokorε sε Nyame-surofoͻ no wͻ nnkyi pa.
अरबी तफ़सीरें:
جَنَّٰتِ عَدۡنٖ مُّفَتَّحَةٗ لَّهُمُ ٱلۡأَبۡوَٰبُ
Yεbεbue Soro Aheman a εwͻ hͻ daa no apono no ama wͻn.
अरबी तफ़सीरें:
مُتَّكِـِٔينَ فِيهَا يَدۡعُونَ فِيهَا بِفَٰكِهَةٖ كَثِيرَةٖ وَشَرَابٖ
Wͻbεdwodwo wͻn ho wͻ hͻ, na wͻbεfrε ama yεde nnuaba ahodoͻ pii ne anomdeε (abrε wͻn) wͻ hͻ.
अरबी तफ़सीरें:
۞ وَعِندَهُمۡ قَٰصِرَٰتُ ٱلطَّرۡفِ أَتۡرَابٌ
Mmaa a wͻbͻ wͻn ani ho ban a wͻbͻ atipεn bεka wͻn ho.
अरबी तफ़सीरें:
هَٰذَا مَا تُوعَدُونَ لِيَوۡمِ ٱلۡحِسَابِ
(Yεbεka akyerε wͻn sε): “Woi na yεhyεε mo ho bͻ wͻ Akontabuo da no”.
अरबी तफ़सीरें:
إِنَّ هَٰذَا لَرِزۡقُنَا مَا لَهُۥ مِن نَّفَادٍ
Nokorε sε, woi yε Y’akͻnhoma a εnsa da;
अरबी तफ़सीरें:
هَٰذَاۚ وَإِنَّ لِلطَّٰغِينَ لَشَرَّ مَـَٔابٖ
Woi (wͻ agyidiefoͻ no). Nokorε sε asoͻdenfoͻ no wͻ nnkyi bͻne.
अरबी तफ़सीरें:
جَهَنَّمَ يَصۡلَوۡنَهَا فَبِئۡسَ ٱلۡمِهَادُ
Amanehunu gya no na wͻbεkͻ mu, na ahomegyebea bͻne paa ne hͻ.
अरबी तफ़सीरें:
هَٰذَا فَلۡيَذُوقُوهُ حَمِيمٞ وَغَسَّاقٞ
Saa ara na εteε! Enti mo ma wͻnka nsuohyeε ne akuro mu nsuo kankankan no nhwε.
अरबी तफ़सीरें:
وَءَاخَرُ مِن شَكۡلِهِۦٓ أَزۡوَٰجٌ
Ne (asotwee) a εtete saa no ahodoͻ (na εbεto abͻneεfoͻ no).
अरबी तफ़सीरें:
هَٰذَا فَوۡجٞ مُّقۡتَحِمٞ مَّعَكُمۡ لَا مَرۡحَبَۢا بِهِمۡۚ إِنَّهُمۡ صَالُواْ ٱلنَّارِ
Woi nom ne εdͻm no a wͻne mo bɛwura mu, yεmma wͻn akwaaba. Nokorε sε wͻbεhye wͻ egya no mu.
अरबी तफ़सीरें:
قَالُواْ بَلۡ أَنتُمۡ لَا مَرۡحَبَۢا بِكُمۡۖ أَنتُمۡ قَدَّمۡتُمُوهُ لَنَاۖ فَبِئۡسَ ٱلۡقَرَارُ
(Wͻn a wͻdii mpanimfoͻ no akyi no bεka akyerε mpanimfoͻ no) sε: “Daabi, mo nso yɛamma mo akwaaba! Mona mode woi too animu maa yεn”. Asetena bͻne paa ne hͻ.
अरबी तफ़सीरें:
قَالُواْ رَبَّنَا مَن قَدَّمَ لَنَا هَٰذَا فَزِدۡهُ عَذَابٗا ضِعۡفٗا فِي ٱلنَّارِ
Wͻbεka sε: “Yɛ Wura Nyankopͻn, deε ͻde woi too y’anim maa yεn no, fa asotwe no bi ka ne ho mmͻhoo wͻ Amanehunu gya no mu “.
अरबी तफ़सीरें:
 
अर्थों का अनुवाद सूरा: साद
सूरों की सूची पृष्ठ संख्या
 
क़ुरआन के अर्थों का अनुवाद - अकानी अनुवाद - अशांति - हारून इसमाईल - अनुवादों की सूची

अनुवादक : शैख़ हारून इस्माईल

बंद करें