Check out the new design

クルアーンの対訳 - アカン語対訳 - アシャンティ語 - Haroun Ismaeel * - 対訳の目次

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

対訳 章: 蜜蜂章   節:

An-Nahl

أَتَىٰٓ أَمۡرُ ٱللَّهِ فَلَا تَسۡتَعۡجِلُوهُۚ سُبۡحَٰنَهُۥ وَتَعَٰلَىٰ عَمَّا يُشۡرِكُونَ
Onyankopͻn ahyεdeε no aba, enti εmma mo mpere ho. Kronkron Hene ne no; Ɔkorͻn kyεn deε wͻde bata Ne ho no.
アラビア語 クルアーン注釈:
يُنَزِّلُ ٱلۡمَلَٰٓئِكَةَ بِٱلرُّوحِ مِنۡ أَمۡرِهِۦ عَلَىٰ مَن يَشَآءُ مِنۡ عِبَادِهِۦٓ أَنۡ أَنذِرُوٓاْ أَنَّهُۥ لَآ إِلَٰهَ إِلَّآ أَنَا۠ فَٱتَّقُونِ
Ɔnam N’ahyԑdeԑ so ma Soro abͻfoͻ no de Honhom (Adiyisεm) no sane ba Ne nkoa no mu nea Ɔpε so sε: “Mommͻ (adasamma) kͻkͻ sε: “Awurade foforͻ biara nni hͻ ka Me ho, enti monsuro Me”.
アラビア語 クルアーン注釈:
خَلَقَ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضَ بِٱلۡحَقِّۚ تَعَٰلَىٰ عَمَّا يُشۡرِكُونَ
Ɔde nokorε no na abͻ soro ne asaase, Ɔyε Okokuroko korͻn paa kyεn deε wͻde bata Ne ho no.
アラビア語 クルアーン注釈:
خَلَقَ ٱلۡإِنسَٰنَ مِن نُّطۡفَةٖ فَإِذَا هُوَ خَصِيمٞ مُّبِينٞ
Ɔbͻͻ nipa firi ahobaeε mu, na hwε sε ͻno ne otiafoɔ pefee.
アラビア語 クルアーン注釈:
وَٱلۡأَنۡعَٰمَ خَلَقَهَاۖ لَكُمۡ فِيهَا دِفۡءٞ وَمَنَٰفِعُ وَمِنۡهَا تَأۡكُلُونَ
Ɛna Wabͻ nyεmmoa nso ama mo; wͻn ho no monya (ntaadeε a) εma mo ͻhyew, san (nya) mfasoͻ pii firi wͻn ho; na wͻn mu bi nso mowe (wͻn nnam).
アラビア語 クルアーン注釈:
وَلَكُمۡ فِيهَا جَمَالٌ حِينَ تُرِيحُونَ وَحِينَ تَسۡرَحُونَ
Monya wͻn ho anigyeε nso wͻ berε a mode wͻn reba fie anwummerε ne εberε a mode wͻn rekͻ adidie anͻpa.
アラビア語 クルアーン注釈:
 
対訳 章: 蜜蜂章
章名の目次 ページ番号
 
クルアーンの対訳 - アカン語対訳 - アシャンティ語 - Haroun Ismaeel - 対訳の目次

Sheikh Haroun Ismaeel

閉じる