Check out the new design

クルアーンの対訳 - アカン語対訳 - アシャンティ語 - Haroun Ismaeel * - 対訳の目次

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

対訳 章: 蜜蜂章   節:
وَمَآ أَرۡسَلۡنَا مِن قَبۡلِكَ إِلَّا رِجَالٗا نُّوحِيٓ إِلَيۡهِمۡۖ فَسۡـَٔلُوٓاْ أَهۡلَ ٱلذِّكۡرِ إِن كُنتُمۡ لَا تَعۡلَمُونَ
(Nkͻmhyεni), asomafoͻ a Yεsomaa wͻn dii w’anim kan no nyinaa na wͻyε nnipa na Yɛyii Adiyisεm no maa wͻn. Enti (Quraishfoͻ), sε monnim a mommisa wͻn a wͻkaekae (amanfoͻ no).
アラビア語 クルアーン注釈:
بِٱلۡبَيِّنَٰتِ وَٱلزُّبُرِۗ وَأَنزَلۡنَآ إِلَيۡكَ ٱلذِّكۡرَ لِتُبَيِّنَ لِلنَّاسِ مَا نُزِّلَ إِلَيۡهِمۡ وَلَعَلَّهُمۡ يَتَفَكَّرُونَ
Nsεnkyerεnee pefee ne Nwoma (na Yεde somaa asomafoͻ no), εna Yɛasane Afutusεm no de ama woͻ, sεdeε wobεkyerεkyerε deε yɛasane ama wͻn no mu pefee akyerε wͻn sεdeε wͻbɛnya adwen.
アラビア語 クルアーン注釈:
أَفَأَمِنَ ٱلَّذِينَ مَكَرُواْ ٱلسَّيِّـَٔاتِ أَن يَخۡسِفَ ٱللَّهُ بِهِمُ ٱلۡأَرۡضَ أَوۡ يَأۡتِيَهُمُ ٱلۡعَذَابُ مِنۡ حَيۡثُ لَا يَشۡعُرُونَ
Enti wͻn a wͻdwen adwen bͻne no ho atᴐ wᴐn sε Nyankopͻn mma asaase mmene wͻn, anaasε Ɔmma asotwee a wͻnnim deε efire nto wͻn anaa?
アラビア語 クルアーン注釈:
أَوۡ يَأۡخُذَهُمۡ فِي تَقَلُّبِهِمۡ فَمَا هُم بِمُعۡجِزِينَ
Anaasε (wͻnnim sε Nyankopͻn) bεtumi asͻ wͻn mu wͻ εberε a wͻredi akͻneaba (wͻ wͻn nnwuma mu) a wͻntumi nsi ho kwan?
アラビア語 クルアーン注釈:
أَوۡ يَأۡخُذَهُمۡ عَلَىٰ تَخَوُّفٖ فَإِنَّ رَبَّكُمۡ لَرَءُوفٞ رَّحِيمٌ
Anaasε Ɔbɛtumi ama wͻn so ate anaa wͻn asa nkakrankakra? Nokorε sε, wo Wura Nyankopͻn ne Ayεmyε Hene, na Ɔno ara nso ne Mmͻborͻhunufoͻ Hene.
アラビア語 クルアーン注釈:
أَوَلَمۡ يَرَوۡاْ إِلَىٰ مَا خَلَقَ ٱللَّهُ مِن شَيۡءٖ يَتَفَيَّؤُاْ ظِلَٰلُهُۥ عَنِ ٱلۡيَمِينِ وَٱلشَّمَآئِلِ سُجَّدٗا لِّلَّهِ وَهُمۡ دَٰخِرُونَ
Anaasε wͻnhunuu nneεma a Nyankopͻn abͻ; sεdeε ne sunsum dane kͻ nifa so ne benkum so, brε ne ho ase ma Nyankopͻn wͻ ahobraseε paa mu?
アラビア語 クルアーン注釈:
وَلِلَّهِۤ يَسۡجُدُۤ مَا فِي ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَمَا فِي ٱلۡأَرۡضِ مِن دَآبَّةٖ وَٱلۡمَلَٰٓئِكَةُ وَهُمۡ لَا يَسۡتَكۡبِرُونَ
Abͻdeε a εwͻ nkwa a εwͻ soro ne deε εwͻ asaase so nyinaa de wͻn anim butu fͻm ma Nyankopͻn anaasε wͻberε wͻn ho ase ma no; Soro abͻfoͻ nso, wͻnnyε ahomasoͻ (wͻ N’ahyԑdeԑ ho).
アラビア語 クルアーン注釈:
يَخَافُونَ رَبَّهُم مِّن فَوۡقِهِمۡ وَيَفۡعَلُونَ مَا يُؤۡمَرُونَ۩
Wͻsuro wͻn Wura Nyankopͻn a Ɔwͻ wͻn soro anaasε Ɔso bro wͻn soͻ no, na deε yɛahyε wͻn sε wͻnyε no εno ara na wͻyε.
アラビア語 クルアーン注釈:
۞ وَقَالَ ٱللَّهُ لَا تَتَّخِذُوٓاْ إِلَٰهَيۡنِ ٱثۡنَيۡنِۖ إِنَّمَا هُوَ إِلَٰهٞ وَٰحِدٞ فَإِيَّٰيَ فَٱرۡهَبُونِ
Onyankopͻn kaa sε: ”Monhwε na moamfa anyame mmienu, efirisԑ Nyankopᴐn no deԑ Ͻyԑ baako. Enti Me nko ara na monsuro Me.”
アラビア語 クルアーン注釈:
وَلَهُۥ مَا فِي ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِ وَلَهُ ٱلدِّينُ وَاصِبًاۚ أَفَغَيۡرَ ٱللَّهِ تَتَّقُونَ
Deε εwͻ soro ne asaase so nyinaa Ɔno na εyε Ne dea. Ɔno na ͻsom ne anidie nyinaa yε Ne dea aberε biara. Enti mofiri Nyankopͻn akyi suro obi foforͻ anaa?
アラビア語 クルアーン注釈:
وَمَا بِكُم مِّن نِّعۡمَةٖ فَمِنَ ٱللَّهِۖ ثُمَّ إِذَا مَسَّكُمُ ٱلضُّرُّ فَإِلَيۡهِ تَجۡـَٔرُونَ
Adom akyεdeε a mowͻ biara no Nyankopͻn hͻ na efire; afei sε ͻhaw bi to mo a, Ɔno na mosu frε no.
アラビア語 クルアーン注釈:
ثُمَّ إِذَا كَشَفَ ٱلضُّرَّ عَنكُمۡ إِذَا فَرِيقٞ مِّنكُم بِرَبِّهِمۡ يُشۡرِكُونَ
Afei sε Ɔyi ͻhaw no fri mo so a, hwε, Mo mu fekuo bi de biribi bata wͻn Wura Nyankopͻn ho,-
アラビア語 クルアーン注釈:
 
対訳 章: 蜜蜂章
章名の目次 ページ番号
 
クルアーンの対訳 - アカン語対訳 - アシャンティ語 - Haroun Ismaeel - 対訳の目次

Sheikh Haroun Ismaeel

閉じる