Check out the new design

クルアーンの対訳 - アカン語対訳 - アシャンティ語 - Haroun Ismaeel * - 対訳の目次

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

対訳 章: 戦利品章   節:
يَٰٓأَيُّهَا ٱلنَّبِيُّ قُل لِّمَن فِيٓ أَيۡدِيكُم مِّنَ ٱلۡأَسۡرَىٰٓ إِن يَعۡلَمِ ٱللَّهُ فِي قُلُوبِكُمۡ خَيۡرٗا يُؤۡتِكُمۡ خَيۡرٗا مِّمَّآ أُخِذَ مِنكُمۡ وَيَغۡفِرۡ لَكُمۡۚ وَٱللَّهُ غَفُورٞ رَّحِيمٞ
Nkͻmhyεni, ka kyerε nneduafoͻ a wͻwͻ monsa mu no sε: “Sε Nyankopͻn hunu papa bi wͻ moakoma mu a, Ɔbεma mo papa a εkyεn deε yɛagye afiri mo hͻ no, na Ɔde mo bͻne akyε mo. Onyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene.
アラビア語 クルアーン注釈:
وَإِن يُرِيدُواْ خِيَانَتَكَ فَقَدۡ خَانُواْ ٱللَّهَ مِن قَبۡلُ فَأَمۡكَنَ مِنۡهُمۡۗ وَٱللَّهُ عَلِيمٌ حَكِيمٌ
Sε wͻpε sε wͻdi wo hwammͻ nso a, wͻn adikan adi Nyankopͻn hwammͻ pεn, εna Ɔmaa wodii wͻn so (nkonim). Onyankopͻn ne Onimdefoͻ a Ɔnim biribiara, Ɔne Onyansafoͻ.
アラビア語 クルアーン注釈:
إِنَّ ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ وَهَاجَرُواْ وَجَٰهَدُواْ بِأَمۡوَٰلِهِمۡ وَأَنفُسِهِمۡ فِي سَبِيلِ ٱللَّهِ وَٱلَّذِينَ ءَاوَواْ وَّنَصَرُوٓاْ أُوْلَٰٓئِكَ بَعۡضُهُمۡ أَوۡلِيَآءُ بَعۡضٖۚ وَٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ وَلَمۡ يُهَاجِرُواْ مَا لَكُم مِّن وَلَٰيَتِهِم مِّن شَيۡءٍ حَتَّىٰ يُهَاجِرُواْۚ وَإِنِ ٱسۡتَنصَرُوكُمۡ فِي ٱلدِّينِ فَعَلَيۡكُمُ ٱلنَّصۡرُ إِلَّا عَلَىٰ قَوۡمِۭ بَيۡنَكُمۡ وَبَيۡنَهُم مِّيثَٰقٞۗ وَٱللَّهُ بِمَا تَعۡمَلُونَ بَصِيرٞ
Nokorε sε, wͻn a wͻagye adie na wͻtuu amantuo, na wͻde wͻn agyapadeε ne wͻn kraa koo wͻ Nyankopͻn kwan soͻ, ne wͻn (Madinafoͻ) a wͻmaa wͻn baabi tenaeε, na wͻboaa wͻn no, saa nkorͻfoͻ no yε wͻn ho wͻn ho akyitaafoͻ. Wͻn a wͻagye adie na wͻntuu amantuo no monyε wͻn kyitaafoͻ wͻ hwee ho, kͻpem sε wͻbɛtu amantuo. Sε wͻhwehwε mohͻ mmoa fa Nyamesom ho a, εneε εyε moasεde sε moboa (wͻn), gyesε etia amanfoͻ bi a apam da mone wͻn ntam. Onyankopͻn deε N’ani tua deε moyε biara.
アラビア語 クルアーン注釈:
وَٱلَّذِينَ كَفَرُواْ بَعۡضُهُمۡ أَوۡلِيَآءُ بَعۡضٍۚ إِلَّا تَفۡعَلُوهُ تَكُن فِتۡنَةٞ فِي ٱلۡأَرۡضِ وَفَسَادٞ كَبِيرٞ
Wͻn a wͻayi boniayε no nso yε wͻn ho wͻn ho akyitaafoͻ. Mmom sε moanyε (saa ammoa moho moho anka mo ho ammͻ mu anko antia nsεmmͻnedifoͻ no a), aniεyaa ne nsεmͻnedie kεse bεkͻso wͻ asaase no so.
アラビア語 クルアーン注釈:
وَٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ وَهَاجَرُواْ وَجَٰهَدُواْ فِي سَبِيلِ ٱللَّهِ وَٱلَّذِينَ ءَاوَواْ وَّنَصَرُوٓاْ أُوْلَٰٓئِكَ هُمُ ٱلۡمُؤۡمِنُونَ حَقّٗاۚ لَّهُم مَّغۡفِرَةٞ وَرِزۡقٞ كَرِيمٞ
Wͻn a wͻagye adie na wͻtuu amantuo na wͻkoo wͻ Nyankopͻn kwan soͻ, ne wͻn a wͻmaa (wͻn) baabi tenaeε na wͻboaeε no, saa nkorͻfoͻ no ne agyidiefoͻ paa no. Wͻwͻ bͻnefakyε ne akyεdeε a animonyam wͻ mu.
アラビア語 クルアーン注釈:
وَٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ مِنۢ بَعۡدُ وَهَاجَرُواْ وَجَٰهَدُواْ مَعَكُمۡ فَأُوْلَٰٓئِكَ مِنكُمۡۚ وَأُوْلُواْ ٱلۡأَرۡحَامِ بَعۡضُهُمۡ أَوۡلَىٰ بِبَعۡضٖ فِي كِتَٰبِ ٱللَّهِۚ إِنَّ ٱللَّهَ بِكُلِّ شَيۡءٍ عَلِيمُۢ
Wͻn nso a akyire yi wͻgye diiε, na wͻtuu amantuo, na wͻkaa mo ho ne mo koo (wͻ Nyame kwan soͻ) no, (saa nkorͻfoͻ) no ka mo ho. Abusuafoͻ bεn wͻn ho wͻn ho (wͻ adedie mu) wͻ Nyankopͻn nhyehyεε mu. Nokorε sε, Nyankopͻn ne biribiara ho Nimdefoͻ.
アラビア語 クルアーン注釈:
 
対訳 章: 戦利品章
章名の目次 ページ番号
 
クルアーンの対訳 - アカン語対訳 - アシャンティ語 - Haroun Ismaeel - 対訳の目次

Sheikh Haroun Ismaeel

閉じる