Check out the new design

クルアーンの対訳 - アカン語対訳 - アシャンティ語 - Haroun Ismaeel * - 対訳の目次

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

対訳 章: 戦利品章   節:
فَلَمۡ تَقۡتُلُوهُمۡ وَلَٰكِنَّ ٱللَّهَ قَتَلَهُمۡۚ وَمَا رَمَيۡتَ إِذۡ رَمَيۡتَ وَلَٰكِنَّ ٱللَّهَ رَمَىٰ وَلِيُبۡلِيَ ٱلۡمُؤۡمِنِينَ مِنۡهُ بَلَآءً حَسَنًاۚ إِنَّ ٱللَّهَ سَمِيعٌ عَلِيمٞ
Ɛnyε mo na mokum wͻn, na mmom Nyankopͻn na Okum wͻn, εberε a wotoo (sekan anaa agyan anaa pea no) εnyε wo na wotoeε, na mmom Nyankopͻn na Ɔtoeε, sεdeε Ɔde bεyε agyidiefoͻ no nsͻhwε pa a ɛfiri ne hͻ. Nokorε sε Nyankopͻn ne Mpaebͻ Tiefoͻ, Ɔne Onimdefoͻ.
アラビア語 クルアーン注釈:
ذَٰلِكُمۡ وَأَنَّ ٱللَّهَ مُوهِنُ كَيۡدِ ٱلۡكَٰفِرِينَ
Saa na εteε, nokorε sε Nyankopͻn bεbrε boniayεfoͻ no tirim pͻ bͻne no ase.
アラビア語 クルアーン注釈:
إِن تَسۡتَفۡتِحُواْ فَقَدۡ جَآءَكُمُ ٱلۡفَتۡحُۖ وَإِن تَنتَهُواْ فَهُوَ خَيۡرٞ لَّكُمۡۖ وَإِن تَعُودُواْ نَعُدۡ وَلَن تُغۡنِيَ عَنكُمۡ فِئَتُكُمۡ شَيۡـٔٗا وَلَوۡ كَثُرَتۡ وَأَنَّ ٱللَّهَ مَعَ ٱلۡمُؤۡمِنِينَ
Sε mobͻͻ mpaeε srεε atemmuo a, atemmuo no na aba mo hͻ no; na sε motwe mo ho (firi bͻne ho) a εyε ma mo, na sε mosan (kͻto hyε agyidiefoͻ no so) a Yεn nso Yεbεsan (ne mo de asi ani), na sε modͻm no dͻͻso mpo a ɛnsi mo hwee, na nokorε sε, Nyankopͻn ka agyidiefoͻ no ho.
アラビア語 クルアーン注釈:
يَٰٓأَيُّهَا ٱلَّذِينَ ءَامَنُوٓاْ أَطِيعُواْ ٱللَّهَ وَرَسُولَهُۥ وَلَا تَوَلَّوۡاْ عَنۡهُ وَأَنتُمۡ تَسۡمَعُونَ
Mo a moagye adie, monyε sotie mma Nyankopͻn ne Ne Somafoͻ no, na monhwε na moannane mo ho amfiri ne ho aberε a moretie no.
アラビア語 クルアーン注釈:
وَلَا تَكُونُواْ كَٱلَّذِينَ قَالُواْ سَمِعۡنَا وَهُمۡ لَا يَسۡمَعُونَ
Monhwε na moanyε tesε wͻn a wͻka sε: “Yate aberε nso a wͻnteeε no”.
アラビア語 クルアーン注釈:
۞ إِنَّ شَرَّ ٱلدَّوَآبِّ عِندَ ٱللَّهِ ٱلصُّمُّ ٱلۡبُكۡمُ ٱلَّذِينَ لَا يَعۡقِلُونَ
Nokorε sε abɔdeɛ bͻne wͻ Nyankopͻn hͻ ne asosifoͻ ne mmum, wͻn a wͻnnwen (anaa wͻnte asεm aseε) no.
アラビア語 クルアーン注釈:
وَلَوۡ عَلِمَ ٱللَّهُ فِيهِمۡ خَيۡرٗا لَّأَسۡمَعَهُمۡۖ وَلَوۡ أَسۡمَعَهُمۡ لَتَوَلَّواْ وَّهُم مُّعۡرِضُونَ
Sε Nyankopͻn ahunu papa bi wͻ wͻn mu a, anka Wama wͻn atie. Na sε Ɔma wͻn tie mpo a wͻbεdane wͻn ho na wͻatwi afa so.
アラビア語 クルアーン注釈:
يَٰٓأَيُّهَا ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ ٱسۡتَجِيبُواْ لِلَّهِ وَلِلرَّسُولِ إِذَا دَعَاكُمۡ لِمَا يُحۡيِيكُمۡۖ وَٱعۡلَمُوٓاْ أَنَّ ٱللَّهَ يَحُولُ بَيۡنَ ٱلۡمَرۡءِ وَقَلۡبِهِۦ وَأَنَّهُۥٓ إِلَيۡهِ تُحۡشَرُونَ
Mo a moagye adie, sε Nyankopͻn ne Ne Somafoͻ no refrε mo akͻ deε εbεgye mo nkwa no mu a, monnye wͻn so. Na monhunu sε, nokorε Onyankopͻn ba onipa ne n’akoma ntam, na nokorε sε Ne hͻ na yεbεboa moano akͻ.
アラビア語 クルアーン注釈:
وَٱتَّقُواْ فِتۡنَةٗ لَّا تُصِيبَنَّ ٱلَّذِينَ ظَلَمُواْ مِنكُمۡ خَآصَّةٗۖ وَٱعۡلَمُوٓاْ أَنَّ ٱللَّهَ شَدِيدُ ٱلۡعِقَابِ
Na monsuro anaa monyԑ ahwԑyie wͻ mmusuo a (esi a) εnka momu abͻneεfoͻ no nko ara; na monhunu sε, nokorε Nyankopͻn awerεtͻ ano yε den papaapa.
アラビア語 クルアーン注釈:
 
対訳 章: 戦利品章
章名の目次 ページ番号
 
クルアーンの対訳 - アカン語対訳 - アシャンティ語 - Haroun Ismaeel - 対訳の目次

Sheikh Haroun Ismaeel

閉じる