ការបកប្រែអត្ថន័យនៃគម្ពីរគួរអាន - ការបកប្រែជាភាសាអាកានី - អាស្ហាន់តី - ហើរ៉ូន អុីស្មាអែល

លេខ​ទំព័រ:close

external-link copy
25 : 37

مَا لَكُمۡ لَا تَنَاصَرُونَ

Ɛdeεn na εha mo a (afei deε) mommoa mo ho mo ho (sεdeε na moyε no wͻ wiaseε no?) info
التفاسير: |

external-link copy
26 : 37

بَلۡ هُمُ ٱلۡيَوۡمَ مُسۡتَسۡلِمُونَ

Daabi, saa Da no wͻbεberε wͻn ho ase. info
التفاسير: |

external-link copy
27 : 37

وَأَقۡبَلَ بَعۡضُهُمۡ عَلَىٰ بَعۡضٖ يَتَسَآءَلُونَ

Wͻbεdane wͻn ho ahwε wͻn ho wͻn ho anim abisa-bisa, info
التفاسير: |

external-link copy
28 : 37

قَالُوٓاْ إِنَّكُمۡ كُنتُمۡ تَأۡتُونَنَا عَنِ ٱلۡيَمِينِ

Wͻbεka sε: ”Mo na na mofiri nifaso (anaasε na mo ne mpanimfoͻ a) moba yεn hͻ (bɛtu yεn fo bͻne). info
التفاسير: |

external-link copy
29 : 37

قَالُواْ بَل لَّمۡ تَكُونُواْ مُؤۡمِنِينَ

(Wͻn mu mpanimfoͻ no nso) bɛbua wͻn sε: “Daabi, moara nso na monyε agyidiefoͻ, info
التفاسير: |

external-link copy
30 : 37

وَمَا كَانَ لَنَا عَلَيۡكُم مِّن سُلۡطَٰنِۭۖ بَلۡ كُنتُمۡ قَوۡمٗا طَٰغِينَ

Na yɛnni tumi biara wͻ mo so, Daabi, na moara nso moyε nnipa atuateεfoͻ. info
التفاسير: |

external-link copy
31 : 37

فَحَقَّ عَلَيۡنَا قَوۡلُ رَبِّنَآۖ إِنَّا لَذَآئِقُونَ

Enti yɛ Wura Nyankopͻn asεm no ayε nokorε atia yεn; nokorε sε yεbεka (asotwee no) ahwε. info
التفاسير: |

external-link copy
32 : 37

فَأَغۡوَيۡنَٰكُمۡ إِنَّا كُنَّا غَٰوِينَ

Nea enti yεyeraa mo ne sε, na yεn ara nso yɛayera. info
التفاسير: |

external-link copy
33 : 37

فَإِنَّهُمۡ يَوۡمَئِذٖ فِي ٱلۡعَذَابِ مُشۡتَرِكُونَ

Nokorε sε saa Da no, wͻbεkyε asotwee no, (anaasε obiara bɛnya ne kyεfa sɛdeɛ ne dwuma bɔne a odiiɛ teɛ). info
التفاسير: |

external-link copy
34 : 37

إِنَّا كَذَٰلِكَ نَفۡعَلُ بِٱلۡمُجۡرِمِينَ

Nokorε sε saa na Yεde bεyε abͻneεfoͻ no. info
التفاسير: |

external-link copy
35 : 37

إِنَّهُمۡ كَانُوٓاْ إِذَا قِيلَ لَهُمۡ لَآ إِلَٰهَ إِلَّا ٱللَّهُ يَسۡتَكۡبِرُونَ

Nokorε sε, na yεka kyerε wͻn sε Awurade foforͻ biara nni hͻ ka Nyankopͻn ho a, na wɔreyε ahomasoͻ. info
التفاسير: |

external-link copy
36 : 37

وَيَقُولُونَ أَئِنَّا لَتَارِكُوٓاْ ءَالِهَتِنَا لِشَاعِرٖ مَّجۡنُونِۭ

Deɛ wͻka ne sε: “Yɛnnyae y’abosom mɛdi odwontofoͻ bͻdamfoͻ yi akyi? “ info
التفاسير: |

external-link copy
37 : 37

بَلۡ جَآءَ بِٱلۡحَقِّ وَصَدَّقَ ٱلۡمُرۡسَلِينَ

Daabi, (Muhammad) de Nokorε no aba a ͻde bεhyε asomafoͻ no (nsεm) no mma. info
التفاسير: |

external-link copy
38 : 37

إِنَّكُمۡ لَذَآئِقُواْ ٱلۡعَذَابِ ٱلۡأَلِيمِ

Nokorε sε mobεka asotwee yaaya no ahwε. info
التفاسير: |

external-link copy
39 : 37

وَمَا تُجۡزَوۡنَ إِلَّا مَا كُنتُمۡ تَعۡمَلُونَ

Dwuma a modiiε ho na yεretua mo so ka. info
التفاسير: |

external-link copy
40 : 37

إِلَّا عِبَادَ ٱللَّهِ ٱلۡمُخۡلَصِينَ

Mmom Nyankopͻn nkoa nokorεfoͻ no deε, info
التفاسير: |

external-link copy
41 : 37

أُوْلَٰٓئِكَ لَهُمۡ رِزۡقٞ مَّعۡلُومٞ

Saa nkorͻfoͻ no na wͻbɛnya akͻnhoma a yɛahyehyε ato hͻ no— info
التفاسير: |

external-link copy
42 : 37

فَوَٰكِهُ وَهُم مُّكۡرَمُونَ

(Ebi ne) Nnuaba; na yεbεhyε wͻn animuonyam – info
التفاسير: |

external-link copy
43 : 37

فِي جَنَّٰتِ ٱلنَّعِيمِ

Wͻ anigyeε Aheman no mu - info
التفاسير: |

external-link copy
44 : 37

عَلَىٰ سُرُرٖ مُّتَقَٰبِلِينَ

Wͻbεtena Ahennwa a (ebi) hwε (ebi) anim so. info
التفاسير: |

external-link copy
45 : 37

يُطَافُ عَلَيۡهِم بِكَأۡسٖ مِّن مَّعِينِۭ

Nsa kuruwa a efri nsuo aniwa mu bɛdi wͻn so akͻneaba. info
التفاسير: |

external-link copy
46 : 37

بَيۡضَآءَ لَذَّةٖ لِّلشَّٰرِبِينَ

(Ɛyε) fitaa, dεdεεdε ma wͻn a wͻnom. info
التفاسير: |

external-link copy
47 : 37

لَا فِيهَا غَوۡلٞ وَلَا هُمۡ عَنۡهَا يُنزَفُونَ

Ɛmma wͻn ͻhaw (tesε tipaeε anaa yafun keka anaa adwen sεeε biara) na wͻmmoro nso. info
التفاسير: |

external-link copy
48 : 37

وَعِندَهُمۡ قَٰصِرَٰتُ ٱلطَّرۡفِ عِينٞ

Mmaa nso a wͻbͻ wͻn nhwε anaa wͻn ani ho ban, a wͻn ani akεse-akεse fεfεεfε bεka wͻn ho. info
التفاسير: |

external-link copy
49 : 37

كَأَنَّهُنَّ بَيۡضٞ مَّكۡنُونٞ

Wobεka sε (saa mmaa no yε) kosua a yɛahwε so yie paa. info
التفاسير: |

external-link copy
50 : 37

فَأَقۡبَلَ بَعۡضُهُمۡ عَلَىٰ بَعۡضٖ يَتَسَآءَلُونَ

Wᴐn mu bi bεdane wͻn ho ahwε ebinom abisa, info
التفاسير: |

external-link copy
51 : 37

قَالَ قَآئِلٞ مِّنۡهُمۡ إِنِّي كَانَ لِي قَرِينٞ

Wͻn mu nea ͻbεkasa no bεka sε: “Nokorε sε na mewͻ adamfoͻ bi - info
التفاسير: |