ಪವಿತ್ರ ಕುರ್‌ಆನ್ ಅರ್ಥಾನುವಾದ - ಅಶಾಂತಿ ಅನುವಾದ * - ಅನುವಾದಗಳ ವಿಷಯಸೂಚಿ

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

ಅರ್ಥಗಳ ಅನುವಾದ ಅಧ್ಯಾಯ: ಸೂರ ಅಲ್- ಕಲಮ್   ಶ್ಲೋಕ:

Al-Qalam

نٓۚ وَٱلۡقَلَمِ وَمَا يَسۡطُرُونَ
Nuun; Mede Twerεdua ne Adeε a wͻde (Twerεdua no) twerε no di nse sε:
ಅರಬ್ಬಿ ವ್ಯಾಖ್ಯಾನಗಳು:
مَآ أَنتَ بِنِعۡمَةِ رَبِّكَ بِمَجۡنُونٖ
(Nkͻmhyεni), wommͻͻ dam wͻwo Wura Nyankopͻn adom no ho.
ಅರಬ್ಬಿ ವ್ಯಾಖ್ಯಾನಗಳು:
وَإِنَّ لَكَ لَأَجۡرًا غَيۡرَ مَمۡنُونٖ
Nokorε nso sε, wowͻ akatua a, εtoͻ nntwa da.
ಅರಬ್ಬಿ ವ್ಯಾಖ್ಯಾನಗಳು:
وَإِنَّكَ لَعَلَىٰ خُلُقٍ عَظِيمٖ
Nokorε nso sε, wowͻ suban pa a εkorͻn paa so.
ಅರಬ್ಬಿ ವ್ಯಾಖ್ಯಾನಗಳು:
فَسَتُبۡصِرُ وَيُبۡصِرُونَ
Enti wobɛhunu, na wͻn nso bɛhunu-
ಅರಬ್ಬಿ ವ್ಯಾಖ್ಯಾನಗಳು:
بِأَييِّكُمُ ٱلۡمَفۡتُونُ
Mo mu nea wabͻ dam.
ಅರಬ್ಬಿ ವ್ಯಾಖ್ಯಾನಗಳು:
إِنَّ رَبَّكَ هُوَ أَعۡلَمُ بِمَن ضَلَّ عَن سَبِيلِهِۦ وَهُوَ أَعۡلَمُ بِٱلۡمُهۡتَدِينَ
Nokorε sε, wo Wura Nyankopͻn na Ɔnim obi a wayera afri Ne kwan no soͻ, Ɔno ara nso na Ɔnim ateneneefoͻ no.
ಅರಬ್ಬಿ ವ್ಯಾಖ್ಯಾನಗಳು:
فَلَا تُطِعِ ٱلۡمُكَذِّبِينَ
Enti entie wͻn a wͻfa nokorԑ no atorᴐsԑm no.
ಅರಬ್ಬಿ ವ್ಯಾಖ್ಯಾನಗಳು:
وَدُّواْ لَوۡ تُدۡهِنُ فَيُدۡهِنُونَ
Wͻpɛεsε, anka wogo wo ho (ma wͻn), na wͻnso ayε bͻkͻͻ (ama wo).
ಅರಬ್ಬಿ ವ್ಯಾಖ್ಯಾನಗಳು:
وَلَا تُطِعۡ كُلَّ حَلَّافٖ مَّهِينٍ
Entie obi a odi nse hunu bebrebe biara.
ಅರಬ್ಬಿ ವ್ಯಾಖ್ಯಾನಗಳು:
هَمَّازٖ مَّشَّآءِۭ بِنَمِيمٖ
(Obi a) ͻka nkyisεm, nsekubͻni a ͻde (nkorͻfoͻ ho) nsεm nenam,
ಅರಬ್ಬಿ ವ್ಯಾಖ್ಯಾನಗಳು:
مَّنَّاعٖ لِّلۡخَيۡرِ مُعۡتَدٍ أَثِيمٍ
(Obi a) osi papayε ho kwan, mmratofoͻ, bͻneyεfoͻ no.
ಅರಬ್ಬಿ ವ್ಯಾಖ್ಯಾನಗಳು:
عُتُلِّۭ بَعۡدَ ذَٰلِكَ زَنِيمٍ
Otrimuͻdenfoͻ a bͻne nkͻmra nyinaa ͻwͻ mu bie, εno akyi nso ͻbͻ ntεtε-busua.
ಅರಬ್ಬಿ ವ್ಯಾಖ್ಯಾನಗಳು:
أَن كَانَ ذَا مَالٖ وَبَنِينَ
Efirisε ͻwͻ sika ne mma (pii) nti.
ಅರಬ್ಬಿ ವ್ಯಾಖ್ಯಾನಗಳು:
إِذَا تُتۡلَىٰ عَلَيۡهِ ءَايَٰتُنَا قَالَ أَسَٰطِيرُ ٱلۡأَوَّلِينَ
Sε yεrekenkan Yεn Nsεm kyerε no a, deɛ ɔka ne sɛ, tetefoͻ no anansesεm.
ಅರಬ್ಬಿ ವ್ಯಾಖ್ಯಾನಗಳು:
سَنَسِمُهُۥ عَلَى ٱلۡخُرۡطُومِ
Yεbεhyε no nso wͻ ne hwene so.
ಅರಬ್ಬಿ ವ್ಯಾಖ್ಯಾನಗಳು:
إِنَّا بَلَوۡنَٰهُمۡ كَمَا بَلَوۡنَآ أَصۡحَٰبَ ٱلۡجَنَّةِ إِذۡ أَقۡسَمُواْ لَيَصۡرِمُنَّهَا مُصۡبِحِينَ
Nokorε sε, Yɛasͻ (Makafoͻ no) ahwε sεdeε Yεsͻͻ Afuo wurafoͻ no hwεeε no, εberε a wͻkaa ntam sε, wͻbεte afuo no mu nnͻbae no anͻpa tutuutu no.
ಅರಬ್ಬಿ ವ್ಯಾಖ್ಯಾನಗಳು:
وَلَا يَسۡتَثۡنُونَ
Wanka sε, (In Shaa’a-Laah) sε Nyankopͻn pε a,
ಅರಬ್ಬಿ ವ್ಯಾಖ್ಯಾನಗಳು:
فَطَافَ عَلَيۡهَا طَآئِفٞ مِّن رَّبِّكَ وَهُمۡ نَآئِمُونَ
Enti mmusuo bi fri wo Wura Nyankopͻn hͻ bɛtwaa (afuo no) ho hyiae (hyee no pasaa) wͻ εberε a, na wͻn adeda.
ಅರಬ್ಬಿ ವ್ಯಾಖ್ಯಾನಗಳು:
فَأَصۡبَحَتۡ كَٱلصَّرِيمِ
Adeε kyeeε no na (afuo no ahye) ayε tumm a hwee nni (asaase no) soͻ.
ಅರಬ್ಬಿ ವ್ಯಾಖ್ಯಾನಗಳು:
فَتَنَادَوۡاْ مُصۡبِحِينَ
Adeε kyee anͻpa tutuutu no wͻfrεfrεε wͻn ho (kaa sε):
ಅರಬ್ಬಿ ವ್ಯಾಖ್ಯಾನಗಳು:
أَنِ ٱغۡدُواْ عَلَىٰ حَرۡثِكُمۡ إِن كُنتُمۡ صَٰرِمِينَ
“Sε mobεte mo mfudeε no a, εneε monkͻ moafuo no mu anͻpa tutuutu”.
ಅರಬ್ಬಿ ವ್ಯಾಖ್ಯಾನಗಳು:
فَٱنطَلَقُواْ وَهُمۡ يَتَخَٰفَتُونَ
Enti wͻsii mu kͻe; na wͻberεε wͻn nne ase (kaa sε):
ಅರಬ್ಬಿ ವ್ಯಾಖ್ಯಾನಗಳು:
أَن لَّا يَدۡخُلَنَّهَا ٱلۡيَوۡمَ عَلَيۡكُم مِّسۡكِينٞ
“Momma ohiani biara nnwura (afuo yi) mu mma mo ha nnε “.
ಅರಬ್ಬಿ ವ್ಯಾಖ್ಯಾನಗಳು:
وَغَدَوۡاْ عَلَىٰ حَرۡدٖ قَٰدِرِينَ
Anͻpa no, wͻde wͻn adwen (bͻne) no sii mu kͻͻ (afuo no mu) wͻ tumi so.
ಅರಬ್ಬಿ ವ್ಯಾಖ್ಯಾನಗಳು:
فَلَمَّا رَأَوۡهَا قَالُوٓاْ إِنَّا لَضَآلُّونَ
Ɛberε a wͻhunuu (afuo) no, wͻkaa sε: “Nokorε sε, yɛayera (kwan no)“.
ಅರಬ್ಬಿ ವ್ಯಾಖ್ಯಾನಗಳು:
بَلۡ نَحۡنُ مَحۡرُومُونَ
Daabi, (εnyε kwan na ya yɛayera, na mmom y'adwen bͻne nti) ahwere yεn.
ಅರಬ್ಬಿ ವ್ಯಾಖ್ಯಾನಗಳು:
قَالَ أَوۡسَطُهُمۡ أَلَمۡ أَقُل لَّكُمۡ لَوۡلَا تُسَبِّحُونَ
Wͻn mu nnipa papa no (anaasε wͻn mu adantamu no) kaa sε: “Manka ankyerε mo sε, adεn na mo mmͻ (Nyankopͻn) abodin?”
ಅರಬ್ಬಿ ವ್ಯಾಖ್ಯಾನಗಳು:
قَالُواْ سُبۡحَٰنَ رَبِّنَآ إِنَّا كُنَّا ظَٰلِمِينَ
Wͻkaa sε: “Kronkron Hene ne yɛ Wura Nyankopͻn. Nokorε sε, yɛayε bͻne”.
ಅರಬ್ಬಿ ವ್ಯಾಖ್ಯಾನಗಳು:
فَأَقۡبَلَ بَعۡضُهُمۡ عَلَىٰ بَعۡضٖ يَتَلَٰوَمُونَ
Afei wͻdanee wͻn ho hwεε wͻn ho wͻn ho anim bᴐᴐ wͻn ho soboᴐ.
ಅರಬ್ಬಿ ವ್ಯಾಖ್ಯಾನಗಳು:
قَالُواْ يَٰوَيۡلَنَآ إِنَّا كُنَّا طَٰغِينَ
Wͻkaa sε: Ao, adi ayε yεn. Nokorε sε yɛayε bͻne paa.
ಅರಬ್ಬಿ ವ್ಯಾಖ್ಯಾನಗಳು:
عَسَىٰ رَبُّنَآ أَن يُبۡدِلَنَا خَيۡرٗا مِّنۡهَآ إِنَّآ إِلَىٰ رَبِّنَا رَٰغِبُونَ
Ebia yɛ Wura Nyankopͻn de deε εyε kyεn no bεhyε yεn anan mu. Nokorε sε, yɛ Wura Nyankopͻn na yɛde y'ani to no soɔ“.
ಅರಬ್ಬಿ ವ್ಯಾಖ್ಯಾನಗಳು:
كَذَٰلِكَ ٱلۡعَذَابُۖ وَلَعَذَابُ ٱلۡأٓخِرَةِ أَكۡبَرُۚ لَوۡ كَانُواْ يَعۡلَمُونَ
Saa ara na Wiase asotwee no teε, nokorε sε, Daakye asotwee no deε εso paa, sε anka wɔnim a.
ಅರಬ್ಬಿ ವ್ಯಾಖ್ಯಾನಗಳು:
إِنَّ لِلۡمُتَّقِينَ عِندَ رَبِّهِمۡ جَنَّٰتِ ٱلنَّعِيمِ
Nokorε sε, Nyamesurofoͻ no bɛnya Anigyeε Aheman no wͻ wͻn Wura Nyankopͻn hͻ.
ಅರಬ್ಬಿ ವ್ಯಾಖ್ಯಾನಗಳು:
أَفَنَجۡعَلُ ٱلۡمُسۡلِمِينَ كَٱلۡمُجۡرِمِينَ
Enti Yεbεyε Muslimifoͻ no sε abͻneεfoͻ no?
ಅರಬ್ಬಿ ವ್ಯಾಖ್ಯಾನಗಳು:
مَا لَكُمۡ كَيۡفَ تَحۡكُمُونَ
Ɛdeεn na εha mo? Sεn na mosi bu atεn yi?
ಅರಬ್ಬಿ ವ್ಯಾಖ್ಯಾನಗಳು:
أَمۡ لَكُمۡ كِتَٰبٞ فِيهِ تَدۡرُسُونَ
Anaasε mowͻ Nwoma bi a emu na mokenkan—
ಅರಬ್ಬಿ ವ್ಯಾಖ್ಯಾನಗಳು:
إِنَّ لَكُمۡ فِيهِ لَمَا تَخَيَّرُونَ
a, nokorԑ sԑ mowͻ deε mopε wͻ mu?
ಅರಬ್ಬಿ ವ್ಯಾಖ್ಯಾನಗಳು:
أَمۡ لَكُمۡ أَيۡمَٰنٌ عَلَيۡنَا بَٰلِغَةٌ إِلَىٰ يَوۡمِ ٱلۡقِيَٰمَةِ إِنَّ لَكُمۡ لَمَا تَحۡكُمُونَ
Anaasε moanya nsedie bͻhyε bi afri Yεn hͻ de kɔsi Atemmuda sε, deε mopε biara no mo nsa bεka?
ಅರಬ್ಬಿ ವ್ಯಾಖ್ಯಾನಗಳು:
سَلۡهُمۡ أَيُّهُم بِذَٰلِكَ زَعِيمٌ
(Nkͻmhyεni), bisa wͻn sε, wͻn mu hwan na odi (saa asεm no) ho agyinamu, anaa adanseε?
ಅರಬ್ಬಿ ವ್ಯಾಖ್ಯಾನಗಳು:
أَمۡ لَهُمۡ شُرَكَآءُ فَلۡيَأۡتُواْ بِشُرَكَآئِهِمۡ إِن كَانُواْ صَٰدِقِينَ
Anaasε wͻn wͻ (anyame) ahokafoͻ? Ɛneε ma wͻnfa wͻn (anyame) ahokafoͻ no mmra, sε wɔyε nokwafoͻ ampa a.
ಅರಬ್ಬಿ ವ್ಯಾಖ್ಯಾನಗಳು:
يَوۡمَ يُكۡشَفُ عَن سَاقٖ وَيُدۡعَوۡنَ إِلَى ٱلسُّجُودِ فَلَا يَسۡتَطِيعُونَ
Ɛda a wɔn nanhin bɛda mpan no, yεbεfrε wͻn sε wͻmfa wͻn anim mutu fͻm, nanso wͻntumi.
ಅರಬ್ಬಿ ವ್ಯಾಖ್ಯಾನಗಳು:
خَٰشِعَةً أَبۡصَٰرُهُمۡ تَرۡهَقُهُمۡ ذِلَّةٞۖ وَقَدۡ كَانُواْ يُدۡعَوۡنَ إِلَى ٱلسُّجُودِ وَهُمۡ سَٰلِمُونَ
Wͻn ani bɛwu, na animguaseε bɛmene wͻn. Ampa sε, εberε a na wͻn ho tͻ wͻn (wͻ wiaseε) no, na yεfrε wͻn sε wͻmfa wͻn anim mutu fͻm (nanso wͻanyε).
ಅರಬ್ಬಿ ವ್ಯಾಖ್ಯಾನಗಳು:
فَذَرۡنِي وَمَن يُكَذِّبُ بِهَٰذَا ٱلۡحَدِيثِۖ سَنَسۡتَدۡرِجُهُم مِّنۡ حَيۡثُ لَا يَعۡلَمُونَ
Enti gyae Mene obi a, ͻfa saa Asεm yi nkontompo no; Yεde no nkakra nkakra bεsͻ wͻn mu aberε a wͻnnim ho hwee.
ಅರಬ್ಬಿ ವ್ಯಾಖ್ಯಾನಗಳು:
وَأُمۡلِي لَهُمۡۚ إِنَّ كَيۡدِي مَتِينٌ
Mato me bo ase na ama wͻn; nokorε sε, Me trim pͻ deε emu yε den yie.
ಅರಬ್ಬಿ ವ್ಯಾಖ್ಯಾನಗಳು:
أَمۡ تَسۡـَٔلُهُمۡ أَجۡرٗا فَهُم مِّن مَّغۡرَمٖ مُّثۡقَلُونَ
Anaasε (Nkͻmhyεni, Nsεmpa a woka kyerε wͻn no), wobisa wͻn εho akatua εna enti ayε εka asoa wͻn?
ಅರಬ್ಬಿ ವ್ಯಾಖ್ಯಾನಗಳು:
أَمۡ عِندَهُمُ ٱلۡغَيۡبُ فَهُمۡ يَكۡتُبُونَ
Anaasε Asumade (Lawhul Mah’fuuz) no wͻ wͻn hͻ a, enti wͻtwerε?
ಅರಬ್ಬಿ ವ್ಯಾಖ್ಯಾನಗಳು:
فَٱصۡبِرۡ لِحُكۡمِ رَبِّكَ وَلَا تَكُن كَصَاحِبِ ٱلۡحُوتِ إِذۡ نَادَىٰ وَهُوَ مَكۡظُومٞ
Enti (Nkͻmhyεni), si aboterε ma wo Wura Nyankopͻn atemmuo no, na hwε na wannkͻyε sε adwene adamfo (Yuunus) a osu frεε ne Wura Nyankopͻn wͻ εberε a ne ho kyeree no a na ͻredi awerεhoͻ no.
ಅರಬ್ಬಿ ವ್ಯಾಖ್ಯಾನಗಳು:
لَّوۡلَآ أَن تَدَٰرَكَهُۥ نِعۡمَةٞ مِّن رَّبِّهِۦ لَنُبِذَ بِٱلۡعَرَآءِ وَهُوَ مَذۡمُومٞ
Sε ne nsa anka ne Wura Nyankopͻn adom no a, anka (ͻkaa bonsu no yεm, nanso N’adom no nti) yεtoo no twenee asaase petee bi so wͻ εberε a na ͻfata soboͻ.
ಅರಬ್ಬಿ ವ್ಯಾಖ್ಯಾನಗಳು:
فَٱجۡتَبَٰهُ رَبُّهُۥ فَجَعَلَهُۥ مِنَ ٱلصَّٰلِحِينَ
Enti ne Wura Nyankopͻn yii no de no kaa apapafoͻ no ho.
ಅರಬ್ಬಿ ವ್ಯಾಖ್ಯಾನಗಳು:
وَإِن يَكَادُ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ لَيُزۡلِقُونَكَ بِأَبۡصَٰرِهِمۡ لَمَّا سَمِعُواْ ٱلذِّكۡرَ وَيَقُولُونَ إِنَّهُۥ لَمَجۡنُونٞ
Sε wͻn a wͻnnye nnie no te (Qur’aan mu) Afutusεm no a, na εkaa wͻn ko a anka wͻde wͻn ani (abu wo anikyeε) atwa wo afri hͻ; na deε wͻka ne sε: “Nokorԑ wabͻ dam.”
ಅರಬ್ಬಿ ವ್ಯಾಖ್ಯಾನಗಳು:
وَمَا هُوَ إِلَّا ذِكۡرٞ لِّلۡعَٰلَمِينَ
(Qur’aan adwuma ara ne sε) εyε Afutusεm de ma amansan nyinaa.
ಅರಬ್ಬಿ ವ್ಯಾಖ್ಯಾನಗಳು:
 
ಅರ್ಥಗಳ ಅನುವಾದ ಅಧ್ಯಾಯ: ಸೂರ ಅಲ್- ಕಲಮ್
ಅಧ್ಯಾಯಗಳ ವಿಷಯಸೂಚಿ ಪುಟ ಸಂಖ್ಯೆ
 
ಪವಿತ್ರ ಕುರ್‌ಆನ್ ಅರ್ಥಾನುವಾದ - ಅಶಾಂತಿ ಅನುವಾದ - ಅನುವಾದಗಳ ವಿಷಯಸೂಚಿ

ಪವಿತ್ರ ಕುರ್‌ಆನ್ ಅಶಾಂತಿ ಅರ್ಥಾನುವಾದ - ಶೈಖ್ ಹಾರೂನ್ ಇಸ್ಮಾಯಿಲ್

ಮುಚ್ಚಿ