Check out the new design

《古兰经》译解 - 阿坎语翻译 - 阿散蒂语 - 哈伦·易斯梅尔 * - 译解目录

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

含义的翻译 章: 优努斯   段:
۞ لِّلَّذِينَ أَحۡسَنُواْ ٱلۡحُسۡنَىٰ وَزِيَادَةٞۖ وَلَا يَرۡهَقُ وُجُوهَهُمۡ قَتَرٞ وَلَا ذِلَّةٌۚ أُوْلَٰٓئِكَ أَصۡحَٰبُ ٱلۡجَنَّةِۖ هُمۡ فِيهَا خَٰلِدُونَ
Wͻn a wͻdi dwuma pa no wͻ akatua pa ne (akatua pa no ho) ntosoͻ. Esum anaa animguaseε biara nkata wͻn anim (wͻ Daakye Atemmuda). Wͻne Ɔsoro Aheman no mu foͻ no, na emu na wͻbεtena afe bͻͻ.
阿拉伯语经注:
وَٱلَّذِينَ كَسَبُواْ ٱلسَّيِّـَٔاتِ جَزَآءُ سَيِّئَةِۭ بِمِثۡلِهَا وَتَرۡهَقُهُمۡ ذِلَّةٞۖ مَّا لَهُم مِّنَ ٱللَّهِ مِنۡ عَاصِمٖۖ كَأَنَّمَآ أُغۡشِيَتۡ وُجُوهُهُمۡ قِطَعٗا مِّنَ ٱلَّيۡلِ مُظۡلِمًاۚ أُوْلَٰٓئِكَ أَصۡحَٰبُ ٱلنَّارِۖ هُمۡ فِيهَا خَٰلِدُونَ
Wͻn a wͻnsa kaa bͻne no nso, bͻne so akatua no ara pεpεεpε (na yεde bɛtua wͻn ka); na animguaseε bεmene wͻn; na wͻnnya ͻgyefoͻ wͻ Nyankopͻn anim. Wͻbεyε tesε deε yεde anadwo sum tumm sini bi akata wͻn anim. Saa nkorͻfoͻ no ne Amanehunu gya no mu foͻ no, emu na wͻbεtena afe bͻͻ.
阿拉伯语经注:
وَيَوۡمَ نَحۡشُرُهُمۡ جَمِيعٗا ثُمَّ نَقُولُ لِلَّذِينَ أَشۡرَكُواْ مَكَانَكُمۡ أَنتُمۡ وَشُرَكَآؤُكُمۡۚ فَزَيَّلۡنَا بَيۡنَهُمۡۖ وَقَالَ شُرَكَآؤُهُم مَّا كُنتُمۡ إِيَّانَا تَعۡبُدُونَ
Ɛda a Yεbεboa wͻn nyinaa ano no, Yεbεka akyerε wͻn a wͻde biribi bataa Nyankopͻn ho no sε: “Mo ne wͻn a mode wͻn bataa Nyankopͻn ho no, monnyina faako a mogyina no ara. Na Yεbεpaepae wͻn ntam. Wͻn a wͻde wͻn bataa Nyankopͻn ho no bεka akyerε (abosomsomfoͻ no) sε: “Yεn deε εnyε yεn na na mosom yεn no”.
阿拉伯语经注:
فَكَفَىٰ بِٱللَّهِ شَهِيدَۢا بَيۡنَنَا وَبَيۡنَكُمۡ إِن كُنَّا عَنۡ عِبَادَتِكُمۡ لَغَٰفِلِينَ
Onyankopͻn som bo sε Ɔdanseni wͻ yεn ne montam sε, yεn deε yɛnnim som a na mosom (yεn) no ho hwee.
阿拉伯语经注:
هُنَالِكَ تَبۡلُواْ كُلُّ نَفۡسٖ مَّآ أَسۡلَفَتۡۚ وَرُدُّوٓاْ إِلَى ٱللَّهِ مَوۡلَىٰهُمُ ٱلۡحَقِّۖ وَضَلَّ عَنۡهُم مَّا كَانُواْ يَفۡتَرُونَ
Ɛhͻ na ͻkra biara bɛhunu dwuma a (ɔdi) detoo n’anim, na yεde wͻn bεsan akͻ wͻn Wura paa no hͻ, na nkontompo a wͻbͻͻ wͻn tirim twaeε no bεyera afiri wͻn ho.
阿拉伯语经注:
قُلۡ مَن يَرۡزُقُكُم مِّنَ ٱلسَّمَآءِ وَٱلۡأَرۡضِ أَمَّن يَمۡلِكُ ٱلسَّمۡعَ وَٱلۡأَبۡصَٰرَ وَمَن يُخۡرِجُ ٱلۡحَيَّ مِنَ ٱلۡمَيِّتِ وَيُخۡرِجُ ٱلۡمَيِّتَ مِنَ ٱلۡحَيِّ وَمَن يُدَبِّرُ ٱلۡأَمۡرَۚ فَسَيَقُولُونَ ٱللَّهُۚ فَقُلۡ أَفَلَا تَتَّقُونَ
(Nkͻmhyεni), ka sε: “Hwan na ͻbͻ mo akͻnhoma firi soro ne asaase soͻ? Anaasε hwan na ͻwͻ aso a εte asεm ne ani a ehunu adeε no ho tumi? Na hwan na ͻma ateasefoͻ pue firi awufoͻ mu, na ͻma awufoͻ nso pue firi ateasefoͻ mu? Na hwan na ͻtoto ntotoeε (nyinaa)?” Deε wͻbεka nesε, “Onyankopͻn.“ Ɛneε ka sε: “Enti monsuro Nyankopͻn?”
阿拉伯语经注:
فَذَٰلِكُمُ ٱللَّهُ رَبُّكُمُ ٱلۡحَقُّۖ فَمَاذَا بَعۡدَ ٱلۡحَقِّ إِلَّا ٱلضَّلَٰلُۖ فَأَنَّىٰ تُصۡرَفُونَ
Mo Wura Nyankopͻn paa no ne no. Na εdeεn na εwͻ nokorε akyi bio, gyesε ͻyera (anaasε nkontompo)? Na adεn na modane mo ho (firi nokorε no ho)?
阿拉伯语经注:
كَذَٰلِكَ حَقَّتۡ كَلِمَتُ رَبِّكَ عَلَى ٱلَّذِينَ فَسَقُوٓاْ أَنَّهُمۡ لَا يُؤۡمِنُونَ
Saa na wo Wura Nyankopͻn asεm ayε nokorε atia abͻneεfoͻ no, nokorε sε wͻnnye nni.
阿拉伯语经注:
 
含义的翻译 章: 优努斯
章节目录 页码
 
《古兰经》译解 - 阿坎语翻译 - 阿散蒂语 - 哈伦·易斯梅尔 - 译解目录

由谢赫·哈伦·伊斯玛仪翻译。

关闭