Check out the new design

《古兰经》译解 - 阿坎语翻译 - 阿散蒂语 - 哈伦·易斯梅尔 * - 译解目录

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

含义的翻译 章: 优努斯   段:
وَمِنۡهُم مَّن يَنظُرُ إِلَيۡكَۚ أَفَأَنتَ تَهۡدِي ٱلۡعُمۡيَ وَلَوۡ كَانُواْ لَا يُبۡصِرُونَ
Wͻn mu bi wͻ hͻ a wͻhwε woͻ. Enti wobɛtumi akyerε onifrani kwan, sε wͻnhunu adeε mpo a?
阿拉伯语经注:
إِنَّ ٱللَّهَ لَا يَظۡلِمُ ٱلنَّاسَ شَيۡـٔٗا وَلَٰكِنَّ ٱلنَّاسَ أَنفُسَهُمۡ يَظۡلِمُونَ
Nokorε sε, Nyankopͻn nsisi nnipa wͻ hwee ho, na mmom nnipa no ara na wͻsisi wͻn ho.
阿拉伯语经注:
وَيَوۡمَ يَحۡشُرُهُمۡ كَأَن لَّمۡ يَلۡبَثُوٓاْ إِلَّا سَاعَةٗ مِّنَ ٱلنَّهَارِ يَتَعَارَفُونَ بَيۡنَهُمۡۚ قَدۡ خَسِرَ ٱلَّذِينَ كَذَّبُواْ بِلِقَآءِ ٱللَّهِ وَمَا كَانُواْ مُهۡتَدِينَ
Ɛda a Ɔbεboa wͻn ano no εbεyε wͻn sε wͻntenaa (wiase anaa adakamena mu) da, na mmom (sε watena mu mpo a εyε) adekyeε mu dͻnhwere (tiaa) bi; na wͻbɛhu wͻn ho wͻn ho. Nokorε wͻn a wͻbuu Nyankopͻn Nhyiamu (Da) no sε atorͻsεm no aberε agu, na wͻnyε atenenefoͻ.
阿拉伯语经注:
وَإِمَّا نُرِيَنَّكَ بَعۡضَ ٱلَّذِي نَعِدُهُمۡ أَوۡ نَتَوَفَّيَنَّكَ فَإِلَيۡنَا مَرۡجِعُهُمۡ ثُمَّ ٱللَّهُ شَهِيدٌ عَلَىٰ مَا يَفۡعَلُونَ
Sε Yεbɛyi deε Yɛahyε wͻn ho bͻ no mu bi akyerε wo (wͻ wo nkwa nna mu), anaasε Yεbεma wo awuo (ansa), Yεn hͻ ne wͻn nyinaa nkyi, na Onyankopͻn ne dwuma a wͻdie no ho Danseni.
阿拉伯语经注:
وَلِكُلِّ أُمَّةٖ رَّسُولٞۖ فَإِذَا جَآءَ رَسُولُهُمۡ قُضِيَ بَيۡنَهُم بِٱلۡقِسۡطِ وَهُمۡ لَا يُظۡلَمُونَ
Ɔman biara wͻ ͻsomafoͻ. Enti sε wͻn somafoͻ no ba (wͻ Atemmuda) a, yεbɛbu wͻn ntam atεn pεpεεpε na yɛnsisi wͻn.
阿拉伯语经注:
وَيَقُولُونَ مَتَىٰ هَٰذَا ٱلۡوَعۡدُ إِن كُنتُمۡ صَٰدِقِينَ
Deԑ wͻka ne sε: “Ɛberε bεn na saa bͻhyε no (bɛsie), sε moyε nokwafoͻ ampa a?”
阿拉伯语经注:
قُل لَّآ أَمۡلِكُ لِنَفۡسِي ضَرّٗا وَلَا نَفۡعًا إِلَّا مَا شَآءَ ٱللَّهُۗ لِكُلِّ أُمَّةٍ أَجَلٌۚ إِذَا جَآءَ أَجَلُهُمۡ فَلَا يَسۡتَـٔۡخِرُونَ سَاعَةٗ وَلَا يَسۡتَقۡدِمُونَ
Ka sε: “Menni deε εma me ͻhaw anaasε mfasoͻ ho tumi, gyesε deε Onyankopͻn pε. Ɔman biara wͻ εberε (a yɛahyehyε ama no), sε wͻn berε no so a, εnka akyi dͻnhwere baako, εna εnkͻ n’anim nso (dͻnhwere baako)
阿拉伯语经注:
قُلۡ أَرَءَيۡتُمۡ إِنۡ أَتَىٰكُمۡ عَذَابُهُۥ بَيَٰتًا أَوۡ نَهَارٗا مَّاذَا يَسۡتَعۡجِلُ مِنۡهُ ٱلۡمُجۡرِمُونَ
Ka sε: “Moahunu, sε N’asotwee no ba mo so adekyeε (berɛ mu) anaasε anadwo (berɛ mu) a, emu deε εwͻ hen na abͻneεfoͻ no repre ho no?”
阿拉伯语经注:
أَثُمَّ إِذَا مَا وَقَعَ ءَامَنتُم بِهِۦٓۚ ءَآلۡـَٰٔنَ وَقَدۡ كُنتُم بِهِۦ تَسۡتَعۡجِلُونَ
Anaasε esi wie a na mobεgye adie? Seesei; (afei na moagye adie?) Ampa sε na morepε no ntεm.
阿拉伯语经注:
ثُمَّ قِيلَ لِلَّذِينَ ظَلَمُواْ ذُوقُواْ عَذَابَ ٱلۡخُلۡدِ هَلۡ تُجۡزَوۡنَ إِلَّا بِمَا كُنتُمۡ تَكۡسِبُونَ
Afei yεbεka akyerε wͻn a wͻyεε bͻne no sε: “Monka afe bͻͻ asotwee no nhwε; dwuma a modiiε no so akatua na yεde atua moka.
阿拉伯语经注:
۞ وَيَسۡتَنۢبِـُٔونَكَ أَحَقٌّ هُوَۖ قُلۡ إِي وَرَبِّيٓ إِنَّهُۥ لَحَقّٞۖ وَمَآ أَنتُم بِمُعۡجِزِينَ
(Nkͻmhyεni), wͻrebisa wo sε: “Ɛno yε nokorε?“ Ka sε: Aane; Mede me Wura Nyankopͻn di nse sε, nokorε paa; na montumi nsi ho kwan”.
阿拉伯语经注:
 
含义的翻译 章: 优努斯
章节目录 页码
 
《古兰经》译解 - 阿坎语翻译 - 阿散蒂语 - 哈伦·易斯梅尔 - 译解目录

由谢赫·哈伦·伊斯玛仪翻译。

关闭