Check out the new design

《古兰经》译解 - 阿坎语翻译 - 阿散蒂语 - 哈伦·易斯梅尔 * - 译解目录

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

含义的翻译 章: 奈哈里   段:
وَتَحۡمِلُ أَثۡقَالَكُمۡ إِلَىٰ بَلَدٖ لَّمۡ تَكُونُواْ بَٰلِغِيهِ إِلَّا بِشِقِّ ٱلۡأَنفُسِۚ إِنَّ رَبَّكُمۡ لَرَءُوفٞ رَّحِيمٞ
Wͻsoa mo adesoa nso dekͻ nkuro so a, anka mobεbrε mo ho paa ansa na moaduru hͻ. Nokorε sε mo Wura Nyankopͻn yε Ayεmyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene.
阿拉伯语经注:
وَٱلۡخَيۡلَ وَٱلۡبِغَالَ وَٱلۡحَمِيرَ لِتَرۡكَبُوهَا وَزِينَةٗۚ وَيَخۡلُقُ مَا لَا تَعۡلَمُونَ
(Wabͻ) apͻnkͻ ne mfunumu-pͻnkͻ ne mfunumu, sεdeε mobεtena wͻn so, na asan ayε afεfεdeε (ama mo); na Ɔbͻ adeε nso a monnim.
阿拉伯语经注:
وَعَلَى ٱللَّهِ قَصۡدُ ٱلسَّبِيلِ وَمِنۡهَا جَآئِرٞۚ وَلَوۡ شَآءَ لَهَدَىٰكُمۡ أَجۡمَعِينَ
Onyankopͻn na εyε N’asεdeε sε Ɔkyerε kwan tenee no; na akwan no bi nso wͻ hͻ a amane. Sε εyε Nepε a, anka Ɔbεkyerε mo nyinaa kwan (tenenee no).
阿拉伯语经注:
هُوَ ٱلَّذِيٓ أَنزَلَ مِنَ ٱلسَّمَآءِ مَآءٗۖ لَّكُم مِّنۡهُ شَرَابٞ وَمِنۡهُ شَجَرٞ فِيهِ تُسِيمُونَ
Ɔno na Ɔsane nsuo firi soro a emu bi na monom, εna ebi nso na yεdema nnua a mo nyεmmoa die no nso (nyini),
阿拉伯语经注:
يُنۢبِتُ لَكُم بِهِ ٱلزَّرۡعَ وَٱلزَّيۡتُونَ وَٱلنَّخِيلَ وَٱلۡأَعۡنَٰبَ وَمِن كُلِّ ٱلثَّمَرَٰتِۚ إِنَّ فِي ذَٰلِكَ لَأٓيَةٗ لِّقَوۡمٖ يَتَفَكَّرُونَ
(Ɔsan nso) de ma mfudeε ne ngo nnua ne akyiresua nnua, ne bobe ne nnuaba ahodoͻ nyini ma mo. Nokorε sε, nsεnkyerεnee wͻ wei nom mu dema nnipa a wͻdwen.
阿拉伯语经注:
وَسَخَّرَ لَكُمُ ٱلَّيۡلَ وَٱلنَّهَارَ وَٱلشَّمۡسَ وَٱلۡقَمَرَۖ وَٱلنُّجُومُ مُسَخَّرَٰتُۢ بِأَمۡرِهِۦٓۚ إِنَّ فِي ذَٰلِكَ لَأٓيَٰتٖ لِّقَوۡمٖ يَعۡقِلُونَ
Ɛna Wabrε anadwo ne adekyeε ase ama mo, εna awia ne bosome ne nsoromma nso brε wͻn ho ase wͻ N’ahyεdeε mu. Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ wei mu dema wͻn a wͻdwen.
阿拉伯语经注:
وَمَا ذَرَأَ لَكُمۡ فِي ٱلۡأَرۡضِ مُخۡتَلِفًا أَلۡوَٰنُهُۥٓۚ إِنَّ فِي ذَٰلِكَ لَأٓيَةٗ لِّقَوۡمٖ يَذَّكَّرُونَ
Deε Wadua ama mo wͻ asaase soͻ no nso gu ahodoͻ sononko-sononko. Nokorε sε, nsεnkyerεnee wͻ wei mu dema wͻn a wͻkaekaeε.
阿拉伯语经注:
وَهُوَ ٱلَّذِي سَخَّرَ ٱلۡبَحۡرَ لِتَأۡكُلُواْ مِنۡهُ لَحۡمٗا طَرِيّٗا وَتَسۡتَخۡرِجُواْ مِنۡهُ حِلۡيَةٗ تَلۡبَسُونَهَاۖ وَتَرَى ٱلۡفُلۡكَ مَوَاخِرَ فِيهِ وَلِتَبۡتَغُواْ مِن فَضۡلِهِۦ وَلَعَلَّكُمۡ تَشۡكُرُونَ
Ɔno na Wabrε ɛpo ase sεdeε mobɛdi emu nam mono, na moayi emu agudeε a mode hyε. Na wohunu nsuom hyεn sε εnam mu, sεdeε mobεhwehwε N’adom, ne sεdeε mobɛyi (Onyankopͻn) ayε.
阿拉伯语经注:
 
含义的翻译 章: 奈哈里
章节目录 页码
 
《古兰经》译解 - 阿坎语翻译 - 阿散蒂语 - 哈伦·易斯梅尔 - 译解目录

由谢赫·哈伦·伊斯玛仪翻译。

关闭