Check out the new design

《古兰经》译解 - 阿坎语翻译 - 阿散蒂语 - 哈伦·易斯梅尔 * - 译解目录

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

含义的翻译 章: 奈哈里   段:
وَقَالَ ٱلَّذِينَ أَشۡرَكُواْ لَوۡ شَآءَ ٱللَّهُ مَا عَبَدۡنَا مِن دُونِهِۦ مِن شَيۡءٖ نَّحۡنُ وَلَآ ءَابَآؤُنَا وَلَا حَرَّمۡنَا مِن دُونِهِۦ مِن شَيۡءٖۚ كَذَٰلِكَ فَعَلَ ٱلَّذِينَ مِن قَبۡلِهِمۡۚ فَهَلۡ عَلَى ٱلرُّسُلِ إِلَّا ٱلۡبَلَٰغُ ٱلۡمُبِينُ
Deε wͻn a wͻde biribi abata Nyankopͻn ho no keka nesε: “Sε εyε Nyankopͻn pε a, anka yεn, anaasε yɛn agyanom ansom biribi anka Ne ho, na anka yɛammra biribi ka Ne deε no ho. Saa ara na wͻn a wͻdii wͻn anim kan no yͻeε. Enti εnyε Ɔsomafoͻ adwuma ara ne sε ͻbͻ asεm no ho dawuro kyerεkyerε mu anaa?
阿拉伯语经注:
وَلَقَدۡ بَعَثۡنَا فِي كُلِّ أُمَّةٖ رَّسُولًا أَنِ ٱعۡبُدُواْ ٱللَّهَ وَٱجۡتَنِبُواْ ٱلطَّٰغُوتَۖ فَمِنۡهُم مَّنۡ هَدَى ٱللَّهُ وَمِنۡهُم مَّنۡ حَقَّتۡ عَلَيۡهِ ٱلضَّلَٰلَةُۚ فَسِيرُواْ فِي ٱلۡأَرۡضِ فَٱنظُرُواْ كَيۡفَ كَانَ عَٰقِبَةُ ٱلۡمُكَذِّبِينَ
Ampa sε, Yεsomaa Ɔsomafoͻ maa no kͻͻ ͻman biara so (de nkra hyεε n’ano sε): “Monsom Nyankopͻn, na montwe mo ho mfiri abosomsom anaasε ͻbonsam ho. Wͻn mu bi wͻ hͻ a Nyankopͻn kyerεε wͻn kwan, wͻn mu bi nso wͻ hͻ a ͻno deε yera no yεε nokorε tiaa no. Enti montu kwan wͻ asaase no so na monhwε sεdeε wͻn a wͻannye annie no awieeε si wieeε.
阿拉伯语经注:
إِن تَحۡرِصۡ عَلَىٰ هُدَىٰهُمۡ فَإِنَّ ٱللَّهَ لَا يَهۡدِي مَن يُضِلُّۖ وَمَا لَهُم مِّن نَّٰصِرِينَ
(Nkͻmhyεni), sε woyere wo ho wͻ wͻn kwankyerε no ho mpo a, εneε nokorε sε Onyankopͻn deε Ɔntene obi a Wayera no, na wͻnnya aboafoͻ nso.
阿拉伯语经注:
وَأَقۡسَمُواْ بِٱللَّهِ جَهۡدَ أَيۡمَٰنِهِمۡ لَا يَبۡعَثُ ٱللَّهُ مَن يَمُوتُۚ بَلَىٰ وَعۡدًا عَلَيۡهِ حَقّٗا وَلَٰكِنَّ أَكۡثَرَ ٱلنَّاسِ لَا يَعۡلَمُونَ
Wͻde Nyankopͻn di wͻn nse akεseε no sε: “Onyankopͻn nnyane obi a wawuo (biara). Aane, (awufoͻ nyane no deε) εyε nokorε bͻhyε a εda Ne soͻ, nanso nnipa pii nnim.
阿拉伯语经注:
لِيُبَيِّنَ لَهُمُ ٱلَّذِي يَخۡتَلِفُونَ فِيهِ وَلِيَعۡلَمَ ٱلَّذِينَ كَفَرُوٓاْ أَنَّهُمۡ كَانُواْ كَٰذِبِينَ
Sεdeε Ɔbεkyerεkyerε deε wͻnte wͻn ho ase wͻ ho no mu akyerε wͻn, na wͻn a wͻnnye nnie no bɛhunu sε nokorε, na wͻyε atorofoͻ.
阿拉伯语经注:
إِنَّمَا قَوۡلُنَا لِشَيۡءٍ إِذَآ أَرَدۡنَٰهُ أَن نَّقُولَ لَهُۥ كُن فَيَكُونُ
Nokorε sε, sε Yεpε biribi a, Y’asεm a yεka kyerε adekorͻ no ara ne sε: “Yε!’ “ Na ayε.
阿拉伯语经注:
وَٱلَّذِينَ هَاجَرُواْ فِي ٱللَّهِ مِنۢ بَعۡدِ مَا ظُلِمُواْ لَنُبَوِّئَنَّهُمۡ فِي ٱلدُّنۡيَا حَسَنَةٗۖ وَلَأَجۡرُ ٱلۡأٓخِرَةِ أَكۡبَرُۚ لَوۡ كَانُواْ يَعۡلَمُونَ
Wͻn a wͻatu amantuo wͻ Onyankopͻn ho nti wͻ akyire yi a (boniayεfoͻ no) ayε wͻn bͻne no, Yεbεma wͻn asetena pa wͻ wiase ha, na mmom Daakye akatua no na εso paa, sε anka wͻnim a.
阿拉伯语经注:
ٱلَّذِينَ صَبَرُواْ وَعَلَىٰ رَبِّهِمۡ يَتَوَكَّلُونَ
(Wͻne) wͻn a wͻsii aboterε na wͻde wͻn ho too wͻn Wura Nyankopͻn soͻ no.
阿拉伯语经注:
 
含义的翻译 章: 奈哈里
章节目录 页码
 
《古兰经》译解 - 阿坎语翻译 - 阿散蒂语 - 哈伦·易斯梅尔 - 译解目录

由谢赫·哈伦·伊斯玛仪翻译。

关闭