Check out the new design

《古兰经》译解 - 阿坎语翻译 - 阿散蒂语 - 哈伦·易斯梅尔 * - 译解目录

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

含义的翻译 章: 拜格勒   段:
وَبَشِّرِ ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ وَعَمِلُواْ ٱلصَّٰلِحَٰتِ أَنَّ لَهُمۡ جَنَّٰتٖ تَجۡرِي مِن تَحۡتِهَا ٱلۡأَنۡهَٰرُۖ كُلَّمَا رُزِقُواْ مِنۡهَا مِن ثَمَرَةٖ رِّزۡقٗا قَالُواْ هَٰذَا ٱلَّذِي رُزِقۡنَا مِن قَبۡلُۖ وَأُتُواْ بِهِۦ مُتَشَٰبِهٗاۖ وَلَهُمۡ فِيهَآ أَزۡوَٰجٞ مُّطَهَّرَةٞۖ وَهُمۡ فِيهَا خَٰلِدُونَ
Na fa anigyesεm no ho bͻhyε ma wͻn a wͻ’agye adie na wͻ’di dwuma pa no sε, nokorε, wͻn wͻ ͻsoro Aheman a nsubͻnten nenam aseε. Ɛberε biara a yεde emu aduaba no bi bεbͻ wͻn akͻnhoma no, deε wͻ’bεka ne sε: “Yεde woi bi abͻ yεn akͻnhoma pεn.” Yama wͻn nesεso. Wͻ’wͻ ayerenom ahotewfoͻ wͻ mu; na (Aheman no) mu na wͻ’bεtena afe bͻͻ.
阿拉伯语经注:
۞ إِنَّ ٱللَّهَ لَا يَسۡتَحۡيِۦٓ أَن يَضۡرِبَ مَثَلٗا مَّا بَعُوضَةٗ فَمَا فَوۡقَهَاۚ فَأَمَّا ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ فَيَعۡلَمُونَ أَنَّهُ ٱلۡحَقُّ مِن رَّبِّهِمۡۖ وَأَمَّا ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ فَيَقُولُونَ مَاذَآ أَرَادَ ٱللَّهُ بِهَٰذَا مَثَلٗاۘ يُضِلُّ بِهِۦ كَثِيرٗا وَيَهۡدِي بِهِۦ كَثِيرٗاۚ وَمَا يُضِلُّ بِهِۦٓ إِلَّا ٱلۡفَٰسِقِينَ
Nokorε sε εnyε Nyankopͻn aniwu sε, Ɔde ntontom anaa deε εkyεn saa anaa deԑ ennuru saa bεyε mfatoho. Wͻn a wͻ’agye adie no deε wͻ’nim sε εyε Nokorε a efri wͻn Wura Nyankopͻn hͻ. Na wͻn a wͻ’yi boniayε no nso, deε wͻ’ka ne sε: “Ɛdeεn na Nyankopͻn de saa mfatoho yi rehwehwε akyerε?” (Nyankopͻn) deyera (nnipa) pii, εna Ɔde kyerε (nnipa) pii nso kwan. Na Ɔmfa nnyera obiara gyesε abͻneεfoɔ no;
阿拉伯语经注:
ٱلَّذِينَ يَنقُضُونَ عَهۡدَ ٱللَّهِ مِنۢ بَعۡدِ مِيثَٰقِهِۦ وَيَقۡطَعُونَ مَآ أَمَرَ ٱللَّهُ بِهِۦٓ أَن يُوصَلَ وَيُفۡسِدُونَ فِي ٱلۡأَرۡضِۚ أُوْلَٰٓئِكَ هُمُ ٱلۡخَٰسِرُونَ
Wͻn a wͻ’to Nyankopͻn apam wͻ akyire yi (apam) no agyina; Na wͻ’tete deε Nyankopͻn ahyε sε yεnka mmom no ntεm, na wͻ’di nsεmmͻnee wͻ asaase soɔ no, saa nkorͻfoɔ no ne berεguofoɔ no.
阿拉伯语经注:
كَيۡفَ تَكۡفُرُونَ بِٱللَّهِ وَكُنتُمۡ أَمۡوَٰتٗا فَأَحۡيَٰكُمۡۖ ثُمَّ يُمِيتُكُمۡ ثُمَّ يُحۡيِيكُمۡ ثُمَّ إِلَيۡهِ تُرۡجَعُونَ
Ɛdeεn nti na εsεsε moyi Nyankopͻn boniayε wͻ aberε a na anka moyε awufoͻ εna Ɔmaa mo nkwa, na Ɔbεsan ama mo awu, na afei W’asan anyane mo, na afei Nehͻ na mobεsan akͻ.
阿拉伯语经注:
هُوَ ٱلَّذِي خَلَقَ لَكُم مَّا فِي ٱلۡأَرۡضِ جَمِيعٗا ثُمَّ ٱسۡتَوَىٰٓ إِلَى ٱلسَّمَآءِ فَسَوَّىٰهُنَّ سَبۡعَ سَمَٰوَٰتٖۚ وَهُوَ بِكُلِّ شَيۡءٍ عَلِيمٞ
Ɔno na Ɔbͻͻ deε εwͻ asaase so nyinaa demaa mo. Afei Ɔdanee N’ani kyerεε soro, εna Ɔyεε no ͻsoro nson. Ɔno ne biribiara ho Nimdefoͻ.
阿拉伯语经注:
 
含义的翻译 章: 拜格勒
章节目录 页码
 
《古兰经》译解 - 阿坎语翻译 - 阿散蒂语 - 哈伦·易斯梅尔 - 译解目录

由谢赫·哈伦·伊斯玛仪翻译。

关闭