Check out the new design

《古兰经》译解 - 阿坎语翻译 - 阿散蒂语 - 哈伦·易斯梅尔 * - 译解目录

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

含义的翻译 章: 拜格勒   段:
إِنَّ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ سَوَآءٌ عَلَيۡهِمۡ ءَأَنذَرۡتَهُمۡ أَمۡ لَمۡ تُنذِرۡهُمۡ لَا يُؤۡمِنُونَ
Nokorε sε, wͻn a wͻ’po (nokorε) no deε, εyε asεm korͻ ma wͻn; sε wotu wͻn fo o, anaasε w’anntu wͻn fo o, wͻ’nnye nni.
阿拉伯语经注:
خَتَمَ ٱللَّهُ عَلَىٰ قُلُوبِهِمۡ وَعَلَىٰ سَمۡعِهِمۡۖ وَعَلَىٰٓ أَبۡصَٰرِهِمۡ غِشَٰوَةٞۖ وَلَهُمۡ عَذَابٌ عَظِيمٞ
Nyankopͻn asi wͻn akoma ne wͻn aso, na wͻn ani nso akatasoͻ kata so; na wͻn wͻ asotwee kεseε paa.
阿拉伯语经注:
وَمِنَ ٱلنَّاسِ مَن يَقُولُ ءَامَنَّا بِٱللَّهِ وَبِٱلۡيَوۡمِ ٱلۡأٓخِرِ وَمَا هُم بِمُؤۡمِنِينَ
Nnipa no mu bi nso wͻhͻ a, wͻ’ka sε: “Yε’gye Nyankopͻn ne Da a etwa toͻ no di, aberε nso a wͻ’nnyε agyidiefoͻ.
阿拉伯语经注:
يُخَٰدِعُونَ ٱللَّهَ وَٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ وَمَا يَخۡدَعُونَ إِلَّآ أَنفُسَهُمۡ وَمَا يَشۡعُرُونَ
(Wͻn adwen ne sε) wͻ’redaadaa Nyankopͻn ne wͻn a wͻ’agye adie no; wͻn ara na wͻ’redaadaa wͻn ho nanso wͻ’nnim.
阿拉伯语经注:
فِي قُلُوبِهِم مَّرَضٞ فَزَادَهُمُ ٱللَّهُ مَرَضٗاۖ وَلَهُمۡ عَذَابٌ أَلِيمُۢ بِمَا كَانُواْ يَكۡذِبُونَ
Yadeε wͻ wͻn akoma mu, enti Nyankopͻn de yadeε no bio aka wͻn ho; na asotwee a εyε ya paa da hͻ ma wͻn, εnam atorͻsεm a wͻ’die no ho nti.
阿拉伯语经注:
وَإِذَا قِيلَ لَهُمۡ لَا تُفۡسِدُواْ فِي ٱلۡأَرۡضِ قَالُوٓاْ إِنَّمَا نَحۡنُ مُصۡلِحُونَ
Sε yεka kyerε wͻn sε: “Monhwε na moanni nsεmmͻne wͻ asaase no so a”, deε wͻ’ka ne sε: “Yεn mmom na yεreyε ntotoeε pa.”
阿拉伯语经注:
أَلَآ إِنَّهُمۡ هُمُ ٱلۡمُفۡسِدُونَ وَلَٰكِن لَّا يَشۡعُرُونَ
Ampa sε, wͻ’ne nsεmmͻnedifoͻ no, nanso wͻ’nhunu saa.
阿拉伯语经注:
وَإِذَا قِيلَ لَهُمۡ ءَامِنُواْ كَمَآ ءَامَنَ ٱلنَّاسُ قَالُوٓاْ أَنُؤۡمِنُ كَمَآ ءَامَنَ ٱلسُّفَهَآءُۗ أَلَآ إِنَّهُمۡ هُمُ ٱلسُّفَهَآءُ وَلَٰكِن لَّا يَعۡلَمُونَ
Sε yεka kyerε wͻn sε: “Monye ni sεdeε nnipa no agye adie no a”, deε wͻ’ka nesε, yεnye ni sεdeε nkwaseafoͻ no agye adie no?” Nokorε nso sε, wͻn mmom ne nkwaseafoͻ no, nanso wͻ’nnim.
阿拉伯语经注:
وَإِذَا لَقُواْ ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ قَالُوٓاْ ءَامَنَّا وَإِذَا خَلَوۡاْ إِلَىٰ شَيَٰطِينِهِمۡ قَالُوٓاْ إِنَّا مَعَكُمۡ إِنَّمَا نَحۡنُ مُسۡتَهۡزِءُونَ
Sε wͻ’hyia wͻn a wͻ’agye adie no a, wͻ’ka (de daadaa wͻn) sε: ”Yε’gye di”. Sε wͻ’san kͻ wͻn abonsamfoͻ no hͻ na εka wͻ’ne wͻn nko ara a, deε wͻ’ka nesε: “Nokorε sε yε’ka mo ho, na mmom yεredi (wͻn ho) fεw kwa”.
阿拉伯语经注:
ٱللَّهُ يَسۡتَهۡزِئُ بِهِمۡ وَيَمُدُّهُمۡ فِي طُغۡيَٰنِهِمۡ يَعۡمَهُونَ
Nyankopͻn betua wͻn fεw die no so ka, na W’ama wͻn kwan wͻ wͻn asoͻden no mu ama wͻn adi akͻneaba wᴐ anifira mu.
阿拉伯语经注:
أُوْلَٰٓئِكَ ٱلَّذِينَ ٱشۡتَرَوُاْ ٱلضَّلَٰلَةَ بِٱلۡهُدَىٰ فَمَا رَبِحَت تِّجَٰرَتُهُمۡ وَمَا كَانُواْ مُهۡتَدِينَ
Saa nkorͻfoͻ no na wͻ’de tenenee no akͻtͻ yera; na mfasoͻ biara amma wͻn adwadie no so, na wͻ’nnyε ateneneefoͻ.
阿拉伯语经注:
 
含义的翻译 章: 拜格勒
章节目录 页码
 
《古兰经》译解 - 阿坎语翻译 - 阿散蒂语 - 哈伦·易斯梅尔 - 译解目录

由谢赫·哈伦·伊斯玛仪翻译。

关闭