Check out the new design

《古兰经》译解 - 阿坎语翻译 - 阿散蒂语 - 哈伦·易斯梅尔 * - 译解目录

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

含义的翻译 章: 福勒嘎里   段:
إِذَا رَأَتۡهُم مِّن مَّكَانِۭ بَعِيدٖ سَمِعُواْ لَهَا تَغَيُّظٗا وَزَفِيرٗا
Sε (Amane-hunu gya) no hu wͻn wͻ akyirikyiri baabi a, wͻbεte sε εde abufu-hyeε rebobͻ mu na εrepͻ soͻ.
阿拉伯语经注:
وَإِذَآ أُلۡقُواْ مِنۡهَا مَكَانٗا ضَيِّقٗا مُّقَرَّنِينَ دَعَوۡاْ هُنَالِكَ ثُبُورٗا
Sε yεgu wͻn mpokyerε to wͻn gu bea bi a εhͻ kyere (wͻ ogya no mu a), wͻbεsu afrε owuo.
阿拉伯语经注:
لَّا تَدۡعُواْ ٱلۡيَوۡمَ ثُبُورٗا وَٰحِدٗا وَٱدۡعُواْ ثُبُورٗا كَثِيرٗا
“Monhwε na moannsu amfrε owuo prεko pε, na mmom monsu mfrε owuo bebree”
阿拉伯语经注:
قُلۡ أَذَٰلِكَ خَيۡرٌ أَمۡ جَنَّةُ ٱلۡخُلۡدِ ٱلَّتِي وُعِدَ ٱلۡمُتَّقُونَۚ كَانَتۡ لَهُمۡ جَزَآءٗ وَمَصِيرٗا
(Nkͻmhyεni), ka sε: “Saa (Amane-hunu gya no) na εyε, anaasε Soro aheman no a yԑde ahyε Nyamesurofoͻ no bͻ no a? (Ɛhͻ) bεyε akatua ama wͻn, na (εhͻ) bεyε wͻn nnkyi.
阿拉伯语经注:
لَّهُمۡ فِيهَا مَا يَشَآءُونَ خَٰلِدِينَۚ كَانَ عَلَىٰ رَبِّكَ وَعۡدٗا مَّسۡـُٔولٗا
Deε wͻpε biara bi wͻ hͻ ma wͻn, (εhͻ na) wͻbεtena afe bͻͻ. Woi yε bͻhyε a εwͻ wo Wura Nyankopͻn hͻ a ɛsɛsɛ yɛbɔ ho mpaeε srε.
阿拉伯语经注:
وَيَوۡمَ يَحۡشُرُهُمۡ وَمَا يَعۡبُدُونَ مِن دُونِ ٱللَّهِ فَيَقُولُ ءَأَنتُمۡ أَضۡلَلۡتُمۡ عِبَادِي هَٰٓؤُلَآءِ أَمۡ هُمۡ ضَلُّواْ ٱلسَّبِيلَ
Ɛda no a Ɔbεboaboa wͻn nyinaa ano, ne wͻn a wͻfirii Nyankopͻn akyi som wͻn (tesε soro abͻfoͻ, akronkronfoͻ, Yesu ne deε ekeka ho no), Nyankopͻn bεka sε: “Mo na moyeraa Me nkoa woinom, anaasε wͻn ara na wͻyera firii ͻkwan (tenenee) no soͻ?”
阿拉伯语经注:
قَالُواْ سُبۡحَٰنَكَ مَا كَانَ يَنۢبَغِي لَنَآ أَن نَّتَّخِذَ مِن دُونِكَ مِنۡ أَوۡلِيَآءَ وَلَٰكِن مَّتَّعۡتَهُمۡ وَءَابَآءَهُمۡ حَتَّىٰ نَسُواْ ٱلذِّكۡرَ وَكَانُواْ قَوۡمَۢا بُورٗا
Wͻbεka sε: “Kronkron Hene ne Wo. Na yɛnni ho kwan sε yɛfiri W’akyi fa akyitaafoͻ, nanso Womaa wͻne wͻn agyanom ahotͻ kͻpem sε wͻn werε firii Afutusεm no, na wͻkͻyεε nnipa a wͻn asopa (anaasε ayerafoͻ} “
阿拉伯语经注:
فَقَدۡ كَذَّبُوكُم بِمَا تَقُولُونَ فَمَا تَسۡتَطِيعُونَ صَرۡفٗا وَلَا نَصۡرٗاۚ وَمَن يَظۡلِم مِّنكُمۡ نُذِقۡهُ عَذَابٗا كَبِيرٗا
Enti (Nyankopͻn bεka sε): “Ampa sε, (wͻn a na mosom wͻn no akyerε sε) nkontomposεm na na mokeka no; na montumi nyi (asotwee no) mfri (mo ho so, na monnya) ͻboafoͻ nso. Momu biara a ͻbεyε bͻne no Yεbεma no aka asotwee a εsoo paa ahwε.
阿拉伯语经注:
وَمَآ أَرۡسَلۡنَا قَبۡلَكَ مِنَ ٱلۡمُرۡسَلِينَ إِلَّآ إِنَّهُمۡ لَيَأۡكُلُونَ ٱلطَّعَامَ وَيَمۡشُونَ فِي ٱلۡأَسۡوَاقِۗ وَجَعَلۡنَا بَعۡضَكُمۡ لِبَعۡضٖ فِتۡنَةً أَتَصۡبِرُونَۗ وَكَانَ رَبُّكَ بَصِيرٗا
(Nkͻmhyεni), asomafoͻ a Yɛdii w’anim kan somaa wͻn no nyinaa nokorԑ sԑ na wͻdi aduane, na wͻnante wͻ dwam. Yɛayε mo mu binom nsᴐhwԑ ama mo mu bi de hwԑ sԑ mobɛsi aboterε anaa? Wo Wura Nyankopͻn deε Ohunu biribiara.
阿拉伯语经注:
 
含义的翻译 章: 福勒嘎里
章节目录 页码
 
《古兰经》译解 - 阿坎语翻译 - 阿散蒂语 - 哈伦·易斯梅尔 - 译解目录

由谢赫·哈伦·伊斯玛仪翻译。

关闭