Check out the new design

《古兰经》译解 - 阿坎语翻译 - 阿散蒂语 - 哈伦·易斯梅尔 * - 译解目录

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

含义的翻译 章: 福勒嘎里   段:
أَمۡ تَحۡسَبُ أَنَّ أَكۡثَرَهُمۡ يَسۡمَعُونَ أَوۡ يَعۡقِلُونَۚ إِنۡ هُمۡ إِلَّا كَٱلۡأَنۡعَٰمِ بَلۡ هُمۡ أَضَلُّ سَبِيلًا
Anaa wodwen sε wͻn mu dodoͻ no tie, anaasε wͻte (deε woka kyerε wͻn no) ase? Wͻtesε ayεmmoa, daabi, wͻn ayera afiri kwan (tenenee) no so.
阿拉伯语经注:
أَلَمۡ تَرَ إِلَىٰ رَبِّكَ كَيۡفَ مَدَّ ٱلظِّلَّ وَلَوۡ شَآءَ لَجَعَلَهُۥ سَاكِنٗا ثُمَّ جَعَلۡنَا ٱلشَّمۡسَ عَلَيۡهِ دَلِيلٗا
Wonhunuu sεdeε wo Wura Nyankopͻn si fa twe sunsum mu. Sε Ɔpε a anka Ɔbεma no agyina faako. Nanso Yεde awia ayε kwankyerε (anaa nyinasoͻ) ama no.
阿拉伯语经注:
ثُمَّ قَبَضۡنَٰهُ إِلَيۡنَا قَبۡضٗا يَسِيرٗا
Afei na Yɛatwe no nkakra-nkakra de aba Yεn hͻ.
阿拉伯语经注:
وَهُوَ ٱلَّذِي جَعَلَ لَكُمُ ٱلَّيۡلَ لِبَاسٗا وَٱلنَّوۡمَ سُبَاتٗا وَجَعَلَ ٱلنَّهَارَ نُشُورٗا
Ɔno na Wayε anadwo akatasoͻ ama mo, εna (Wayε) nna nso ahomegyeε, εna Wayε adekyeε nso a (mode) sͻreε (tesε deε obi asͻre afiri owuo mu).
阿拉伯语经注:
وَهُوَ ٱلَّذِيٓ أَرۡسَلَ ٱلرِّيَٰحَ بُشۡرَۢا بَيۡنَ يَدَيۡ رَحۡمَتِهِۦۚ وَأَنزَلۡنَا مِنَ ٱلسَّمَآءِ مَآءٗ طَهُورٗا
Ɔno na Ɔsoma mframa sε anigyesεm de di N’ahummͻborͻ no (a εne nsutͻ) no anim kan, εna Osiane nsuo a εho teε fri soro, -
阿拉伯语经注:
لِّنُحۡـِۧيَ بِهِۦ بَلۡدَةٗ مَّيۡتٗا وَنُسۡقِيَهُۥ مِمَّا خَلَقۡنَآ أَنۡعَٰمٗا وَأَنَاسِيَّ كَثِيرٗا
De nyane asaase a awuo, εna Yεde ma ayεmmoa a Yɛabͻ, ne nnipa pii ma wͻnom.
阿拉伯语经注:
وَلَقَدۡ صَرَّفۡنَٰهُ بَيۡنَهُمۡ لِيَذَّكَّرُواْ فَأَبَىٰٓ أَكۡثَرُ ٱلنَّاسِ إِلَّا كُفُورٗا
Ampa sԑ Yɛakᴐ so akyerԑkyerԑ (Nsԑm no) mu yie akyerԑ wᴐn sԑdeԑ wᴐbԑkaekaeԑ anaa wᴐde bɛtu wᴐn ho foᴐ, nanso nnipa pii mpԑ (Nokorԑ no) na mmom wᴐkᴐ so yi boniayԑ.
阿拉伯语经注:
وَلَوۡ شِئۡنَا لَبَعَثۡنَا فِي كُلِّ قَرۡيَةٖ نَّذِيرٗا
Sε Yεpε a, anka Yεbεsoma kͻkͻbͻni wͻ kuro biara so.
阿拉伯语经注:
فَلَا تُطِعِ ٱلۡكَٰفِرِينَ وَجَٰهِدۡهُم بِهِۦ جِهَادٗا كَبِيرٗا
Enti (Nkͻmhyεni), entie (Kaafirfoͻ) boniayεfoͻ no, na fa (Qur’aan no) kotia wͻn nko dene mu paa.
阿拉伯语经注:
۞ وَهُوَ ٱلَّذِي مَرَجَ ٱلۡبَحۡرَيۡنِ هَٰذَا عَذۡبٞ فُرَاتٞ وَهَٰذَا مِلۡحٌ أُجَاجٞ وَجَعَلَ بَيۡنَهُمَا بَرۡزَخٗا وَحِجۡرٗا مَّحۡجُورٗا
Ɔno na Wama ͻpo mmienu no kwan ma no tenee; woi yε dε, dεdεεdε, εna woi nso yε nkyenekyene εyε nyono, εna Wayε εhyeε ne akwansideε ato ne mmienu ntεm.
阿拉伯语经注:
وَهُوَ ٱلَّذِي خَلَقَ مِنَ ٱلۡمَآءِ بَشَرٗا فَجَعَلَهُۥ نَسَبٗا وَصِهۡرٗاۗ وَكَانَ رَبُّكَ قَدِيرٗا
Ɔno na Ɔbͻͻ onipa fri nsuo mu, εna Wayε mogya-abusua ne awadeε-abusua ama no. Wo Wura Nyankopͻn ne Otumfoͻ a Otumi ade nyinaa yε.
阿拉伯语经注:
وَيَعۡبُدُونَ مِن دُونِ ٱللَّهِ مَا لَا يَنفَعُهُمۡ وَلَا يَضُرُّهُمۡۗ وَكَانَ ٱلۡكَافِرُ عَلَىٰ رَبِّهِۦ ظَهِيرٗا
Wͻn afri Nyankopͻn akyi som deε entumi mma wͻn mfasoͻ anaa ͻhaw biara. Boniayεni no deε ͻtaa (bͻne anaa ͻbonsam) akyi kotia ne Wura Nyankopͻn.
阿拉伯语经注:
 
含义的翻译 章: 福勒嘎里
章节目录 页码
 
《古兰经》译解 - 阿坎语翻译 - 阿散蒂语 - 哈伦·易斯梅尔 - 译解目录

由谢赫·哈伦·伊斯玛仪翻译。

关闭