Check out the new design

《古兰经》译解 - 阿坎语翻译 - 阿散蒂语 - 哈伦·易斯梅尔 * - 译解目录

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

含义的翻译 章: 阿里欧姆拉尼   段:

Al-Imraan

الٓمٓ
Alif Laam Miim.
阿拉伯语经注:
ٱللَّهُ لَآ إِلَٰهَ إِلَّا هُوَ ٱلۡحَيُّ ٱلۡقَيُّومُ
Nyankopͻn, awurade foforͻ biara nni hͻ gyesε Ɔno (nko ara); (Ɔne) Otumfoͻ a Ɔde Ne ho te Neho ase daa, kuta abͻdeε nyinaa mu, san bͻ wͻn ho ban.
阿拉伯语经注:
نَزَّلَ عَلَيۡكَ ٱلۡكِتَٰبَ بِٱلۡحَقِّ مُصَدِّقٗا لِّمَا بَيۡنَ يَدَيۡهِ وَأَنزَلَ ٱلتَّوۡرَىٰةَ وَٱلۡإِنجِيلَ
Ɔde nokorε no na asiane Nwoma no ama wo sε εmεhyε (Nwoma a) edi n’anim kan no mma; na (Odii kan) sianee Tora ene Injeel nso-
阿拉伯语经注:
مِن قَبۡلُ هُدٗى لِّلنَّاسِ وَأَنزَلَ ٱلۡفُرۡقَانَۗ إِنَّ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ بِـَٔايَٰتِ ٱللَّهِ لَهُمۡ عَذَابٞ شَدِيدٞۗ وَٱللَّهُ عَزِيزٞ ذُو ٱنتِقَامٍ
Kane, na εyε kwan kyerε (Nwoma) dema adasamma; εna W’asiane Fur’qaan: Nokorε sε, wͻn a wͻ’po Nyankopͻn nsεm no, wͻ asotwee a ano yε den paa. Nyankopͻn na Otumi ade nyinaa yε, Ɔno na Otua bͻne so ka.
阿拉伯语经注:
إِنَّ ٱللَّهَ لَا يَخۡفَىٰ عَلَيۡهِ شَيۡءٞ فِي ٱلۡأَرۡضِ وَلَا فِي ٱلسَّمَآءِ
Nokorε sε, biribiara nsuma Nyankopͻn wͻ asase so anaasε ͻsoro.
阿拉伯语经注:
هُوَ ٱلَّذِي يُصَوِّرُكُمۡ فِي ٱلۡأَرۡحَامِ كَيۡفَ يَشَآءُۚ لَآ إِلَٰهَ إِلَّا هُوَ ٱلۡعَزِيزُ ٱلۡحَكِيمُ
Ɔno ne Nea Ɔnwenee mo wͻ (mo maame nom) awodeε mu sεdeε Ɔpε; awurade foforͻ biara nni hͻ gyesε Ɔno nko ara, Ɔne Otumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yε, na Ɔne Onyansafoͻ no.
阿拉伯语经注:
هُوَ ٱلَّذِيٓ أَنزَلَ عَلَيۡكَ ٱلۡكِتَٰبَ مِنۡهُ ءَايَٰتٞ مُّحۡكَمَٰتٌ هُنَّ أُمُّ ٱلۡكِتَٰبِ وَأُخَرُ مُتَشَٰبِهَٰتٞۖ فَأَمَّا ٱلَّذِينَ فِي قُلُوبِهِمۡ زَيۡغٞ فَيَتَّبِعُونَ مَا تَشَٰبَهَ مِنۡهُ ٱبۡتِغَآءَ ٱلۡفِتۡنَةِ وَٱبۡتِغَآءَ تَأۡوِيلِهِۦۖ وَمَا يَعۡلَمُ تَأۡوِيلَهُۥٓ إِلَّا ٱللَّهُۗ وَٱلرَّٰسِخُونَ فِي ٱلۡعِلۡمِ يَقُولُونَ ءَامَنَّا بِهِۦ كُلّٞ مِّنۡ عِندِ رَبِّنَاۗ وَمَا يَذَّكَّرُ إِلَّآ أُوْلُواْ ٱلۡأَلۡبَٰبِ
Ɔno na W’asiane Nwoma no ama woͻ; emu nsεm no bi nteaseε da adi pefee (εnyε den) εno ne Nwoma no (mu nsεm no) titriw, na deε aka no nso yε abebuo anaasε mfatoho, (nenteaseε no nna fͻm). Wͻn a wͻn akoma adane afri nokorε no soͻ no di (Nwoma no mu) abebuo anaasε mfatoho (a, nenkyeraseε nna fͻm) no akyi dehwehwε mmusuo, san depε n’asekyerε (sεdeε wͻn ara pε). Obiara nnim nenkyeraseε gyesε Nyankopͻn. Wͻn a wͻ’aben wͻ nimdeε mu no ka sε: “Yε’gye di sε ne nyinaa fri ye’Wura Nyankopͻn hͻ”. Obi a ͻdwen ho ne nnipa mu mmadwemmafoͻ no.
阿拉伯语经注:
رَبَّنَا لَا تُزِغۡ قُلُوبَنَا بَعۡدَ إِذۡ هَدَيۡتَنَا وَهَبۡ لَنَا مِن لَّدُنكَ رَحۡمَةًۚ إِنَّكَ أَنتَ ٱلۡوَهَّابُ
Ye’Wura Nyankopͻn, εmma y’akoma mmane (mfri ͻkwan pa no so) wͻ akyire yi a W’akyerε yεn kwan tenenee no, na fa ahummͻborͻ a efri Wo hͻ no dom yεn, nokorε sε, Wone Ɔkyε adeε Hene no.
阿拉伯语经注:
رَبَّنَآ إِنَّكَ جَامِعُ ٱلنَّاسِ لِيَوۡمٖ لَّا رَيۡبَ فِيهِۚ إِنَّ ٱللَّهَ لَا يُخۡلِفُ ٱلۡمِيعَادَ
Ye’Wura Nyankopͻn, nokorε sε, Wobεboa nnipa (nyinaa) ano wͻ Da no a akyinnyeε biara nni ho no mu, nokorε sε, Nyankopͻn deε Ɔmmu bͻhyε no so.
阿拉伯语经注:
 
含义的翻译 章: 阿里欧姆拉尼
章节目录 页码
 
《古兰经》译解 - 阿坎语翻译 - 阿散蒂语 - 哈伦·易斯梅尔 - 译解目录

由谢赫·哈伦·伊斯玛仪翻译。

关闭