Check out the new design

《古兰经》译解 - 阿坎语翻译 - 阿散蒂语 - 哈伦·易斯梅尔 * - 译解目录

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

含义的翻译 章: 阿里欧姆拉尼   段:
إِنَّ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ لَن تُغۡنِيَ عَنۡهُمۡ أَمۡوَٰلُهُمۡ وَلَآ أَوۡلَٰدُهُم مِّنَ ٱللَّهِ شَيۡـٔٗاۖ وَأُوْلَٰٓئِكَ هُمۡ وَقُودُ ٱلنَّارِ
Nokorε sε, wͻn a wͻ’po Nokorε no, wͻn agyapadeε ne wͻn mma ho mma mfasoͻ biara mma wͻn nntia Nyankopͻn; saa nnipa no wͻ’ne Amanehunu gya no nyentia no.
阿拉伯语经注:
كَدَأۡبِ ءَالِ فِرۡعَوۡنَ وَٱلَّذِينَ مِن قَبۡلِهِمۡۚ كَذَّبُواْ بِـَٔايَٰتِنَا فَأَخَذَهُمُ ٱللَّهُ بِذُنُوبِهِمۡۗ وَٱللَّهُ شَدِيدُ ٱلۡعِقَابِ
(Wͻn sεso) tesε Farao nkorͻfoͻ ne wͻn a wͻ’dii wͻn anim kan no. Wͻ’faa Yε’nsεm no atorͻsεm, enti Nyankopͻn de wͻn bͻne twee wͻn aso. Onyankopͻn asotwee deԑ ano yε den paa.
阿拉伯语经注:
قُل لِّلَّذِينَ كَفَرُواْ سَتُغۡلَبُونَ وَتُحۡشَرُونَ إِلَىٰ جَهَنَّمَۖ وَبِئۡسَ ٱلۡمِهَادُ
(Nkͻmhyεni), ka kyerε wͻn a wͻ’po nokorε no sε: “Yε’bedi moso nkonim na y’aboaboa moano demo akͻgu Amanehunu-gyem, na εhͻ yε ahomegye bea bͻne paa.
阿拉伯语经注:
قَدۡ كَانَ لَكُمۡ ءَايَةٞ فِي فِئَتَيۡنِ ٱلۡتَقَتَاۖ فِئَةٞ تُقَٰتِلُ فِي سَبِيلِ ٱللَّهِ وَأُخۡرَىٰ كَافِرَةٞ يَرَوۡنَهُم مِّثۡلَيۡهِمۡ رَأۡيَ ٱلۡعَيۡنِۚ وَٱللَّهُ يُؤَيِّدُ بِنَصۡرِهِۦ مَن يَشَآءُۚ إِنَّ فِي ذَٰلِكَ لَعِبۡرَةٗ لِّأُوْلِي ٱلۡأَبۡصَٰرِ
Ampa sε, na nsεnkyerεnee wͻ akuo mmienu a wͻ’hyia koo (wͻ Badar) no mu ma mo. Na ekuo no mu baako reko wͻ Nyankopͻn kwan so, εna ͻbaako nso (reko) de apo (Nyankopͻn asεm). (Agyidiefoͻ no) hunuu no ani-kann sε (atamfoͻ no dͻm no) boro (wͻn deε no) so mprenu. Onyankopͻn deε Ɔde ne mmoa no hyε obi a Ɔpε den. Nokorε sε, adesua wͻ woi mu dema wͻn a wͻ’wͻ ani.
阿拉伯语经注:
زُيِّنَ لِلنَّاسِ حُبُّ ٱلشَّهَوَٰتِ مِنَ ٱلنِّسَآءِ وَٱلۡبَنِينَ وَٱلۡقَنَٰطِيرِ ٱلۡمُقَنطَرَةِ مِنَ ٱلذَّهَبِ وَٱلۡفِضَّةِ وَٱلۡخَيۡلِ ٱلۡمُسَوَّمَةِ وَٱلۡأَنۡعَٰمِ وَٱلۡحَرۡثِۗ ذَٰلِكَ مَتَٰعُ ٱلۡحَيَوٰةِ ٱلدُّنۡيَاۖ وَٱللَّهُ عِندَهُۥ حُسۡنُ ٱلۡمَـَٔابِ
Ԑmaa ho akɔnɔ, ne mma ne agyapadeε bebrebe (tesε) sika kɔkɔɔ, ne dwetε, ne mpɔnkɔ a yayεn wɔn ama wɔn ho ayε fε, ne nyεmmoa, ne mfuo ayε nnipa aniso fε. Woi nom yε wiase asetena yi mu anigye deε. Onyankopͻn hͻ na nnkyi pa no wͻ.
阿拉伯语经注:
۞ قُلۡ أَؤُنَبِّئُكُم بِخَيۡرٖ مِّن ذَٰلِكُمۡۖ لِلَّذِينَ ٱتَّقَوۡاْ عِندَ رَبِّهِمۡ جَنَّٰتٞ تَجۡرِي مِن تَحۡتِهَا ٱلۡأَنۡهَٰرُ خَٰلِدِينَ فِيهَا وَأَزۡوَٰجٞ مُّطَهَّرَةٞ وَرِضۡوَٰنٞ مِّنَ ٱللَّهِۗ وَٱللَّهُ بَصِيرُۢ بِٱلۡعِبَادِ
(Nkͻmhyεni), ka sε: “Menkyerε mo deε εyε kyεn woi nom?” Wͻn a wͻ’suro Nyame no wͻ ͻsoro Aheman a nsubͻnten nenam aseε, emu na wͻ’ne wͻn yerenom ahotewfoͻ no bεtena, na wͻ’benya Nyankopͻn nyetumuu. Onyankopͻn deε N’ani tua Nenkoa.
阿拉伯语经注:
 
含义的翻译 章: 阿里欧姆拉尼
章节目录 页码
 
《古兰经》译解 - 阿坎语翻译 - 阿散蒂语 - 哈伦·易斯梅尔 - 译解目录

由谢赫·哈伦·伊斯玛仪翻译。

关闭