Check out the new design

《古兰经》译解 - 阿坎语翻译 - 阿散蒂语 - 哈伦·易斯梅尔 * - 译解目录

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

含义的翻译 章: 赛智德   段:

As-Sajdah

الٓمٓ
Alif – Laam – Miim.
阿拉伯语经注:
تَنزِيلُ ٱلۡكِتَٰبِ لَا رَيۡبَ فِيهِ مِن رَّبِّ ٱلۡعَٰلَمِينَ
Nwoma yi mu Adiyisεm no, akyinnyeε biara nni ho, efri Abͻdeε nyinaa Wura Nyankopͻn no hͻ.
阿拉伯语经注:
أَمۡ يَقُولُونَ ٱفۡتَرَىٰهُۚ بَلۡ هُوَ ٱلۡحَقُّ مِن رَّبِّكَ لِتُنذِرَ قَوۡمٗا مَّآ أَتَىٰهُم مِّن نَّذِيرٖ مِّن قَبۡلِكَ لَعَلَّهُمۡ يَهۡتَدُونَ
Anaasε wͻka sε, wabͻ ne trim? Daabi, εno ne nokorε no a efri wo Wura Nyankopͻn hͻ no, sεdeε wode bεbͻ amanfoͻ no a kͻkͻbͻni biara nnii w’anim kan mmaa wͻn hͻ da no kͻkͻ sεdeε wͻbɛnya kwan kyerε.
阿拉伯语经注:
ٱللَّهُ ٱلَّذِي خَلَقَ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضَ وَمَا بَيۡنَهُمَا فِي سِتَّةِ أَيَّامٖ ثُمَّ ٱسۡتَوَىٰ عَلَى ٱلۡعَرۡشِۖ مَا لَكُم مِّن دُونِهِۦ مِن وَلِيّٖ وَلَا شَفِيعٍۚ أَفَلَا تَتَذَكَّرُونَ
Nyankopͻn no a Ɔde nna nsia bͻͻ soro ne asaase ne deε εwͻ ne mmienu mfinfii, εna afei Ɔde Neho sii Tumi ahennwa no soͻ. Monni okyitaafoͻ anaa otwitwagyefoͻ biara wͻ N’akyi. Enti monnfa adwen?
阿拉伯语经注:
يُدَبِّرُ ٱلۡأَمۡرَ مِنَ ٱلسَّمَآءِ إِلَى ٱلۡأَرۡضِ ثُمَّ يَعۡرُجُ إِلَيۡهِ فِي يَوۡمٖ كَانَ مِقۡدَارُهُۥٓ أَلۡفَ سَنَةٖ مِّمَّا تَعُدُّونَ
Ɔyε ntotoeε no firi soro de ba asaase so; afei na εde dakoro a ne nsusueε bεyε mfeɛ apem sεdeε mosi bu monkonta no afro kͻ Ne hͻ.
阿拉伯语经注:
ذَٰلِكَ عَٰلِمُ ٱلۡغَيۡبِ وَٱلشَّهَٰدَةِ ٱلۡعَزِيزُ ٱلرَّحِيمُ
Ɔno ne Kokoa mu ne Badwa mu Nimdefoͻ no, Otumfoᴐ no a otumi ade nyinaa yε no, Ahumumᴐborᴐ Hene no -
阿拉伯语经注:
ٱلَّذِيٓ أَحۡسَنَ كُلَّ شَيۡءٍ خَلَقَهُۥۖ وَبَدَأَ خَلۡقَ ٱلۡإِنسَٰنِ مِن طِينٖ
(Otumfoᴐ) no a Ɔbͻͻ biribiara yie; na Ɔde nεteε na εhyεε onipa mmͻeε aseε,
阿拉伯语经注:
ثُمَّ جَعَلَ نَسۡلَهُۥ مِن سُلَٰلَةٖ مِّن مَّآءٖ مَّهِينٖ
Afei n’asefoͻ no nso Oyii wͻn firi nsuo a yɛbu no animtia mu.
阿拉伯语经注:
ثُمَّ سَوَّىٰهُ وَنَفَخَ فِيهِ مِن رُّوحِهِۦۖ وَجَعَلَ لَكُمُ ٱلسَّمۡعَ وَٱلۡأَبۡصَٰرَ وَٱلۡأَفۡـِٔدَةَۚ قَلِيلٗا مَّا تَشۡكُرُونَ
Afei Ɔyεε no pεpεεpε, εna Ɔhomee Ne honhom guu ne mu; εna Ɔmaa mo (aso a mo de) te asεm, ne (ani a mo de) hunuu adeε ne akoma. (Woi nyinaa mu no) aseda kakraabi na mo de da (no) aseε.
阿拉伯语经注:
وَقَالُوٓاْ أَءِذَا ضَلَلۡنَا فِي ٱلۡأَرۡضِ أَءِنَّا لَفِي خَلۡقٖ جَدِيدِۭۚ بَلۡ هُم بِلِقَآءِ رَبِّهِمۡ كَٰفِرُونَ
Deԑ wͻka ne sε: “(Enti sε yɛwu) na yεyera wͻ asaase mu a yεbεsan ayε abͻdeε foforͻ bio?” Aane, nanso wͻnnye wͻn Wura Nyankopͻn nhyiamu (da no) nni.
阿拉伯语经注:
۞ قُلۡ يَتَوَفَّىٰكُم مَّلَكُ ٱلۡمَوۡتِ ٱلَّذِي وُكِّلَ بِكُمۡ ثُمَّ إِلَىٰ رَبِّكُمۡ تُرۡجَعُونَ
Ka sε: “Soro abͻfoͻ agyenkwa a ͻhwε mo soͻ no bɛyi mo nkwa. Afei mo Wura Nyankopͻn hͻ na mobεsan akͻ” .
阿拉伯语经注:
 
含义的翻译 章: 赛智德
章节目录 页码
 
《古兰经》译解 - 阿坎语翻译 - 阿散蒂语 - 哈伦·易斯梅尔 - 译解目录

由谢赫·哈伦·伊斯玛仪翻译。

关闭