Check out the new design

《古兰经》译解 - 阿坎语翻译 - 阿散蒂语 - 哈伦·易斯梅尔 * - 译解目录

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

含义的翻译 章: 赛智德   段:
وَلَنُذِيقَنَّهُم مِّنَ ٱلۡعَذَابِ ٱلۡأَدۡنَىٰ دُونَ ٱلۡعَذَابِ ٱلۡأَكۡبَرِ لَعَلَّهُمۡ يَرۡجِعُونَ
Nokorε sε Yεbεma wͻn aka asotwee a εbεn no bi ahwε (wͻ wiase ha), ansa na asotwee kεseε no (aba) sεdeε wͻbεsan wͻn akyi (afri wͻn bͻne mu).
阿拉伯语经注:
وَمَنۡ أَظۡلَمُ مِمَّن ذُكِّرَ بِـَٔايَٰتِ رَبِّهِۦ ثُمَّ أَعۡرَضَ عَنۡهَآۚ إِنَّا مِنَ ٱلۡمُجۡرِمِينَ مُنتَقِمُونَ
Hwan na ͻyε nnipa bͻneni kyεn obi a yεde ne Wura Nyankopͻn nsεm no tu no fo a ͻtwe ne ho fri ho? Nokorε sε Yεbɛtua abͻneεfoͻ no so ka.
阿拉伯语经注:
وَلَقَدۡ ءَاتَيۡنَا مُوسَى ٱلۡكِتَٰبَ فَلَا تَكُن فِي مِرۡيَةٖ مِّن لِّقَآئِهِۦۖ وَجَعَلۡنَٰهُ هُدٗى لِّبَنِيٓ إِسۡرَٰٓءِيلَ
Ampa sε, Yεde Nwoma no maa Mose, enti εmma w'adwen nnyε wo ntanta wͻ Ne nhyiamu no ho; na Yεyεε no kwankyerε (Nwoma) de maa Israel mma.
阿拉伯语经注:
وَجَعَلۡنَا مِنۡهُمۡ أَئِمَّةٗ يَهۡدُونَ بِأَمۡرِنَا لَمَّا صَبَرُواْۖ وَكَانُواْ بِـَٔايَٰتِنَا يُوقِنُونَ
Yεyεε wͻn mu bi nso akandifoͻ a na wͻde Y’ahyεdeε no kyerε (amanfoͻ) kwan εnam aboterε a wͻnyaeε ho nti, na wͻgye Yε nsεm no di.
阿拉伯语经注:
إِنَّ رَبَّكَ هُوَ يَفۡصِلُ بَيۡنَهُمۡ يَوۡمَ ٱلۡقِيَٰمَةِ فِيمَا كَانُواْ فِيهِ يَخۡتَلِفُونَ
Nokorε sε, wo Wura Nyankopͻn bɛbu wͻn ntεm atεn wͻ Wusͻreε da no wͻ deε wͻnte wͻn ho ase wͻ ho no ho.
阿拉伯语经注:
أَوَلَمۡ يَهۡدِ لَهُمۡ كَمۡ أَهۡلَكۡنَا مِن قَبۡلِهِم مِّنَ ٱلۡقُرُونِ يَمۡشُونَ فِي مَسَٰكِنِهِمۡۚ إِنَّ فِي ذَٰلِكَ لَأٓيَٰتٍۚ أَفَلَا يَسۡمَعُونَ
Enti awoͻ ntoatoasoͻ dodoͻ a wͻdii wͻn anim kan a Yɛasεe wͻn a wͻnenam wͻn atenaeε no, εnyε kwankyerε (anaasε adesua anaasε afutuo) mma wͻn? Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ woi mu. Enti wͻnte anaa?
阿拉伯语经注:
أَوَلَمۡ يَرَوۡاْ أَنَّا نَسُوقُ ٱلۡمَآءَ إِلَى ٱلۡأَرۡضِ ٱلۡجُرُزِ فَنُخۡرِجُ بِهِۦ زَرۡعٗا تَأۡكُلُ مِنۡهُ أَنۡعَٰمُهُمۡ وَأَنفُسُهُمۡۚ أَفَلَا يُبۡصِرُونَ
Anaasε wͻnhunuu sε Yεn na Yɛpia nsuo no dekͻ asaase a ͻpε asi soͻ a enni mfudeε biara no so, na Yεde ma nnͻbaeε a wͻn nyεmmoa ne wͻn ara die no fifi? Enti wɔnhunu anaa?
阿拉伯语经注:
وَيَقُولُونَ مَتَىٰ هَٰذَا ٱلۡفَتۡحُ إِن كُنتُمۡ صَٰدِقِينَ
Deε wͻka ne sε: “Ɛberε bεn na saa nkonimdie no bεba sε moyε nokwafoͻ ampa a?”
阿拉伯语经注:
قُلۡ يَوۡمَ ٱلۡفَتۡحِ لَا يَنفَعُ ٱلَّذِينَ كَفَرُوٓاْ إِيمَٰنُهُمۡ وَلَا هُمۡ يُنظَرُونَ
Ka sε: Nkonimdie da no, wͻn a wͻannye annie no gyidie ho mma mfasoͻ mma wͻn, na yεmma wͻn εberε nso.
阿拉伯语经注:
فَأَعۡرِضۡ عَنۡهُمۡ وَٱنتَظِرۡ إِنَّهُم مُّنتَظِرُونَ
Enti twe wo ho fri wͻn ho na twεn, nokorε sε wͻn (nso) retwεn.
阿拉伯语经注:
 
含义的翻译 章: 赛智德
章节目录 页码
 
《古兰经》译解 - 阿坎语翻译 - 阿散蒂语 - 哈伦·易斯梅尔 - 译解目录

由谢赫·哈伦·伊斯玛仪翻译。

关闭