Check out the new design

《古兰经》译解 - 阿坎语翻译 - 阿散蒂语 - 哈伦·易斯梅尔 * - 译解目录

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

含义的翻译 章: 嘎萨特   段:

Fussilat

حمٓ
Haa – Miim
阿拉伯语经注:
تَنزِيلٞ مِّنَ ٱلرَّحۡمَٰنِ ٱلرَّحِيمِ
(Wei yε) Adiyisεm a ɛfiri Ahummͻborͻ Hene Ɔdεεfoͻ Hene no hͻ.
阿拉伯语经注:
كِتَٰبٞ فُصِّلَتۡ ءَايَٰتُهُۥ قُرۡءَانًا عَرَبِيّٗا لِّقَوۡمٖ يَعۡلَمُونَ
(Ɛyε) Nwoma a yɛakyerεkyerε emu nsεm no mu pefee; Qur’aan wͻ Arab (kasa mu) dema amanfoͻ a wͻnim.
阿拉伯语经注:
بَشِيرٗا وَنَذِيرٗا فَأَعۡرَضَ أَكۡثَرُهُمۡ فَهُمۡ لَا يَسۡمَعُونَ
(Ɛyε) anigyesεm ne kͻkͻbͻ (Nwoma). Nanso dodoͻ no ara na atwe wͻn ho (afiri ho) a enti wͻntie.
阿拉伯语经注:
وَقَالُواْ قُلُوبُنَا فِيٓ أَكِنَّةٖ مِّمَّا تَدۡعُونَآ إِلَيۡهِ وَفِيٓ ءَاذَانِنَا وَقۡرٞ وَمِنۢ بَيۡنِنَا وَبَيۡنِكَ حِجَابٞ فَٱعۡمَلۡ إِنَّنَا عَٰمِلُونَ
Deε wͻka ne sε: “Y’akoma wͻ akatasoͻ mu wͻ deε morefrε yεn kͻ no, na akraa nso wͻ y’aso mu, na ntwaremu nso wͻ yε ne wo ntam, enti (kͻso) yε adwuma na nokorε sε yεn nso yεreyε adwuma “.
阿拉伯语经注:
قُلۡ إِنَّمَآ أَنَا۠ بَشَرٞ مِّثۡلُكُمۡ يُوحَىٰٓ إِلَيَّ أَنَّمَآ إِلَٰهُكُمۡ إِلَٰهٞ وَٰحِدٞ فَٱسۡتَقِيمُوٓاْ إِلَيۡهِ وَٱسۡتَغۡفِرُوهُۗ وَوَيۡلٞ لِّلۡمُشۡرِكِينَ
(Nkͻmhyεni), ka sε: ”Meyε onipa tesε moara. Yɛayi akyerε me sε, mo Awurade no Ɔyε Awurade Baako, enti monfa kwan tenenee a εkͻ Nehͻ no so, na monsrε Nehͻ bͻnefakyε. Due nka wͻn a wͻde biribi bata Onyankopͻn ho no.
阿拉伯语经注:
ٱلَّذِينَ لَا يُؤۡتُونَ ٱلزَّكَوٰةَ وَهُم بِٱلۡأٓخِرَةِ هُمۡ كَٰفِرُونَ
Wͻn a wͻnnyi Zaka no, Daakye no wͻnom ne (Kaafirfoͻ) boniayεfoͻ no.
阿拉伯语经注:
إِنَّ ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ وَعَمِلُواْ ٱلصَّٰلِحَٰتِ لَهُمۡ أَجۡرٌ غَيۡرُ مَمۡنُونٖ
Nokorε sε, wͻn a wͻagye adie na wͻredi dwuma pa no wͻ akatua a εtoͻ ntwa da.
阿拉伯语经注:
۞ قُلۡ أَئِنَّكُمۡ لَتَكۡفُرُونَ بِٱلَّذِي خَلَقَ ٱلۡأَرۡضَ فِي يَوۡمَيۡنِ وَتَجۡعَلُونَ لَهُۥٓ أَندَادٗاۚ ذَٰلِكَ رَبُّ ٱلۡعَٰلَمِينَ
(Nkͻmhyεni), ka sε: “Enti nokorε paa sε, moyi Nea Ɔde nna mmienu bͻͻ asaase no boniayε, san de biribi susu no? Abͻdeε nyinaa Wura no ne no;
阿拉伯语经注:
وَجَعَلَ فِيهَا رَوَٰسِيَ مِن فَوۡقِهَا وَبَٰرَكَ فِيهَا وَقَدَّرَ فِيهَآ أَقۡوَٰتَهَا فِيٓ أَرۡبَعَةِ أَيَّامٖ سَوَآءٗ لِّلسَّآئِلِينَ
Na Ɔyεε mmepͻ de sisii soͻ, na Ohyiraa soͻ, εna Ɔde εnna nnan pεpεεpε hyehyεε εso nnuane no demaa wͻn a wͻbisa (akͻnhoma).
阿拉伯语经注:
ثُمَّ ٱسۡتَوَىٰٓ إِلَى ٱلسَّمَآءِ وَهِيَ دُخَانٞ فَقَالَ لَهَا وَلِلۡأَرۡضِ ٱئۡتِيَا طَوۡعًا أَوۡ كَرۡهٗا قَالَتَآ أَتَيۡنَا طَآئِعِينَ
Afei Ɔdanee Neho kͻͻ soro, na εyε wisie, enti Ɔka kyerεε (ͻsoro) ne asaase sε: Mo mmienu monfa ahobraseε mmra, anaa mommra no amemenemfe mu. Wͻkaa sε: ”Yεreba no wͻ ahobraseε mu“.
阿拉伯语经注:
 
含义的翻译 章: 嘎萨特
章节目录 页码
 
《古兰经》译解 - 阿坎语翻译 - 阿散蒂语 - 哈伦·易斯梅尔 - 译解目录

由谢赫·哈伦·伊斯玛仪翻译。

关闭