Check out the new design

《古兰经》译解 - 阿坎语翻译 - 阿散蒂语 - 哈伦·易斯梅尔 * - 译解目录

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

含义的翻译 章: 嘎萨特   段:
وَقَالُواْ لِجُلُودِهِمۡ لِمَ شَهِدتُّمۡ عَلَيۡنَاۖ قَالُوٓاْ أَنطَقَنَا ٱللَّهُ ٱلَّذِيٓ أَنطَقَ كُلَّ شَيۡءٖۚ وَهُوَ خَلَقَكُمۡ أَوَّلَ مَرَّةٖ وَإِلَيۡهِ تُرۡجَعُونَ
Wͻbεka akyerε wͻn wedeε no sε: “Adεn nti na moredi adanseε atia yεn? ”Wͻn (wedeε no) bεka sε: “Onyankopͻn no a Ͻma biribiara kasa no na Wama yεn akasa. Ɔno na Ɔbͻͻ mo wͻ εberε a edikan no, na Nehͻ na moasan aba no “.
阿拉伯语经注:
وَمَا كُنتُمۡ تَسۡتَتِرُونَ أَن يَشۡهَدَ عَلَيۡكُمۡ سَمۡعُكُمۡ وَلَآ أَبۡصَٰرُكُمۡ وَلَا جُلُودُكُمۡ وَلَٰكِن ظَنَنتُمۡ أَنَّ ٱللَّهَ لَا يَعۡلَمُ كَثِيرٗا مِّمَّا تَعۡمَلُونَ
Moantumi amfa (moho) ansie (wͻ εberε a na moredi dwuma bͻne) sεdeε moaso ne moani ne mo wedeε bɛdi adanseε atia mo, na mmom modwenee sε deε moyε dodoͻ no Nyankopͻn Nnim.
阿拉伯语经注:
وَذَٰلِكُمۡ ظَنُّكُمُ ٱلَّذِي ظَنَنتُم بِرَبِّكُمۡ أَرۡدَىٰكُمۡ فَأَصۡبَحۡتُم مِّنَ ٱلۡخَٰسِرِينَ
Moadwen (bͻne) a modwen faa mo Wura Nyankopͻn ho no na agu mo asuo anaa asopa mo, enti moabεka berεguofoͻ no ho.
阿拉伯语经注:
فَإِن يَصۡبِرُواْ فَٱلنَّارُ مَثۡوٗى لَّهُمۡۖ وَإِن يَسۡتَعۡتِبُواْ فَمَا هُم مِّنَ ٱلۡمُعۡتَبِينَ
Enti sε wͻbɛnya aboterε a, εneε egya no mu ne wͻn asetena. Sε wͻpε sε wͻyε biribi ma εsͻ (Nyankopͻn) ani a, wͻnnyε (nnipa) a wͻyε biribi ma εsͻ ani (wͻ saa Da no).
阿拉伯语经注:
۞ وَقَيَّضۡنَا لَهُمۡ قُرَنَآءَ فَزَيَّنُواْ لَهُم مَّا بَيۡنَ أَيۡدِيهِمۡ وَمَا خَلۡفَهُمۡ وَحَقَّ عَلَيۡهِمُ ٱلۡقَوۡلُ فِيٓ أُمَمٖ قَدۡ خَلَتۡ مِن قَبۡلِهِم مِّنَ ٱلۡجِنِّ وَٱلۡإِنسِۖ إِنَّهُمۡ كَانُواْ خَٰسِرِينَ
Na Yɛayi (abonsamfoͻ no) ayͻnkofoͻ ama wͻn (wͻ wiase), enti (abonsamfoͻ no) ma deε εwͻ wͻn anim ne deε εwͻ wͻn akyi no yε wͻn fε. Enti asεm no nokorε no atia wͻn firi Jinn ne nnipa aman-aman a wɔn adi wͻn anim kan atwamu kͻ no mu. Nokorε sε wͻn abrε agu.
阿拉伯语经注:
وَقَالَ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ لَا تَسۡمَعُواْ لِهَٰذَا ٱلۡقُرۡءَانِ وَٱلۡغَوۡاْ فِيهِ لَعَلَّكُمۡ تَغۡلِبُونَ
Deε boniayεfoͻ no kakyerε (wͻn ho) ne sε: “(Sε yεrekenkan) Qur’aan no a monhwε na moantie, (na mmom) monyε dede wͻ mu sεdeε mobεfa (wͻn) soͻ.
阿拉伯语经注:
فَلَنُذِيقَنَّ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ عَذَابٗا شَدِيدٗا وَلَنَجۡزِيَنَّهُمۡ أَسۡوَأَ ٱلَّذِي كَانُواْ يَعۡمَلُونَ
Enti Yεbεma wͻn a wͻnnye nnie no aka asotwee a ano yε den paa ahwε, na akatua bͻne paa na Yεde bɛtua wͻn deε na wͻyε no so ka.
阿拉伯语经注:
ذَٰلِكَ جَزَآءُ أَعۡدَآءِ ٱللَّهِ ٱلنَّارُۖ لَهُمۡ فِيهَا دَارُ ٱلۡخُلۡدِ جَزَآءَۢ بِمَا كَانُواْ بِـَٔايَٰتِنَا يَجۡحَدُونَ
Amanehunu gyem ne Nyankopͻn atamfoͻ no akatua. Emu na wͻbɛnya efie a wͻbεtena mu daa. (Wei yε) akatua ma (wͻn) εnam sε na wͻko tia Nyankopͻn nsεnkyerεnee.
阿拉伯语经注:
وَقَالَ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ رَبَّنَآ أَرِنَا ٱلَّذَيۡنِ أَضَلَّانَا مِنَ ٱلۡجِنِّ وَٱلۡإِنسِ نَجۡعَلۡهُمَا تَحۡتَ أَقۡدَامِنَا لِيَكُونَا مِنَ ٱلۡأَسۡفَلِينَ
Wͻn a wͻnnye nnie no bεka sε: “Yɛn Wura Nyankopͻn, kyerε yεn wͻn a wͻwͻ Jinn ne nnipa no mu a wͻyeraa yεn no na nka yεntiatia wͻn so wͻ yεn nan ase, na yεmmerε wͻn ase korakora “.
阿拉伯语经注:
 
含义的翻译 章: 嘎萨特
章节目录 页码
 
《古兰经》译解 - 阿坎语翻译 - 阿散蒂语 - 哈伦·易斯梅尔 - 译解目录

由谢赫·哈伦·伊斯玛仪翻译。

关闭