Check out the new design

《古兰经》译解 - 阿坎语翻译 - 阿散蒂语 - 哈伦·易斯梅尔 * - 译解目录

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

含义的翻译 章: 瓦格尔   段:
يَطُوفُ عَلَيۡهِمۡ وِلۡدَٰنٞ مُّخَلَّدُونَ
Mmeranteε a wͻte nkwa mu daa na wͻnnwu da bɛdi wͻn hͻ akͻneaba (asom wͻn),
阿拉伯语经注:
بِأَكۡوَابٖ وَأَبَارِيقَ وَكَأۡسٖ مِّن مَّعِينٖ
Wͻde nkoraa ne sanya nkuruwaa ne kyansee a nsa korͻgyee wͻ mu.
阿拉伯语经注:
لَّا يُصَدَّعُونَ عَنۡهَا وَلَا يُنزِفُونَ
Wͻn ti mmpae wͻn, na wͻmmoro nso,
阿拉伯语经注:
وَفَٰكِهَةٖ مِّمَّا يَتَخَيَّرُونَ
Ne nnuaba biara a wͻn ara bεhwε mu ayi deε wͻpε.
阿拉伯语经注:
وَلَحۡمِ طَيۡرٖ مِّمَّا يَشۡتَهُونَ
Ne nnomaa nnam biara a wͻn kͻn dͻ.
阿拉伯语经注:
وَحُورٌ عِينٞ
Ne (mmaa) akronkron ahoͻfεfoͻ a wͻn ani akεse-akεse,
阿拉伯语经注:
كَأَمۡثَٰلِ ٱللُّؤۡلُوِٕ ٱلۡمَكۡنُونِ
(Wͻn ho fε) tesε nhwene pa bi a yɛahyε da de asie abͻ ho ban.
阿拉伯语经注:
جَزَآءَۢ بِمَا كَانُواْ يَعۡمَلُونَ
(Woi) yε akatua ma dwuma (pa) a wͻdiiε no.
阿拉伯语经注:
لَا يَسۡمَعُونَ فِيهَا لَغۡوٗا وَلَا تَأۡثِيمًا
Wͻnte nsεm hunu anaa kasa bͻne biara wͻ hͻ.
阿拉伯语经注:
إِلَّا قِيلٗا سَلَٰمٗا سَلَٰمٗا
Gyesε ‘Salaaman Salaaman’ Asomdweε! Asomdweε!
阿拉伯语经注:
وَأَصۡحَٰبُ ٱلۡيَمِينِ مَآ أَصۡحَٰبُ ٱلۡيَمِينِ
Ɛna Nifasofoͻ no; hwan nom ne Nifaso foͻ no?
阿拉伯语经注:
فِي سِدۡرٖ مَّخۡضُودٖ
(Wͻn wͻ) nnua bi a εho yε trͻmtrͻm a nkasεε nni ho bi mu,
阿拉伯语经注:
وَطَلۡحٖ مَّنضُودٖ
Ne nkwadu a abͻ esa-esa,
阿拉伯语经注:
وَظِلّٖ مَّمۡدُودٖ
Ne nwunu a εbae trε mu,
阿拉伯语经注:
وَمَآءٖ مَّسۡكُوبٖ
Ne nsuo a εtene ba (abrε biara),
阿拉伯语经注:
وَفَٰكِهَةٖ كَثِيرَةٖ
Ne nnuaba a abu soͻ,
阿拉伯语经注:
لَّا مَقۡطُوعَةٖ وَلَا مَمۡنُوعَةٖ
(Nnuaba no berε) to ntwa, na yɛnsi wͻn ho kwan nso.
阿拉伯语经注:
وَفُرُشٖ مَّرۡفُوعَةٍ
(Wͻn) wͻ aban soroͻ a εwͻ soro so.
阿拉伯语经注:
إِنَّآ أَنشَأۡنَٰهُنَّ إِنشَآءٗ
Nokorε sε Yɛabͻ wͻn (mmeͻε foforͻ) paa,
阿拉伯语经注:
فَجَعَلۡنَٰهُنَّ أَبۡكَارًا
Ɛna Yɛama wͻn ayε mmabunu,
阿拉伯语经注:
عُرُبًا أَتۡرَابٗا
Ɔdͻ ne ahomeka (wͻ wͻn mu); na wͻn (nyinaa) bͻ atipεn.
阿拉伯语经注:
لِّأَصۡحَٰبِ ٱلۡيَمِينِ
(Woi) wͻ Nifasofoͻ no.
阿拉伯语经注:
ثُلَّةٞ مِّنَ ٱلۡأَوَّلِينَ
Dodoͻ no bɛfiri tetefoͻ no mu,
阿拉伯语经注:
وَثُلَّةٞ مِّنَ ٱلۡأٓخِرِينَ
Na dodoͻ no nso afiri nkyirimma yi mu.
阿拉伯语经注:
وَأَصۡحَٰبُ ٱلشِّمَالِ مَآ أَصۡحَٰبُ ٱلشِّمَالِ
Ɛna Benkum so foͻ no; hwan nom ne Benkum so foͻ no?
阿拉伯语经注:
فِي سَمُومٖ وَحَمِيمٖ
(Wͻn) wͻ mframa hyew ne nsuo hyeε mu,
阿拉伯语经注:
وَظِلّٖ مِّن يَحۡمُومٖ
Ne wisie tumm nwunu mu,
阿拉伯语经注:
لَّا بَارِدٖ وَلَا كَرِيمٍ
(Saa wisie no) nyε nwunu na (wͻnnya emu) anigyeε anaa papa biara.
阿拉伯语经注:
إِنَّهُمۡ كَانُواْ قَبۡلَ ذَٰلِكَ مُتۡرَفِينَ
Nokorε sε, kane no na wͻgye wͻn ani,
阿拉伯语经注:
وَكَانُواْ يُصِرُّونَ عَلَى ٱلۡحِنثِ ٱلۡعَظِيمِ
Na wͻtͻ kͻ bͻne akεseε so.
阿拉伯语经注:
وَكَانُواْ يَقُولُونَ أَئِذَا مِتۡنَا وَكُنَّا تُرَابٗا وَعِظَٰمًا أَءِنَّا لَمَبۡعُوثُونَ
Na wͻka sε: “Sε yɛwu na yεyε mfuturo ne nnompe a, nokorε sε yεbεsan anyane yεn?
阿拉伯语经注:
أَوَءَابَآؤُنَا ٱلۡأَوَّلُونَ
Anaasε yεn agyanom tetefoͻ no (nso)?
阿拉伯语经注:
قُلۡ إِنَّ ٱلۡأَوَّلِينَ وَٱلۡأٓخِرِينَ
(Nkͻmhyεni), ka sε: “Tetefoͻ no ne nkyirimma no (nyinaa),
阿拉伯语经注:
لَمَجۡمُوعُونَ إِلَىٰ مِيقَٰتِ يَوۡمٖ مَّعۡلُومٖ
Nokorε sε yεbεboa wͻn ano akͻ εberε a yɛahyε no wͻ saa Da no mu no“.
阿拉伯语经注:
 
含义的翻译 章: 瓦格尔
章节目录 页码
 
《古兰经》译解 - 阿坎语翻译 - 阿散蒂语 - 哈伦·易斯梅尔 - 译解目录

由谢赫·哈伦·伊斯玛仪翻译。

关闭