Check out the new design

《古兰经》译解 - 阿坎语翻译 - 阿散蒂语 - 哈伦·易斯梅尔 * - 译解目录

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

含义的翻译 章: 安法里   段:
إِذۡ تَسۡتَغِيثُونَ رَبَّكُمۡ فَٱسۡتَجَابَ لَكُمۡ أَنِّي مُمِدُّكُم بِأَلۡفٖ مِّنَ ٱلۡمَلَٰٓئِكَةِ مُرۡدِفِينَ
Monkae εberε a mohwehwεε mo Wura Nyankopͻn hͻ mmoa na Ɔgyee mo (mpaebͻ no) so sε: “Mede Soro abͻfoᴐ apem a wͻtoatoa soͻ bεboa mo“.
阿拉伯语经注:
وَمَا جَعَلَهُ ٱللَّهُ إِلَّا بُشۡرَىٰ وَلِتَطۡمَئِنَّ بِهِۦ قُلُوبُكُمۡۚ وَمَا ٱلنَّصۡرُ إِلَّا مِنۡ عِندِ ٱللَّهِۚ إِنَّ ٱللَّهَ عَزِيزٌ حَكِيمٌ
Nyankopͻn yεε (bɔhyɛ) no anigyesεm sεdeε moakoma bεtͻ moyεm. Na mmoa (anaa nkonim) deε Nyankopͻn hͻ na εwͻ. Nokorε sε, Nyankopͻn ne Otumfoͻ a Ɔtumi ade nyinaa yε, Ɔne Onyansafoͻ.
阿拉伯语经注:
إِذۡ يُغَشِّيكُمُ ٱلنُّعَاسَ أَمَنَةٗ مِّنۡهُ وَيُنَزِّلُ عَلَيۡكُم مِّنَ ٱلسَّمَآءِ مَآءٗ لِّيُطَهِّرَكُم بِهِۦ وَيُذۡهِبَ عَنكُمۡ رِجۡزَ ٱلشَّيۡطَٰنِ وَلِيَرۡبِطَ عَلَىٰ قُلُوبِكُمۡ وَيُثَبِّتَ بِهِ ٱلۡأَقۡدَامَ
Monkae εberε a Ɔmaa motͻͻ nko deyεε awerεkyekyerε a ɛfiri Ne hͻ, εna Ɔmaa nsuo firi soro tͻ guu mo so sεdeε Ɔde bεte mo ho na Ɔbɛyi ͻbonsam fii no afiri mo ho akͻ, ne sεdeε Ɔde bεhyε moakoma den na Ɔde bεma (mo) agyina mo nan so pintinn.
阿拉伯语经注:
إِذۡ يُوحِي رَبُّكَ إِلَى ٱلۡمَلَٰٓئِكَةِ أَنِّي مَعَكُمۡ فَثَبِّتُواْ ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْۚ سَأُلۡقِي فِي قُلُوبِ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ ٱلرُّعۡبَ فَٱضۡرِبُواْ فَوۡقَ ٱلۡأَعۡنَاقِ وَٱضۡرِبُواْ مِنۡهُمۡ كُلَّ بَنَانٖ
Kae εberε a wo Wura Nyankopͻn yi kyerεε Soro abͻfoͻ no sε: “Meka mo ho, enti momma wͻn a wͻagye adie no nnyina pintinn; Mede ehuu bεhyε wͻn a wͻyi boniayε no akoma mu. Enti montwitwa wͻn kͻn so na montwitwa wͻn nsa dua biara so.
阿拉伯语经注:
ذَٰلِكَ بِأَنَّهُمۡ شَآقُّواْ ٱللَّهَ وَرَسُولَهُۥۚ وَمَن يُشَاقِقِ ٱللَّهَ وَرَسُولَهُۥ فَإِنَّ ٱللَّهَ شَدِيدُ ٱلۡعِقَابِ
Saa na εteε, efirisε, wͻko tia Nyankopͻn ne Ne somafoͻ, na obiara a ͻko tia Nyankopͻn ne Ne somafoͻ no deε nokorε sε, Nyankopͻn awerεtͻ ano yε den papaapa.
阿拉伯语经注:
ذَٰلِكُمۡ فَذُوقُوهُ وَأَنَّ لِلۡكَٰفِرِينَ عَذَابَ ٱلنَّارِ
Saa na εteε, enti monka nhwε, na boniayεfoͻ no deε wͻwͻ Ogya no asotwee.
阿拉伯语经注:
يَٰٓأَيُّهَا ٱلَّذِينَ ءَامَنُوٓاْ إِذَا لَقِيتُمُ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ زَحۡفٗا فَلَا تُوَلُّوهُمُ ٱلۡأَدۡبَارَ
Mo a moagye adie, sε mohyia wͻn a wͻyi boniayε no wͻ ͻkoo mu a, monhwε na moannane moakyi amma wͻn.
阿拉伯语经注:
وَمَن يُوَلِّهِمۡ يَوۡمَئِذٖ دُبُرَهُۥٓ إِلَّا مُتَحَرِّفٗا لِّقِتَالٍ أَوۡ مُتَحَيِّزًا إِلَىٰ فِئَةٖ فَقَدۡ بَآءَ بِغَضَبٖ مِّنَ ٱللَّهِ وَمَأۡوَىٰهُ جَهَنَّمُۖ وَبِئۡسَ ٱلۡمَصِيرُ
Obi a ͻbεdane n’akyi ama wͻn wͻ saa da no no;- gyesε (ebia n’akyi a ͻredane ama wͻn no yε) ͻkoo mu akwan, anaa ͻresan akͻka fekuo bi ho – nokorε sε watwe Nyankopͻn abufuo aba ne ho so; na ne fie ne Amane hunu gyem. Awieeε bͻne paa ne hͻ.
阿拉伯语经注:
 
含义的翻译 章: 安法里
章节目录 页码
 
《古兰经》译解 - 阿坎语翻译 - 阿散蒂语 - 哈伦·易斯梅尔 - 译解目录

由谢赫·哈伦·伊斯玛仪翻译。

关闭