Check out the new design

《古兰经》译解 - 阿坎语翻译 - 阿散蒂语 - 哈伦·易斯梅尔 * - 译解目录

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

含义的翻译 章: 安法里   段:
وَٱذۡكُرُوٓاْ إِذۡ أَنتُمۡ قَلِيلٞ مُّسۡتَضۡعَفُونَ فِي ٱلۡأَرۡضِ تَخَافُونَ أَن يَتَخَطَّفَكُمُ ٱلنَّاسُ فَـَٔاوَىٰكُمۡ وَأَيَّدَكُم بِنَصۡرِهِۦ وَرَزَقَكُم مِّنَ ٱلطَّيِّبَٰتِ لَعَلَّكُمۡ تَشۡكُرُونَ
Monkae εberε a na mosua na monni ahoͻden wͻ asaase no soͻ, (na) mosuro sε amanfoͻ bɛhwim mo afiri hͻ; Nyankopͻn bͻͻ mo ho ban de Ne mmoa hyεε mo den, de nnepa no bi bͻͻ mo akonhoma sεdeε mobeɛyi (no) ayε.
阿拉伯语经注:
يَٰٓأَيُّهَا ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ لَا تَخُونُواْ ٱللَّهَ وَٱلرَّسُولَ وَتَخُونُوٓاْ أَمَٰنَٰتِكُمۡ وَأَنتُمۡ تَعۡلَمُونَ
Mo a moagye adie, monhwε na moanni Nyankopͻn ne Ɔsomafoͻ no hwammͻ, na monhwε na moantwa (Amaana anaa) nneεma a yεde ahyε monsa no mu nkontompo aberε a monim.
阿拉伯语经注:
وَٱعۡلَمُوٓاْ أَنَّمَآ أَمۡوَٰلُكُمۡ وَأَوۡلَٰدُكُمۡ فِتۡنَةٞ وَأَنَّ ٱللَّهَ عِندَهُۥٓ أَجۡرٌ عَظِيمٞ
Monhunu sε, mosika (anaasε moagyapadeε) ne mo mma yε nsͻhwε. Na Nyankopͻn hͻ na akatua kεseε paa wͻ.
阿拉伯语经注:
يَٰٓأَيُّهَا ٱلَّذِينَ ءَامَنُوٓاْ إِن تَتَّقُواْ ٱللَّهَ يَجۡعَل لَّكُمۡ فُرۡقَانٗا وَيُكَفِّرۡ عَنكُمۡ سَيِّـَٔاتِكُمۡ وَيَغۡفِرۡ لَكُمۡۗ وَٱللَّهُ ذُو ٱلۡفَضۡلِ ٱلۡعَظِيمِ
Mo a moagye adie, sε mosuro Nyankopͻn a Ɔbεyε mo sononko na Wapepa mo mfomsoͻ afiri mo so na Ɔde (mo bͻne) akyε mo. Na Nyankopͻn na ͻwͻ adom kεseε paa no.
阿拉伯语经注:
وَإِذۡ يَمۡكُرُ بِكَ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ لِيُثۡبِتُوكَ أَوۡ يَقۡتُلُوكَ أَوۡ يُخۡرِجُوكَۚ وَيَمۡكُرُونَ وَيَمۡكُرُ ٱللَّهُۖ وَٱللَّهُ خَيۡرُ ٱلۡمَٰكِرِينَ
Kae εberε a boniayεfoͻ no kͻͻ wo tiri so apam sε wͻde wo bεto afiase, anaasε wͻɛbeku wo, anaasε wͻbɛtu wo (afiri ͻman no mu); wͻbͻͻ pͻ paa, na Nyankopͻn nso bͻͻ pͻ, na Nyankopͻn pͻbͻ na εyε pͻbͻ pa kyεn apͻ bͻfoͻ nyinaa.
阿拉伯语经注:
وَإِذَا تُتۡلَىٰ عَلَيۡهِمۡ ءَايَٰتُنَا قَالُواْ قَدۡ سَمِعۡنَا لَوۡ نَشَآءُ لَقُلۡنَا مِثۡلَ هَٰذَآ إِنۡ هَٰذَآ إِلَّآ أَسَٰطِيرُ ٱلۡأَوَّلِينَ
Sε yεrekenkan Yεn Nsεm no kyerε wͻn a, deε wͻka nesε: “Yɛate, sε yεpε a anka yεbɛtumi aka deε εte saa. Nokorε sε, wei yε tetefoͻ no anansesεm “.
阿拉伯语经注:
وَإِذۡ قَالُواْ ٱللَّهُمَّ إِن كَانَ هَٰذَا هُوَ ٱلۡحَقَّ مِنۡ عِندِكَ فَأَمۡطِرۡ عَلَيۡنَا حِجَارَةٗ مِّنَ ٱلسَّمَآءِ أَوِ ٱئۡتِنَا بِعَذَابٍ أَلِيمٖ
Kae εbrε a wͻkaa sε: “Otumfoͻ Nyankopͻn, sε (Qur’aan) wei yε nokorε a ɛfiri Wo nkyεn ampa a, εneε tͻ aboͻ nsuo firi soro gu yεn so, anaasε fa asotwee a εyε ya paa bra yεn so “.
阿拉伯语经注:
وَمَا كَانَ ٱللَّهُ لِيُعَذِّبَهُمۡ وَأَنتَ فِيهِمۡۚ وَمَا كَانَ ٱللَّهُ مُعَذِّبَهُمۡ وَهُمۡ يَسۡتَغۡفِرُونَ
Ԑmma sε Nyankopͻn bεtwe wͻn aso wͻ aberε a wo (Nkͻmhyεni Muhammad) wo wͻ wͻn mu, na εmma nso sε Nyankopͻn bεtwe wͻn aso aberε a wͻresrε bͻnefakyε.
阿拉伯语经注:
 
含义的翻译 章: 安法里
章节目录 页码
 
《古兰经》译解 - 阿坎语翻译 - 阿散蒂语 - 哈伦·易斯梅尔 - 译解目录

由谢赫·哈伦·伊斯玛仪翻译。

关闭