《古兰经》译解 - 阿散蒂语翻译 * - 译解目录

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

含义的翻译 章: 法吉尔   段:

Al-Fajr

وَٱلۡفَجۡرِ
Mede Ahomakye,
阿拉伯语经注:
وَلَيَالٍ عَشۡرٖ
Ne Anadwo du no;
阿拉伯语经注:
وَٱلشَّفۡعِ وَٱلۡوَتۡرِ
Ne (abͻdeε a egu) mmienu-mmienu ne Nea Ɔda mu Fua no,
阿拉伯语经注:
وَٱلَّيۡلِ إِذَا يَسۡرِ
Ne εberε a anadwo bɛfiri hͻ akͻ, di nse.
阿拉伯语经注:
هَلۡ فِي ذَٰلِكَ قَسَمٞ لِّذِي حِجۡرٍ
Enti nsedie wͻ woi mu de ma mmadwemmafoͻ?
阿拉伯语经注:
أَلَمۡ تَرَ كَيۡفَ فَعَلَ رَبُّكَ بِعَادٍ
Wonhunuu sεdeε wo Wura Nyankopͻn de yεε Aadfoͻ?
阿拉伯语经注:
إِرَمَ ذَاتِ ٱلۡعِمَادِ
(Kuro) Iramfoͻ no, adan atenten wuranom a,
阿拉伯语经注:
ٱلَّتِي لَمۡ يُخۡلَقۡ مِثۡلُهَا فِي ٱلۡبِلَٰدِ
Yεmmͻͻ wͻn sεso (anaasε yenni wͻn adan no sεso) wͻ asaase soͻ?
阿拉伯语经注:
وَثَمُودَ ٱلَّذِينَ جَابُواْ ٱلصَّخۡرَ بِٱلۡوَادِ
Ɛne Samuudfoͻ no a, na wͻdwa abotan mu wͻ bonhwa no mu hͻ (deyε wͻn atenaeε no)?
阿拉伯语经注:
وَفِرۡعَوۡنَ ذِي ٱلۡأَوۡتَادِ
Ɛne Farao, Asraafoͻ dͻm Wura, anaa sε εpa Wura (a, na ͻbͻ nneduafoͻ wͻ εpa mu no)?
阿拉伯语经注:
ٱلَّذِينَ طَغَوۡاْ فِي ٱلۡبِلَٰدِ
Wᴐn a wᴐdii nsεmͻnee wͻ asaase no so,
阿拉伯语经注:
فَأَكۡثَرُواْ فِيهَا ٱلۡفَسَادَ
Enti maa bͻne dͻͻso pii wͻ soᴐ no,
阿拉伯语经注:
فَصَبَّ عَلَيۡهِمۡ رَبُّكَ سَوۡطَ عَذَابٍ
Wo Wura Nyankopͻn hwiee asotwe abaa-twa guu wͻn so.
阿拉伯语经注:
إِنَّ رَبَّكَ لَبِٱلۡمِرۡصَادِ
Nokorε sε, wo Wura Nyankopͻn tε hͻ rewεn.
阿拉伯语经注:
فَأَمَّا ٱلۡإِنسَٰنُ إِذَا مَا ٱبۡتَلَىٰهُ رَبُّهُۥ فَأَكۡرَمَهُۥ وَنَعَّمَهُۥ فَيَقُولُ رَبِّيٓ أَكۡرَمَنِ
Onipa deε sε ne Wura Nyankopͻn sͻ no hwε, hyε no animuonyam, na Ɔyε no adom bi a, ͻka (de tu ne ho) sε: “Me Wura Nyankopͻn ahyε me animuonyam".
阿拉伯语经注:
وَأَمَّآ إِذَا مَا ٱبۡتَلَىٰهُ فَقَدَرَ عَلَيۡهِ رِزۡقَهُۥ فَيَقُولُ رَبِّيٓ أَهَٰنَنِ
Na mmom sε Ɔsͻ no hwε na Ɔma ne ho kyere no wͻ akͻnhoma ho (anaa sε Ɔma no hia no) a, ͻka sε: “Me Wura Nyankopͻn agu m’anim ase “.
阿拉伯语经注:
كَلَّاۖ بَل لَّا تُكۡرِمُونَ ٱلۡيَتِيمَ
Daabi (ԑnte saa), nanso monnfa obuo mma agyanka (anaa awisiaa),
阿拉伯语经注:
وَلَا تَحَٰٓضُّونَ عَلَىٰ طَعَامِ ٱلۡمِسۡكِينِ
Afei monnhyε sε wͻdidi a, wͻma ahiafoͻ bi die:
阿拉伯语经注:
وَتَأۡكُلُونَ ٱلتُّرَاثَ أَكۡلٗا لَّمّٗا
Afei modi awugyadeε adefodepε so.
阿拉伯语经注:
وَتُحِبُّونَ ٱلۡمَالَ حُبّٗا جَمّٗا
Na modͻ sika ma no bro so;
阿拉伯语经注:
كَلَّآۖ إِذَا دُكَّتِ ٱلۡأَرۡضُ دَكّٗا دَكّٗا
Daabi, sε asaase bubu na εyε gͻsͻgͻsͻ,
阿拉伯语经注:
وَجَآءَ رَبُّكَ وَٱلۡمَلَكُ صَفّٗا صَفّٗا
Na wo Wura Nyankopͻn ba na Soro abͻfoͻ no to santen a,
阿拉伯语经注:
وَجِاْيٓءَ يَوۡمَئِذِۭ بِجَهَنَّمَۚ يَوۡمَئِذٖ يَتَذَكَّرُ ٱلۡإِنسَٰنُ وَأَنَّىٰ لَهُ ٱلذِّكۡرَىٰ
Na saa Da no yεde Amanehunu gya no ba a, saa Da no onipa bεfa adwen anaasε ɔbɛtu ne ho fo, na deεn mfasoͻ na adwen anaa afutuo no bεyε ama no?
阿拉伯语经注:
يَقُولُ يَٰلَيۡتَنِي قَدَّمۡتُ لِحَيَاتِي
Ͻbεka sε: “Mehunuui a anka medii (dwuma pa) detoo m’anim maa me Daakye nkwa nna yi.
阿拉伯语经注:
فَيَوۡمَئِذٖ لَّا يُعَذِّبُ عَذَابَهُۥٓ أَحَدٞ
Saa Da no asotwee a (Nyankopͻn de bεtwe abͻneεfoͻ no aso no) obiara ntumi ntwe bi saa,
阿拉伯语经注:
وَلَا يُوثِقُ وَثَاقَهُۥٓ أَحَدٞ
Na sεdeε Ɔbɛsi akyekyere (abͻneεfoͻ no wͻ nkͻnsͻnkͻnsͻn mu no), obiara ntumi nkyekyeree bi saa da.
阿拉伯语经注:
يَٰٓأَيَّتُهَا ٱلنَّفۡسُ ٱلۡمُطۡمَئِنَّةُ
(Yεbεka akyerε apapafoͻ no sε): “Ɔkra a w’akoma atͻ wo yamu,
阿拉伯语经注:
ٱرۡجِعِيٓ إِلَىٰ رَبِّكِ رَاضِيَةٗ مَّرۡضِيَّةٗ
San bra wo Wura Nyankopͻn hͻ, Wagye wo atom wonso wagye no atom.
阿拉伯语经注:
فَٱدۡخُلِي فِي عِبَٰدِي
Enti bεka Menkoa no ho,
阿拉伯语经注:
وَٱدۡخُلِي جَنَّتِي
Na wura Me Soro aheman no mu’’.
阿拉伯语经注:
 
含义的翻译 章: 法吉尔
章节目录 页码
 
《古兰经》译解 - 阿散蒂语翻译 - 译解目录

古兰经阿散蒂语译解,谢赫哈伦·易斯梅尔翻译

关闭