Check out the new design

Salin ng mga Kahulugan ng Marangal na Qur'an - Salin sa Wikang Akan - Ashanti ni Harun Ismail * - Indise ng mga Salin

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

Salin ng mga Kahulugan Surah: Al-Baqarah   Ayah:
قُلۡ إِن كَانَتۡ لَكُمُ ٱلدَّارُ ٱلۡأٓخِرَةُ عِندَ ٱللَّهِ خَالِصَةٗ مِّن دُونِ ٱلنَّاسِ فَتَمَنَّوُاْ ٱلۡمَوۡتَ إِن كُنتُمۡ صَٰدِقِينَ
(Nkͻmhyεni), ka sε: “Sε Daakye asetena a εwͻ Nyankopͻn nkyεn no wͻ mo (Yudafoͻ) nko ara, εna nnipa a aka no biara nka ho deε a, εneε moma mokͻn nnͻ owuo, sε moyε nokwafoͻ ampa a.
Ang mga Tafsir na Arabe:
وَلَن يَتَمَنَّوۡهُ أَبَدَۢا بِمَا قَدَّمَتۡ أَيۡدِيهِمۡۚ وَٱللَّهُ عَلِيمُۢ بِٱلظَّٰلِمِينَ
Wͻn kͻn nnͻ (owuo no) da, εnam dwuma a wͻ’nsa adi ato wͻn anim no ho nti, Nyankopͻn deε Onim abͻneεfoͻ no.
Ang mga Tafsir na Arabe:
وَلَتَجِدَنَّهُمۡ أَحۡرَصَ ٱلنَّاسِ عَلَىٰ حَيَوٰةٖ وَمِنَ ٱلَّذِينَ أَشۡرَكُواْۚ يَوَدُّ أَحَدُهُمۡ لَوۡ يُعَمَّرُ أَلۡفَ سَنَةٖ وَمَا هُوَ بِمُزَحۡزِحِهِۦ مِنَ ٱلۡعَذَابِ أَن يُعَمَّرَۗ وَٱللَّهُ بَصِيرُۢ بِمَا يَعۡمَلُونَ
(Nkͻmhyεni), nokorε sε wobehu wͻn (Yudafoͻ no) sε wͻ’yε nnipa adefodepεfoͻ wͻ nkwa ho, (wͻ'yε adefodepε) kyεn abosomsomfoͻ no a wͻ’de biribi bata Nyankopͻn ho no mpo. Wͻn mu bi pεsε anka obenya nkwa adi mfie apem, na nkwa tenten a yεde bεma no no nso ntumi nnyi no mfiri asotwee no mu. Nyankopͻn deε Ohu dwuma a wͻ’die (no nyinaa)
Ang mga Tafsir na Arabe:
قُلۡ مَن كَانَ عَدُوّٗا لِّـجِبۡرِيلَ فَإِنَّهُۥ نَزَّلَهُۥ عَلَىٰ قَلۡبِكَ بِإِذۡنِ ٱللَّهِ مُصَدِّقٗا لِّمَا بَيۡنَ يَدَيۡهِ وَهُدٗى وَبُشۡرَىٰ لِلۡمُؤۡمِنِينَ
(Nkͻmhyεni), ka sε: ‘’Obi a netamfo ne Gabriel no, εyε ɔno na Nyankopͻn akwamma mu no osiane (Adiyisεm) no ba w’akoma mu defoa (Adiyisεm) a edi n’anim kan no soͻ a εyε kwan kyerε, ne anigyesεm dema agyidiefoͻ no.
Ang mga Tafsir na Arabe:
مَن كَانَ عَدُوّٗا لِّلَّهِ وَمَلَٰٓئِكَتِهِۦ وَرُسُلِهِۦ وَجِبۡرِيلَ وَمِيكَىٰلَ فَإِنَّ ٱللَّهَ عَدُوّٞ لِّلۡكَٰفِرِينَ
Obi a ᴐtan Nyankopͻn ne N’asoro abͻfoͻ ne N’asomafoͻ ne Gabriel ne Makael no, nokorε sε Nyankopͻn yε tamfo ma boniayεfoͻ no.
Ang mga Tafsir na Arabe:
وَلَقَدۡ أَنزَلۡنَآ إِلَيۡكَ ءَايَٰتِۭ بَيِّنَٰتٖۖ وَمَا يَكۡفُرُ بِهَآ إِلَّا ٱلۡفَٰسِقُونَ
Nokorε sε Y’asiane Nsεm a εda adi pefee na ama woͻ, na obiara nnihͻ a ͻbεpo (saa Nsεm no) gyesε abͻneεfoͻ no.
Ang mga Tafsir na Arabe:
أَوَكُلَّمَا عَٰهَدُواْ عَهۡدٗا نَّبَذَهُۥ فَرِيقٞ مِّنۡهُمۚ بَلۡ أَكۡثَرُهُمۡ لَا يُؤۡمِنُونَ
Anaasε εnte saa sε εberε biara a wͻn (Yudafoͻ no) bεyε Apam no, na wͻn mu fekuo no bi ato (Apam no) atwene? Aane, wͻn mu dodoͻ no ara nnye nni.
Ang mga Tafsir na Arabe:
وَلَمَّا جَآءَهُمۡ رَسُولٞ مِّنۡ عِندِ ٱللَّهِ مُصَدِّقٞ لِّمَا مَعَهُمۡ نَبَذَ فَرِيقٞ مِّنَ ٱلَّذِينَ أُوتُواْ ٱلۡكِتَٰبَ كِتَٰبَ ٱللَّهِ وَرَآءَ ظُهُورِهِمۡ كَأَنَّهُمۡ لَا يَعۡلَمُونَ
Ɛberε a Ɔsomafoͻ a ofiri Nyankopͻn hͻ a ͻrebεfoa deε εwͻ wͻn hͻ no soᴐ baa wͻn hͻ no, wͻn a yama wͻn Nyamesom ho Nwoma no mu fekuo bi too Nyankopͻn Nwoma no twenee wͻ wͻn akyi sεdeε wͻ’nnim.
Ang mga Tafsir na Arabe:
 
Salin ng mga Kahulugan Surah: Al-Baqarah
Indise ng mga Surah Numero ng Pahina
 
Salin ng mga Kahulugan ng Marangal na Qur'an - Salin sa Wikang Akan - Ashanti ni Harun Ismail - Indise ng mga Salin

Isinalin ito ni Shaykh Harun Ismail.

Isara