Check out the new design

Salin ng mga Kahulugan ng Marangal na Qur'an - Salin sa Wikang Akan - Ashanti ni Harun Ismail * - Indise ng mga Salin

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

Salin ng mga Kahulugan Surah: Al-Baqarah   Ayah:
إِنَّ فِي خَلۡقِ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِ وَٱخۡتِلَٰفِ ٱلَّيۡلِ وَٱلنَّهَارِ وَٱلۡفُلۡكِ ٱلَّتِي تَجۡرِي فِي ٱلۡبَحۡرِ بِمَا يَنفَعُ ٱلنَّاسَ وَمَآ أَنزَلَ ٱللَّهُ مِنَ ٱلسَّمَآءِ مِن مَّآءٖ فَأَحۡيَا بِهِ ٱلۡأَرۡضَ بَعۡدَ مَوۡتِهَا وَبَثَّ فِيهَا مِن كُلِّ دَآبَّةٖ وَتَصۡرِيفِ ٱلرِّيَٰحِ وَٱلسَّحَابِ ٱلۡمُسَخَّرِ بَيۡنَ ٱلسَّمَآءِ وَٱلۡأَرۡضِ لَأٓيَٰتٖ لِّقَوۡمٖ يَعۡقِلُونَ
Nokorε sε, ͻsoro ne asaase mmͻeε, ne adesaeε ne adekyeε a εbͻ abira, (adeεsa na adeε akye), ne nsuomu-hyεn a εde nneεma a nnipa nya ho mfasoͻ nam ͻpo soͻ, ne nsuo a Nyankopͻn siane firi soro de nyane asaase wͻ (asaase) wuo akyi, ne mmoadoma ahodoͻ a w’apete wͻ asaase soͻ, ne mframa a, edi adane-adane, ne mununkum a εberε neho ase wͻ ewiem ne asaase no ntεm no (nyinaa) yε nsεnkyerεnee dema nnipa a wͻ’dwen.
Ang mga Tafsir na Arabe:
وَمِنَ ٱلنَّاسِ مَن يَتَّخِذُ مِن دُونِ ٱللَّهِ أَندَادٗا يُحِبُّونَهُمۡ كَحُبِّ ٱللَّهِۖ وَٱلَّذِينَ ءَامَنُوٓاْ أَشَدُّ حُبّٗا لِّلَّهِۗ وَلَوۡ يَرَى ٱلَّذِينَ ظَلَمُوٓاْ إِذۡ يَرَوۡنَ ٱلۡعَذَابَ أَنَّ ٱلۡقُوَّةَ لِلَّهِ جَمِيعٗا وَأَنَّ ٱللَّهَ شَدِيدُ ٱلۡعَذَابِ
Nnipa no mu bi wᴐ hᴐ a w’afiri Nyankopͻn akyi afa nneεma bi detoto Nyame ho (som wͻn). Wͻ’de ᴐdͻ a εsεsε wͻ’de dͻ Nyankopͻn no dͻ wͻn. Wͻn a wͻ’agye adie no nso wͻ Nyankopͻn ho dͻ papaapa (kyεn biribiara). Sε abͻneεfoͻ no rehunu (sεdeε) εberε a wͻ’behunu asotwee no (besi ayε) a, anka (wͻ’behunu sε) tumi nyinaa wͻ Nyankopͻn; nokorε nso sε, Nyankopͻn asotwee ano yε den paa.
Ang mga Tafsir na Arabe:
إِذۡ تَبَرَّأَ ٱلَّذِينَ ٱتُّبِعُواْ مِنَ ٱلَّذِينَ ٱتَّبَعُواْ وَرَأَوُاْ ٱلۡعَذَابَ وَتَقَطَّعَتۡ بِهِمُ ٱلۡأَسۡبَابُ
Ɛberε a wͻ’behunu asotwe no (mpanimfoͻ bi a, nnipa bi) dii wͻn akyi (na wͻ’yera wͻn) no beyi wͻn a wͻ’dii wͻn akyi no ama (anaasε wͻ’bεtwe wͻn ho afri wͻn ho saa berε no) wͻn abusua bͻ (anaasε twaka a εda wͻn ntεm) no nyinaa to betwa.
Ang mga Tafsir na Arabe:
وَقَالَ ٱلَّذِينَ ٱتَّبَعُواْ لَوۡ أَنَّ لَنَا كَرَّةٗ فَنَتَبَرَّأَ مِنۡهُمۡ كَمَا تَبَرَّءُواْ مِنَّاۗ كَذَٰلِكَ يُرِيهِمُ ٱللَّهُ أَعۡمَٰلَهُمۡ حَسَرَٰتٍ عَلَيۡهِمۡۖ وَمَا هُم بِخَٰرِجِينَ مِنَ ٱلنَّارِ
Wͻn a wͻ’dii (mpanimfoͻ no) akyi no bεka sε: ‘’Sε yenya kwan bio asan (akͻ wiase a) anka yebeyi wͻn ama sεdeε wͻn ayi yεn ama (wͻ nnε da yi). Saa ara na Nyankopͻn beyi wͻn dwumadie ho berεguo akyerε wͻn, na wͻnnya kwan mfiri wͻ Ogya no mu.
Ang mga Tafsir na Arabe:
يَٰٓأَيُّهَا ٱلنَّاسُ كُلُواْ مِمَّا فِي ٱلۡأَرۡضِ حَلَٰلٗا طَيِّبٗا وَلَا تَتَّبِعُواْ خُطُوَٰتِ ٱلشَّيۡطَٰنِۚ إِنَّهُۥ لَكُمۡ عَدُوّٞ مُّبِينٌ
Adasamma, moni deε εwͻ asaase so a εkwan wͻ ho, na εyε (anaasε εho teε); na monhwε yie na moanni ͻbonsam anamͻn akyi, nokorε sε ͻyε motamfo a ͻda adi pefee.
Ang mga Tafsir na Arabe:
إِنَّمَا يَأۡمُرُكُم بِٱلسُّوٓءِ وَٱلۡفَحۡشَآءِ وَأَن تَقُولُواْ عَلَى ٱللَّهِ مَا لَا تَعۡلَمُونَ
Deε ͻrehyε mo (sε monyε) ne bͻne, ne (sɛ mobebu) ahohwi bra, ne sε mobεka (nsεm) a monnim ato Nyankopͻn soͻ.
Ang mga Tafsir na Arabe:
 
Salin ng mga Kahulugan Surah: Al-Baqarah
Indise ng mga Surah Numero ng Pahina
 
Salin ng mga Kahulugan ng Marangal na Qur'an - Salin sa Wikang Akan - Ashanti ni Harun Ismail - Indise ng mga Salin

Isinalin ito ni Shaykh Harun Ismail.

Isara