Check out the new design

Salin ng mga Kahulugan ng Marangal na Qur'an - Salin sa Wikang Akan - Ashanti ni Harun Ismail * - Indise ng mga Salin

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

Salin ng mga Kahulugan Surah: Al-Baqarah   Ayah:
وَقَالُواْ كُونُواْ هُودًا أَوۡ نَصَٰرَىٰ تَهۡتَدُواْۗ قُلۡ بَلۡ مِلَّةَ إِبۡرَٰهِـۧمَ حَنِيفٗاۖ وَمَا كَانَ مِنَ ٱلۡمُشۡرِكِينَ
Deԑ wͻ’ka ne sε: ’’Sε mopε sε monya tenenee a εneε monyε Yudafoɔ anaasε Kristofoɔ. (Nkͻmhyεni), ka sε: ”Daabi (εnte saa), (yedi) Abraham, ͻteneneeni no som no (akyi), na ɔnka abosomsomfoͻ no ho.
Ang mga Tafsir na Arabe:
قُولُوٓاْ ءَامَنَّا بِٱللَّهِ وَمَآ أُنزِلَ إِلَيۡنَا وَمَآ أُنزِلَ إِلَىٰٓ إِبۡرَٰهِـۧمَ وَإِسۡمَٰعِيلَ وَإِسۡحَٰقَ وَيَعۡقُوبَ وَٱلۡأَسۡبَاطِ وَمَآ أُوتِيَ مُوسَىٰ وَعِيسَىٰ وَمَآ أُوتِيَ ٱلنَّبِيُّونَ مِن رَّبِّهِمۡ لَا نُفَرِّقُ بَيۡنَ أَحَدٖ مِّنۡهُمۡ وَنَحۡنُ لَهُۥ مُسۡلِمُونَ
(Agyidiefoͻ), monka sε: “Yε’gye Nyankopͻn, ne deε yasiane ama yεn ne deε yesiane maa Abraham ne Ismail, ne Is’haaq, ne Ya’aquub ne wᴐn asefoᴐ no di, (yε’san nso gye) deε yεde maa Mose ne Yesu ne deε yεde maa nkͻmhyεfoͻ a wͻ’fri wͻn Wura Nyankopͻn hͻ no nyinaa di. Yεnyε wͻn mu nyiyimuu; na Nyankopͻn na yεbrε yεn ho ase ma no.
Ang mga Tafsir na Arabe:
فَإِنۡ ءَامَنُواْ بِمِثۡلِ مَآ ءَامَنتُم بِهِۦ فَقَدِ ٱهۡتَدَواْۖ وَّإِن تَوَلَّوۡاْ فَإِنَّمَا هُمۡ فِي شِقَاقٖۖ فَسَيَكۡفِيكَهُمُ ٱللَّهُۚ وَهُوَ ٱلسَّمِيعُ ٱلۡعَلِيمُ
Enti sε (Yudafoͻ no ne Kristofoͻ no) gye di sεdeε moagye adie no a, εneε na ampa sε wͻn wɔ kwan tenenee so, na mmom sε wͻ’dane wͻn akyi ma a, εneε na wͻn wɔ ɔkotia mu (anaa mpaapaamu) paa mu; nanso (Nkͻmhyεni), Nyankopͻn som bo ma wo sε Ͻbͻ woho ban fri wͻn (adwen bͻne mu), na Ɔne Otiefoͻ no, biribiara ho Nimdefoͻ no.
Ang mga Tafsir na Arabe:
صِبۡغَةَ ٱللَّهِ وَمَنۡ أَحۡسَنُ مِنَ ٱللَّهِ صِبۡغَةٗۖ وَنَحۡنُ لَهُۥ عَٰبِدُونَ
Nyankopͻn som no, hwan na ͻwͻ som pa kyεn Nyankopͻn? Ɔno na yεsom no.
Ang mga Tafsir na Arabe:
قُلۡ أَتُحَآجُّونَنَا فِي ٱللَّهِ وَهُوَ رَبُّنَا وَرَبُّكُمۡ وَلَنَآ أَعۡمَٰلُنَا وَلَكُمۡ أَعۡمَٰلُكُمۡ وَنَحۡنُ لَهُۥ مُخۡلِصُونَ
Ka sε: “Enti moregye yεn akyinnye wͻ Nyankopͻn ho aberε a Ɔne yεn Wura, εna Ɔno ara nso ne mo Wura? Yεn nyuma (ho akatua) wͻ yεn, εna monso mon’yuma (ho akatua) wͻ mo, na Nyankopͻn na yede yɛho ma no nokorɛ mu.
Ang mga Tafsir na Arabe:
أَمۡ تَقُولُونَ إِنَّ إِبۡرَٰهِـۧمَ وَإِسۡمَٰعِيلَ وَإِسۡحَٰقَ وَيَعۡقُوبَ وَٱلۡأَسۡبَاطَ كَانُواْ هُودًا أَوۡ نَصَٰرَىٰۗ قُلۡ ءَأَنتُمۡ أَعۡلَمُ أَمِ ٱللَّهُۗ وَمَنۡ أَظۡلَمُ مِمَّن كَتَمَ شَهَٰدَةً عِندَهُۥ مِنَ ٱللَّهِۗ وَمَا ٱللَّهُ بِغَٰفِلٍ عَمَّا تَعۡمَلُونَ
Anaa moka ampa sε, na Abraham ne Ismail ne Is’haaq ne Ya’aqub ne (wͻn) asefoͻ no yε Yudafoͻ anaasε Kristofoͻ? Ka sε: “Mona monim anaasε Nyankopͻn (na Onim}?” Nipa bͻneni bεn na ͻkyεn obi a ͻde adansedie a onim no wͻ Nyankopͻn hͻ no sie? Nyankopͻn deε Ommu n’ani nngu dwuma a modie no so.
Ang mga Tafsir na Arabe:
تِلۡكَ أُمَّةٞ قَدۡ خَلَتۡۖ لَهَا مَا كَسَبَتۡ وَلَكُم مَّا كَسَبۡتُمۡۖ وَلَا تُسۡـَٔلُونَ عَمَّا كَانُواْ يَعۡمَلُونَ
Woi nom (a yεbobͻͻ wͻn din yi) yε nnipa a wͻ’atwa mu kͻ, deε wͻ’nyaeε no yε wͻn dea, εna deε monso monyaeε yε monso modea. Na yemmisa mo deε na wͻ’yε no ho asεm.
Ang mga Tafsir na Arabe:
 
Salin ng mga Kahulugan Surah: Al-Baqarah
Indise ng mga Surah Numero ng Pahina
 
Salin ng mga Kahulugan ng Marangal na Qur'an - Salin sa Wikang Akan - Ashanti ni Harun Ismail - Indise ng mga Salin

Isinalin ito ni Shaykh Harun Ismail.

Isara