Check out the new design

የቅዱስ ቁርዓን ይዘት ትርጉም - የአካንኛ ትርጉም - የአሻንቲኛ - ሀሩን ኢስማዒል * - የትርጉሞች ማዉጫ

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

የይዘት ትርጉም ምዕራፍ: አል-በቀራህ   አንቀጽ:
أَوَلَا يَعۡلَمُونَ أَنَّ ٱللَّهَ يَعۡلَمُ مَا يُسِرُّونَ وَمَا يُعۡلِنُونَ
Anaa (Yufafoͻ yi) wͻ’nnim sε, nokorε sε Nyankopͻn Nim deε wͻ’de suma ne deε wͻ’da no adie (nyinaa)?
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَمِنۡهُمۡ أُمِّيُّونَ لَا يَعۡلَمُونَ ٱلۡكِتَٰبَ إِلَّآ أَمَانِيَّ وَإِنۡ هُمۡ إِلَّا يَظُنُّونَ
Wͻn mu (Yudafoͻ no) bi yε firatamfoͻ, wͻ’nnim Nwoma no (mu), na mmom apεdeε hunu (na wͻ’di akyire), na deε wͻn adwen kyerε wͻn na wͻ'yε.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
فَوَيۡلٞ لِّلَّذِينَ يَكۡتُبُونَ ٱلۡكِتَٰبَ بِأَيۡدِيهِمۡ ثُمَّ يَقُولُونَ هَٰذَا مِنۡ عِندِ ٱللَّهِ لِيَشۡتَرُواْ بِهِۦ ثَمَنٗا قَلِيلٗاۖ فَوَيۡلٞ لَّهُم مِّمَّا كَتَبَتۡ أَيۡدِيهِمۡ وَوَيۡلٞ لَّهُم مِّمَّا يَكۡسِبُونَ
Enti due nka wͻn a wͻ’de wͻn ara wͻn nsa twerε Nwoma no, na afei wͻ’ka sε: “Woi firi Nyankopͻn hͻ (abrε a εnte saa), sεdeε wͻ’bεtͻn wͻ sika kakra bi (a wͻ’benya no) ho nti. Due nka wͻn wͻ deε wͻ’de wͻn nsa atwerε no ho, due nsan nka wͻn bio wͻ deε wͻn nsa aka no ho.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَقَالُواْ لَن تَمَسَّنَا ٱلنَّارُ إِلَّآ أَيَّامٗا مَّعۡدُودَةٗۚ قُلۡ أَتَّخَذۡتُمۡ عِندَ ٱللَّهِ عَهۡدٗا فَلَن يُخۡلِفَ ٱللَّهُ عَهۡدَهُۥٓۖ أَمۡ تَقُولُونَ عَلَى ٱللَّهِ مَا لَا تَعۡلَمُونَ
Deε wͻ’ka ne sε: “Egya no nnka yεn (Yudafoͻ), gyesε nna kakra bi pε”. (Nkͻmhyεni), ka sε: “Moanya bͻhyε bi afiri Nyankopͻn hͻ (saa)?” (Sε Nyame ne mo ahyε bͻ bi saa deε a) εneε Nyankopͻn mmu Nebͻhyε so. Anaasε moka deε monnnim deto Nyankopͻn so?
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
بَلَىٰۚ مَن كَسَبَ سَيِّئَةٗ وَأَحَٰطَتۡ بِهِۦ خَطِيٓـَٔتُهُۥ فَأُوْلَٰٓئِكَ أَصۡحَٰبُ ٱلنَّارِۖ هُمۡ فِيهَا خَٰلِدُونَ
Daabi (εnte saa), obiara a ͻbenya (anaa obedi) bͻne ama nebͻne no atwa ne ho ahyia (anaa afa no domum) no, saa nkorͻfoͻ no ne Amanehunu gya no mu foͻ no, na emu na wͻ’bεtena afe bͻͻ.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ وَعَمِلُواْ ٱلصَّٰلِحَٰتِ أُوْلَٰٓئِكَ أَصۡحَٰبُ ٱلۡجَنَّةِۖ هُمۡ فِيهَا خَٰلِدُونَ
Wͻn a wͻ’agye adie na wͻ’di dwuma pa no nso, wͻn ne ͻsoro Ahemman no mu foͻ no, emu na wͻ’bεtena afe bͻͻ.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَإِذۡ أَخَذۡنَا مِيثَٰقَ بَنِيٓ إِسۡرَٰٓءِيلَ لَا تَعۡبُدُونَ إِلَّا ٱللَّهَ وَبِٱلۡوَٰلِدَيۡنِ إِحۡسَانٗا وَذِي ٱلۡقُرۡبَىٰ وَٱلۡيَتَٰمَىٰ وَٱلۡمَسَٰكِينِ وَقُولُواْ لِلنَّاسِ حُسۡنٗا وَأَقِيمُواْ ٱلصَّلَوٰةَ وَءَاتُواْ ٱلزَّكَوٰةَ ثُمَّ تَوَلَّيۡتُمۡ إِلَّا قَلِيلٗا مِّنكُمۡ وَأَنتُم مُّعۡرِضُونَ
Kae εberε a Yε’gyee Apam frii Israel mma no hͻ sε: “Monhwε na moansom (obiara) gyesε Nyankopͻn (nko ara). Na monyε ayεmyε ma (mo) awofoͻ ne abusua ne nyanka ne ahiafoͻ; na monka kasa pa nkyerε nnipa, na monfrε Nyame wͻ nebrε mu, na monyi Zaka”. Nanso modanee moakyi demaa (saa Apam no), gyesε momu kakraa bi (na wͻ’dii soͻ), na mo (mu dodoͻ no ara) twi faa so.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
 
የይዘት ትርጉም ምዕራፍ: አል-በቀራህ
የምዕራፎች ማውጫ የገፅ ቁጥር
 
የቅዱስ ቁርዓን ይዘት ትርጉም - የአካንኛ ትርጉም - የአሻንቲኛ - ሀሩን ኢስማዒል - የትርጉሞች ማዉጫ

ተርጓሚ ሸይኽ ሀሩን ኢስማዒል

መዝጋት