Check out the new design

የቅዱስ ቁርዓን ይዘት ትርጉም - የአካንኛ ትርጉም - የአሻንቲኛ - ሀሩን ኢስማዒል * - የትርጉሞች ማዉጫ

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

የይዘት ትርጉም ምዕራፍ: አል-በቀራህ   አንቀጽ:
وَإِذۡ يَرۡفَعُ إِبۡرَٰهِـۧمُ ٱلۡقَوَاعِدَ مِنَ ٱلۡبَيۡتِ وَإِسۡمَٰعِيلُ رَبَّنَا تَقَبَّلۡ مِنَّآۖ إِنَّكَ أَنتَ ٱلسَّمِيعُ ٱلۡعَلِيمُ
Kae εberε a Abraham ne Ismail repagya (Ka’aba) Fie no fapem no, (mpaeε a wͻ’bͻeԑ ne sε): “Ye’ Wura Nyankopͻn, tie yεn efrisε Wone Mpaebͻ Tiefoͻ, Wone Onimdefoͻ no.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
رَبَّنَا وَٱجۡعَلۡنَا مُسۡلِمَيۡنِ لَكَ وَمِن ذُرِّيَّتِنَآ أُمَّةٗ مُّسۡلِمَةٗ لَّكَ وَأَرِنَا مَنَاسِكَنَا وَتُبۡ عَلَيۡنَآۖ إِنَّكَ أَنتَ ٱلتَّوَّابُ ٱلرَّحِيمُ
Ye’Wura, (yε’san srε Wo sε), ma yεn mmienu nyε Muslimifoͻ mmerε yεn ho ase ma Wo, na yεn nkyiri mma no mu nso (yε wͻn) ͻman Muslimifoͻ a wͻ’bεbrε wͻn ho ase ama woͻ, na kyerε yεn yε’som ho mmra, na gye yεn adwen sakra. Nokorε sε, Wo na Wotie obia ͻsakra n’adwen, na Wo ne Mmͻborͻhunufoͻ Hene no.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
رَبَّنَا وَٱبۡعَثۡ فِيهِمۡ رَسُولٗا مِّنۡهُمۡ يَتۡلُواْ عَلَيۡهِمۡ ءَايَٰتِكَ وَيُعَلِّمُهُمُ ٱلۡكِتَٰبَ وَٱلۡحِكۡمَةَ وَيُزَكِّيهِمۡۖ إِنَّكَ أَنتَ ٱلۡعَزِيزُ ٱلۡحَكِيمُ
Ye’Wura, (yεsan srε Wo sε) yi Ɔsomafoͻ fri wͻn mu a, ͻbεkenkan Wo Nsεm no akyerε wͻn, na w’akyerε wͻn Nwoma no ne Nyansa no, na wate wͻn ho (afri abosomsom fii ne abrabͻ bͻne ho). Nokorε sε, Wo ne Otumfoͻ a Wotumi ade nyinaa yε, na Wone Nyansafoͻ no.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَمَن يَرۡغَبُ عَن مِّلَّةِ إِبۡرَٰهِـۧمَ إِلَّا مَن سَفِهَ نَفۡسَهُۥۚ وَلَقَدِ ٱصۡطَفَيۡنَٰهُ فِي ٱلدُّنۡيَاۖ وَإِنَّهُۥ فِي ٱلۡأٓخِرَةِ لَمِنَ ٱلصَّٰلِحِينَ
Hwan na ͻmpε Abraham som no, gyesε obi a wabu ne ho kwasea. Ampa sε, Y’eyii no sii hͻ wͻ wiase ha, na nokorε sε, Daakye no ͻka apapafoͻ no ho.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
إِذۡ قَالَ لَهُۥ رَبُّهُۥٓ أَسۡلِمۡۖ قَالَ أَسۡلَمۡتُ لِرَبِّ ٱلۡعَٰلَمِينَ
Ɛberε a ne Wura Nyankopͻn ka kyerεε no sε: “(Abraham) yε Muslim berε wo ho ase.“ Ɔkaa sε: “Mayε Muslim aberε me ho ase ama Abɔdeε nyinaa Wura no’’.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَوَصَّىٰ بِهَآ إِبۡرَٰهِـۧمُ بَنِيهِ وَيَعۡقُوبُ يَٰبَنِيَّ إِنَّ ٱللَّهَ ٱصۡطَفَىٰ لَكُمُ ٱلدِّينَ فَلَا تَمُوتُنَّ إِلَّا وَأَنتُم مُّسۡلِمُونَ
(Islam som) no ara na Abraham deyεε nsamanseε maa ne mma; Ya’aquub nso (saa ara, ͻkaa sε): ‘’Memma, Nyankopͻn ayi (Islam) som no de ama mo, enti monhwε na moanwu, gyesε moayε Muslimifoͻ (ansa).
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
أَمۡ كُنتُمۡ شُهَدَآءَ إِذۡ حَضَرَ يَعۡقُوبَ ٱلۡمَوۡتُ إِذۡ قَالَ لِبَنِيهِ مَا تَعۡبُدُونَ مِنۢ بَعۡدِيۖ قَالُواْ نَعۡبُدُ إِلَٰهَكَ وَإِلَٰهَ ءَابَآئِكَ إِبۡرَٰهِـۧمَ وَإِسۡمَٰعِيلَ وَإِسۡحَٰقَ إِلَٰهٗا وَٰحِدٗا وَنَحۡنُ لَهُۥ مُسۡلِمُونَ
(Yudafoͻ), ɛberε a owuo baa Yakobo soͻ no na mo wͻ hͻ anaa? Ԑberε a ͻka kyerεε ne mma sε; ‘’Ɛdeεn na mobεsom no wͻ m’akyi? Wͻ’kaa sε: ”Yεbεsom wo Nyankopͻn ne wa’gya Abraham ne Ismail ne Is’haaq Nyankopͻn baako no, na Ɔno na yεyε Islam brε yεn ho ase ma no.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
تِلۡكَ أُمَّةٞ قَدۡ خَلَتۡۖ لَهَا مَا كَسَبَتۡ وَلَكُم مَّا كَسَبۡتُمۡۖ وَلَا تُسۡـَٔلُونَ عَمَّا كَانُواْ يَعۡمَلُونَ
Woi nom yε amanfoͻ a, wͻ’atwa mu kͻ. Deε wͻ’nsa kaeε no yε wͻn dea, εna deε monso monsa bεka no yε mo dea; na yemmisa mo wͻ deε wͻ’yͻeε no ho asεm.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
 
የይዘት ትርጉም ምዕራፍ: አል-በቀራህ
የምዕራፎች ማውጫ የገፅ ቁጥር
 
የቅዱስ ቁርዓን ይዘት ትርጉም - የአካንኛ ትርጉም - የአሻንቲኛ - ሀሩን ኢስማዒል - የትርጉሞች ማዉጫ

ተርጓሚ ሸይኽ ሀሩን ኢስማዒል

መዝጋት