Check out the new design

የቅዱስ ቁርዓን ይዘት ትርጉም - የአካንኛ ትርጉም - የአሻንቲኛ - ሀሩን ኢስማዒል * - የትርጉሞች ማዉጫ

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

የይዘት ትርጉም ምዕራፍ: አል-በቀራህ   አንቀጽ:
وَلَا تَقُولُواْ لِمَن يُقۡتَلُ فِي سَبِيلِ ٱللَّهِ أَمۡوَٰتُۢۚ بَلۡ أَحۡيَآءٞ وَلَٰكِن لَّا تَشۡعُرُونَ
Monhwε na moanka amfa wͻn a yaku wͻn wͻ Nyankopͻn kwan soͻ no ho sε: “Wͻn awu”. Daabi, wͻn wͻ nkwa mu, nanso monnhu nti.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَلَنَبۡلُوَنَّكُم بِشَيۡءٖ مِّنَ ٱلۡخَوۡفِ وَٱلۡجُوعِ وَنَقۡصٖ مِّنَ ٱلۡأَمۡوَٰلِ وَٱلۡأَنفُسِ وَٱلثَّمَرَٰتِۗ وَبَشِّرِ ٱلصَّٰبِرِينَ
Ampa sε, Yεde biribi a εyε huu, ne ͻkͻm, ne agyapadeε ne nkwa (hwereε) ne nnuaba (sεeε) bεyε mo nsͻhwε. Na fa anigyesεm no hyε aboterεfoͻ no bͻ;
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
ٱلَّذِينَ إِذَآ أَصَٰبَتۡهُم مُّصِيبَةٞ قَالُوٓاْ إِنَّا لِلَّهِ وَإِنَّآ إِلَيۡهِ رَٰجِعُونَ
Wͻn a sε mmusuo bi to wͻn a deε wͻ’ka ne sε: “Yε’yε Nyankopͻn dea, na Nehͻ na yεbεsan akͻ ”
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
أُوْلَٰٓئِكَ عَلَيۡهِمۡ صَلَوَٰتٞ مِّن رَّبِّهِمۡ وَرَحۡمَةٞۖ وَأُوْلَٰٓئِكَ هُمُ ٱلۡمُهۡتَدُونَ
Saa nkorͻfoͻ no na nhyira ne ahummͻborͻ a efiri wͻn Wura (Nyankopͻn) hͻ no wͻ wͻn soɔ, na saa nkorͻfoͻ no ne ateneneefoͻ no.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
۞ إِنَّ ٱلصَّفَا وَٱلۡمَرۡوَةَ مِن شَعَآئِرِ ٱللَّهِۖ فَمَنۡ حَجَّ ٱلۡبَيۡتَ أَوِ ٱعۡتَمَرَ فَلَا جُنَاحَ عَلَيۡهِ أَن يَطَّوَّفَ بِهِمَاۚ وَمَن تَطَوَّعَ خَيۡرٗا فَإِنَّ ٱللَّهَ شَاكِرٌ عَلِيمٌ
Nokorε sε, Safa ne Marwa ka Nyankopͻn nsεnkyerεnee no ho, enti obi a ͻbεyε (Ka’aba) Fie no ho Haji, anaa ɔbεkͻ hͻ akɔyɛ Umura no, bɔne biara nni ne so sε ɔbetwa ne mmienu no ho ahyia. Na obi a, ɔbefiri ɔno ara ne pε mu ayε papa bi no, nokorε sε Nyankopͻn na Oyi ayε, na Ɔne Onimdefoɔ.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
إِنَّ ٱلَّذِينَ يَكۡتُمُونَ مَآ أَنزَلۡنَا مِنَ ٱلۡبَيِّنَٰتِ وَٱلۡهُدَىٰ مِنۢ بَعۡدِ مَا بَيَّنَّٰهُ لِلنَّاسِ فِي ٱلۡكِتَٰبِ أُوْلَٰٓئِكَ يَلۡعَنُهُمُ ٱللَّهُ وَيَلۡعَنُهُمُ ٱللَّٰعِنُونَ
Nokorε sε, wͻn a wͻ’de adeε a Y’asiane aba a εyε nyinasoͻ pefee ne kwankyerε no sie wͻ akyire yi a Y’ada no adi akyerε nnipa wͻ Nwoma no mu no, saa nkorͻfoͻ no na Nyankopͻn nnomee ne obiara a ͻdome no nnomee wͻ wͻn soͻ.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
إِلَّا ٱلَّذِينَ تَابُواْ وَأَصۡلَحُواْ وَبَيَّنُواْ فَأُوْلَٰٓئِكَ أَتُوبُ عَلَيۡهِمۡ وَأَنَا ٱلتَّوَّابُ ٱلرَّحِيمُ
Gyesε wͻn a wͻ’sakra wͻn adwen na wͻ’toto ntotoeε pa, na wͻ’da (Nsεm no) adi (kyerε amanfoͻ), saa nkorͻfoͻ no deε Metie wͻn adwen sakra no (efrisε) Me na Metie obi a ͻsakra n’adwen no adwen sakra, (na Mene) Mmͻborͻhunufoͻ Hene no.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
إِنَّ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ وَمَاتُواْ وَهُمۡ كُفَّارٌ أُوْلَٰٓئِكَ عَلَيۡهِمۡ لَعۡنَةُ ٱللَّهِ وَٱلۡمَلَٰٓئِكَةِ وَٱلنَّاسِ أَجۡمَعِينَ
Nokorε sε wͻn a wͻ’po nokorε no, na wͻ’wu wͻ (Kaafir) boniayε mu no, saa nkorͻfoͻ no na Nyankopͻn ne Soro abͻfoͻ ne nnipa nyinaa nnomee wͻ wͻn soͻ.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
خَٰلِدِينَ فِيهَا لَا يُخَفَّفُ عَنۡهُمُ ٱلۡعَذَابُ وَلَا هُمۡ يُنظَرُونَ
Emu na wͻ’bεtena, na asotwee no mu nnyε mmerε mma wͻn koraa, na yεmma wͻn (ahomegye) berε nso.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَإِلَٰهُكُمۡ إِلَٰهٞ وَٰحِدٞۖ لَّآ إِلَٰهَ إِلَّا هُوَ ٱلرَّحۡمَٰنُ ٱلرَّحِيمُ
Mo Awurade Nyankopͻn no Ɔyε Awurade baako, Awurade (foforͻ) biara nni hͻ gyesε Ɔno nko ara. Ɔne Ahummͻborͻ Hene no, Ɔdεεfoͻ Hene no.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
 
የይዘት ትርጉም ምዕራፍ: አል-በቀራህ
የምዕራፎች ማውጫ የገፅ ቁጥር
 
የቅዱስ ቁርዓን ይዘት ትርጉም - የአካንኛ ትርጉም - የአሻንቲኛ - ሀሩን ኢስማዒል - የትርጉሞች ማዉጫ

ተርጓሚ ሸይኽ ሀሩን ኢስማዒል

መዝጋት