Check out the new design

የቅዱስ ቁርዓን ይዘት ትርጉም - የአካንኛ ትርጉም - የአሻንቲኛ - ሀሩን ኢስማዒል * - የትርጉሞች ማዉጫ

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

የይዘት ትርጉም ምዕራፍ: አል-በቀራህ   አንቀጽ:
وَلَن تَرۡضَىٰ عَنكَ ٱلۡيَهُودُ وَلَا ٱلنَّصَٰرَىٰ حَتَّىٰ تَتَّبِعَ مِلَّتَهُمۡۗ قُلۡ إِنَّ هُدَى ٱللَّهِ هُوَ ٱلۡهُدَىٰۗ وَلَئِنِ ٱتَّبَعۡتَ أَهۡوَآءَهُم بَعۡدَ ٱلَّذِي جَآءَكَ مِنَ ٱلۡعِلۡمِ مَا لَكَ مِنَ ٱللَّهِ مِن وَلِيّٖ وَلَا نَصِيرٍ
(Nkͻmhyεni), Yudafoͻ no ne Kristofoͻ no nnye wo nto mu (da), gyesε wodi wͻn som no akyi. Ka sε: “Nyankopͻn kwankyerε no ne ͻkwan tenenee no. Sε wodi wͻn apεdeε akyi wͻ akyire yi a nimdeε aba wo hͻ yi a, εneε wonnya okyitaafoͻ anaa ɔboafoͻ biara a ɔbεboa wo (ako atia) Nyankopͻn.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
ٱلَّذِينَ ءَاتَيۡنَٰهُمُ ٱلۡكِتَٰبَ يَتۡلُونَهُۥ حَقَّ تِلَاوَتِهِۦٓ أُوْلَٰٓئِكَ يُؤۡمِنُونَ بِهِۦۗ وَمَن يَكۡفُرۡ بِهِۦ فَأُوْلَٰٓئِكَ هُمُ ٱلۡخَٰسِرُونَ
Wͻn a Y’ama wͻn Nwoma no a wᴐ’kenkan no kenkan paa (anaasε wͻ’di emu mmra no so paa wͻ) nokorε mu sεdeε εfata sε yedisoͻ no, saa nkorͻfoͻ no na wͻ’gye die. Na wͻn a wͻ’poͻ no wͻ’ne berεguofoͻ no.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
يَٰبَنِيٓ إِسۡرَٰٓءِيلَ ٱذۡكُرُواْ نِعۡمَتِيَ ٱلَّتِيٓ أَنۡعَمۡتُ عَلَيۡكُمۡ وَأَنِّي فَضَّلۡتُكُمۡ عَلَى ٱلۡعَٰلَمِينَ
Israel mma, monkae M’adom a Mede adom mo, nokorε sε, Mehyεε mo animuonyam kyεn amansan no nyinaa.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَٱتَّقُواْ يَوۡمٗا لَّا تَجۡزِي نَفۡسٌ عَن نَّفۡسٖ شَيۡـٔٗا وَلَا يُقۡبَلُ مِنۡهَا عَدۡلٞ وَلَا تَنفَعُهَا شَفَٰعَةٞ وَلَا هُمۡ يُنصَرُونَ
Na monsuro Ɛda no a, ͻkra bi ho nni mfasoͻ wͻ hwee ho dema ͻkra bi, na yεnnye mpata wͻ mu, na ntwitwagyeε ho mma mfasoͻ mma no, na obiara mmoa wͻn no.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
۞ وَإِذِ ٱبۡتَلَىٰٓ إِبۡرَٰهِـۧمَ رَبُّهُۥ بِكَلِمَٰتٖ فَأَتَمَّهُنَّۖ قَالَ إِنِّي جَاعِلُكَ لِلنَّاسِ إِمَامٗاۖ قَالَ وَمِن ذُرِّيَّتِيۖ قَالَ لَا يَنَالُ عَهۡدِي ٱلظَّٰلِمِينَ
Kae εberε a Abraham Wura (Nyankopͻn) de nsεm bi sɔɔ no hwεeε na odii ne nyinaa soɔ, Nyankopͻn kaa sε: “Mereyε wo nnipa nyinaa (Imam) kandifoͻ”. Abraham kaa sε: “M’asefoͻ no mu nso (Imam foͻ befri wͻn mu?)” Nyankopͻn kaa sε: “Abͻneεfoͻ no nka Me bͻhyεε ho”.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَإِذۡ جَعَلۡنَا ٱلۡبَيۡتَ مَثَابَةٗ لِّلنَّاسِ وَأَمۡنٗا وَٱتَّخِذُواْ مِن مَّقَامِ إِبۡرَٰهِـۧمَ مُصَلّٗىۖ وَعَهِدۡنَآ إِلَىٰٓ إِبۡرَٰهِـۧمَ وَإِسۡمَٰعِيلَ أَن طَهِّرَا بَيۡتِيَ لِلطَّآئِفِينَ وَٱلۡعَٰكِفِينَ وَٱلرُّكَّعِ ٱلسُّجُودِ
Kae berԑ a Yε’yεε (Ka’aba) Fie no hyia bea ne abodweԑ bea demaa adasamma. Enti monfa Abraham gyinabea hͻ nyε mpaebͻ bea. Yε’ne Abraham ne Ismail yεε Apam sε: “Monte Me Fie no ho ma wͻn a wͻ’ba hͻ nsrahwε betwa ho hyia, ne wͻn a wͻ’te hͻ, ne wͻn a wͻ’bͻ wͻn mu aseε ne wͻn a wͻ’de wͻn anim butu fͻm (dema Nyankopͻn) no.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَإِذۡ قَالَ إِبۡرَٰهِـۧمُ رَبِّ ٱجۡعَلۡ هَٰذَا بَلَدًا ءَامِنٗا وَٱرۡزُقۡ أَهۡلَهُۥ مِنَ ٱلثَّمَرَٰتِ مَنۡ ءَامَنَ مِنۡهُم بِٱللَّهِ وَٱلۡيَوۡمِ ٱلۡأٓخِرِۚ قَالَ وَمَن كَفَرَ فَأُمَتِّعُهُۥ قَلِيلٗا ثُمَّ أَضۡطَرُّهُۥٓ إِلَىٰ عَذَابِ ٱلنَّارِۖ وَبِئۡسَ ٱلۡمَصِيرُ
Kae εberε a Abraham kaa sε: “Me Wura Nyankopͻn, (mesrε wo sε), ma saa (Maka) kuro yi nyε abodweε (kuro), na fa nnuaba no bi bͻ emufoͻ no akͻnhoma, {titiriw} wͻn mu wͻn a wͻ’agye Nyankopͻn ne Da a edi akyire no adie no. Nyankopͻn kaa sε: “Obiara a obeyi boniayε no, Mεma no kwan ama no agye n’ani kakra, na afei M’aka no so de no akͻ Amanehunu gya no mu. Na εhͻ yε nnkyi bͻne paa.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
 
የይዘት ትርጉም ምዕራፍ: አል-በቀራህ
የምዕራፎች ማውጫ የገፅ ቁጥር
 
የቅዱስ ቁርዓን ይዘት ትርጉም - የአካንኛ ትርጉም - የአሻንቲኛ - ሀሩን ኢስማዒል - የትርጉሞች ማዉጫ

ተርጓሚ ሸይኽ ሀሩን ኢስማዒል

መዝጋት