Check out the new design

የቅዱስ ቁርዓን ይዘት ትርጉም - የአካንኛ ትርጉም - የአሻንቲኛ - ሀሩን ኢስማዒል * - የትርጉሞች ማዉጫ

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

የይዘት ትርጉም ምዕራፍ: አል-በቀራህ   አንቀጽ:
وَإِذۡ قُلۡنَا ٱدۡخُلُواْ هَٰذِهِ ٱلۡقَرۡيَةَ فَكُلُواْ مِنۡهَا حَيۡثُ شِئۡتُمۡ رَغَدٗا وَٱدۡخُلُواْ ٱلۡبَابَ سُجَّدٗا وَقُولُواْ حِطَّةٞ نَّغۡفِرۡ لَكُمۡ خَطَٰيَٰكُمۡۚ وَسَنَزِيدُ ٱلۡمُحۡسِنِينَ
Monkae εberε a, Yε’kaa sε: ”Mo nwura saa kuro yi mu, na moni deε abu so wͻ mu no bi sεdeε mopε, na monfa ahobraseε nwura (kuro no) pono no mu, na monka sε: “(Awurade) fafri (yεn)”. Yε’de mo mfomsoͻ bεkyε mo, na Yε’de (akatua pa no) bi bεsan aka apapafoͻ no ho.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
فَبَدَّلَ ٱلَّذِينَ ظَلَمُواْ قَوۡلًا غَيۡرَ ٱلَّذِي قِيلَ لَهُمۡ فَأَنزَلۡنَا عَلَى ٱلَّذِينَ ظَلَمُواْ رِجۡزٗا مِّنَ ٱلسَّمَآءِ بِمَا كَانُواْ يَفۡسُقُونَ
Nanso wͻn a, wͻ’dii bͻne no sesaa asεm no a yε’ka kyerεε wͻn no kͻfaa foforͻ. Enti Y’esianee ͻyare dͻm asotwee (anaa ͻhaw ahodoͻ) fri soro baa wͻn a wͻ’dii bͻne no so εnam bͻne a na wͻ’die no ho nti.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
۞ وَإِذِ ٱسۡتَسۡقَىٰ مُوسَىٰ لِقَوۡمِهِۦ فَقُلۡنَا ٱضۡرِب بِّعَصَاكَ ٱلۡحَجَرَۖ فَٱنفَجَرَتۡ مِنۡهُ ٱثۡنَتَا عَشۡرَةَ عَيۡنٗاۖ قَدۡ عَلِمَ كُلُّ أُنَاسٖ مَّشۡرَبَهُمۡۖ كُلُواْ وَٱشۡرَبُواْ مِن رِّزۡقِ ٱللَّهِ وَلَا تَعۡثَوۡاْ فِي ٱلۡأَرۡضِ مُفۡسِدِينَ
Na kae εberε a, Mose bͻͻ mpaeε srεε nsuo maa nenkorɔfoɔ. Yε’kaa sε: “Fa wo poma no bͻ ͻbotan no mu”. Nsuo aniwa du mmienu pue fri mu. Abusua koro biara hunuu wͻn anomoeε. (Yε’ka kyerεε wɔn) sε: “Monidi na monom wͻ Nyankopͻn akͻnhoma no mu, na monhwε na moanni nsεmmͻnee wͻ asaase no so”.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَإِذۡ قُلۡتُمۡ يَٰمُوسَىٰ لَن نَّصۡبِرَ عَلَىٰ طَعَامٖ وَٰحِدٖ فَٱدۡعُ لَنَا رَبَّكَ يُخۡرِجۡ لَنَا مِمَّا تُنۢبِتُ ٱلۡأَرۡضُ مِنۢ بَقۡلِهَا وَقِثَّآئِهَا وَفُومِهَا وَعَدَسِهَا وَبَصَلِهَاۖ قَالَ أَتَسۡتَبۡدِلُونَ ٱلَّذِي هُوَ أَدۡنَىٰ بِٱلَّذِي هُوَ خَيۡرٌۚ ٱهۡبِطُواْ مِصۡرٗا فَإِنَّ لَكُم مَّا سَأَلۡتُمۡۗ وَضُرِبَتۡ عَلَيۡهِمُ ٱلذِّلَّةُ وَٱلۡمَسۡكَنَةُ وَبَآءُو بِغَضَبٖ مِّنَ ٱللَّهِۚ ذَٰلِكَ بِأَنَّهُمۡ كَانُواْ يَكۡفُرُونَ بِـَٔايَٰتِ ٱللَّهِ وَيَقۡتُلُونَ ٱلنَّبِيِّـۧنَ بِغَيۡرِ ٱلۡحَقِّۚ ذَٰلِكَ بِمَا عَصَواْ وَّكَانُواْ يَعۡتَدُونَ
Na monkae εberε a mokaa sε: “Mose, yentumi nnya aboterε wͻ aduane korͻ ho, enti srε wo Wura Nyankopͻn ma yεn na Ɔma asaase no mu nnͻbaeε a, εyε emu nhahan, ne emu εferε, ne emu aburoo, ayuo ne atokoͻ, ne emu asedua, ne emu aborͻfo gyeene, ne emu gyeene pa no bi mpuepue ma yεn. (Mose) kaa sε. “Mode deε εyε no resesa deε εnyε? Monsiane nkͻ kuro mu, na monsa bεka deε morebisa no”. Animguaseε ne ohia ne ͻhaw too wͻn, na wͻ’twee Nyankopɔn abufuo (baa wͻn ho so). Deε εmaa no baa saa ne sε, nokorε, na wͻ’po Onyankopɔn Nsεm, san kunkum nkͻmhyεfoɔ no wɔ aberε a εnyε ne kwan soɔ, deε εmaa no baa saa nesε wͻ’tee atua, na wͻ’too mmra.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
 
የይዘት ትርጉም ምዕራፍ: አል-በቀራህ
የምዕራፎች ማውጫ የገፅ ቁጥር
 
የቅዱስ ቁርዓን ይዘት ትርጉም - የአካንኛ ትርጉም - የአሻንቲኛ - ሀሩን ኢስማዒል - የትርጉሞች ማዉጫ

ተርጓሚ ሸይኽ ሀሩን ኢስማዒል

መዝጋት