Check out the new design

የቅዱስ ቁርዓን ይዘት ትርጉም - የአካንኛ ትርጉም - የአሻንቲኛ - ሀሩን ኢስማዒል * - የትርጉሞች ማዉጫ

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

የይዘት ትርጉም ምዕራፍ: አል-በቀራህ   አንቀጽ:
وَإِذۡ قَالَ إِبۡرَٰهِـۧمُ رَبِّ أَرِنِي كَيۡفَ تُحۡيِ ٱلۡمَوۡتَىٰۖ قَالَ أَوَلَمۡ تُؤۡمِنۖ قَالَ بَلَىٰ وَلَٰكِن لِّيَطۡمَئِنَّ قَلۡبِيۖ قَالَ فَخُذۡ أَرۡبَعَةٗ مِّنَ ٱلطَّيۡرِ فَصُرۡهُنَّ إِلَيۡكَ ثُمَّ ٱجۡعَلۡ عَلَىٰ كُلِّ جَبَلٖ مِّنۡهُنَّ جُزۡءٗا ثُمَّ ٱدۡعُهُنَّ يَأۡتِينَكَ سَعۡيٗاۚ وَٱعۡلَمۡ أَنَّ ٱللَّهَ عَزِيزٌ حَكِيمٞ
Kae εberε a Abraham kaa sε: “Me Wura Nyankopͻn, kyerε me sεdeε wosi nyane awufoͻ ba nkwa mu”. Nyankopͻn kaa sε: “Wonnye nni anaa?” Abraham kaa sε: “Ɛnyε saa, na mmom sεdeε m’akoma bεtͻ meyεm nti”. Nyankopͻn kaa sε: “Ɛneε fa nnomaa nnan na yεn wͻn ma wͻ’nhu wo yie (na twitwa wͻn asin-asin) na fa wͻn asin-asin no kͻ bepͻ sononko biara so, na afei frε wͻn, wͻ’de ntεmpε na εbεba wo hͻ, na w’ahunu sε, nokorε Nyankopͻn ne Otumfoͻ a Otumi ade nyinaa yε, Ɔne Onyansafoͻ.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
مَّثَلُ ٱلَّذِينَ يُنفِقُونَ أَمۡوَٰلَهُمۡ فِي سَبِيلِ ٱللَّهِ كَمَثَلِ حَبَّةٍ أَنۢبَتَتۡ سَبۡعَ سَنَابِلَ فِي كُلِّ سُنۢبُلَةٖ مِّاْئَةُ حَبَّةٖۗ وَٱللَّهُ يُضَٰعِفُ لِمَن يَشَآءُۚ وَٱللَّهُ وَٰسِعٌ عَلِيمٌ
Wͻn a wͻ’yi wͻn sika wͻ Nyankopͻn kwan soͻ no, mfatoho tesε aburoo aba fua (a y’adua ama no abͻ) mmεtem nson, na bεtem fua biara nso aba ͻha na εwͻ hoo. Nyankopͻn deε Ɔde bͻho mmͻhoo-mmͻhoo ma obi a Ɔpε. Nyankopͻn deε N’adom trε, na Ɔne Onimdefoͻ.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
ٱلَّذِينَ يُنفِقُونَ أَمۡوَٰلَهُمۡ فِي سَبِيلِ ٱللَّهِ ثُمَّ لَا يُتۡبِعُونَ مَآ أَنفَقُواْ مَنّٗا وَلَآ أَذٗى لَّهُمۡ أَجۡرُهُمۡ عِندَ رَبِّهِمۡ وَلَا خَوۡفٌ عَلَيۡهِمۡ وَلَا هُمۡ يَحۡزَنُونَ
Wͻn a wͻ’yi wͻn sika dema wͻ Nyankopͻn kwan soͻ na wͻ’mmfa deε wͻ’de maaeε no nkae anumuu anaa (wͻmfa) ͻhaw nni akyire no, wͻn wͻ akatua wͻ wͻn Wura Nyankopͻn hͻ; ehuu mmͻ wͻn na wͻn werε nso nnho (wͻ Atemmuda).
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
۞ قَوۡلٞ مَّعۡرُوفٞ وَمَغۡفِرَةٌ خَيۡرٞ مِّن صَدَقَةٖ يَتۡبَعُهَآ أَذٗىۗ وَٱللَّهُ غَنِيٌّ حَلِيمٞ
Kasa pa ne bͻnefakyε yε kyεn adͻeε a ͻhaw di akyire. Nyankopͻn deε Ɔne Otumfoͻ a Ɔde Neho na Wanya Neho a Onhia obiara biribiara, Ɔne Ntoboaseε Hene.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
يَٰٓأَيُّهَا ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ لَا تُبۡطِلُواْ صَدَقَٰتِكُم بِٱلۡمَنِّ وَٱلۡأَذَىٰ كَٱلَّذِي يُنفِقُ مَالَهُۥ رِئَآءَ ٱلنَّاسِ وَلَا يُؤۡمِنُ بِٱللَّهِ وَٱلۡيَوۡمِ ٱلۡأٓخِرِۖ فَمَثَلُهُۥ كَمَثَلِ صَفۡوَانٍ عَلَيۡهِ تُرَابٞ فَأَصَابَهُۥ وَابِلٞ فَتَرَكَهُۥ صَلۡدٗاۖ لَّا يَقۡدِرُونَ عَلَىٰ شَيۡءٖ مِّمَّا كَسَبُواْۗ وَٱللَّهُ لَا يَهۡدِي ٱلۡقَوۡمَ ٱلۡكَٰفِرِينَ
Mo a moagye adie, monhwε na moanfa anum kaeε ne ͻhaw ansεe moadͻeε (na moankͻyε) tesε obi a oyi n’agyapadeε dema sεdeε nnipa behunu, na mmom ͻnnye Nyankopͻn ne Da a edi akyire no nnie no. (Saa nnipa no) mfatoho tesε ͻbotan bi a εso kokwakokwa a nεteε kata soͻ, εna nsu kεseε bi tͻ guu soͻ, enti εmaa (ͻbotan) no so bεdaa hͻ kwatrekwa; wͻn annya hwee wͻ dwuma a wͻ’diiε no mu. Onyankopͻn deε Ɔntene nnipa boniayεfoͻ no.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
 
የይዘት ትርጉም ምዕራፍ: አል-በቀራህ
የምዕራፎች ማውጫ የገፅ ቁጥር
 
የቅዱስ ቁርዓን ይዘት ትርጉም - የአካንኛ ትርጉም - የአሻንቲኛ - ሀሩን ኢስማዒል - የትርጉሞች ማዉጫ

ተርጓሚ ሸይኽ ሀሩን ኢስማዒል

መዝጋት